Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm

Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm

Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Dwuma bɛn na Onyankopɔn Ahenni no di? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ ɛmmra?

Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so hene.

Luka 1:31-33: “Ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ kɛse na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba; na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.”

Ahenni no ne ade titiriw a Yesu kaa ho asɛm.

Mateo 9:35: “Yesu kokyinkyin nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa bi.”

Yesu maa n’asuafo no huu nneɛma bi a sɛ esisi a, na ɛbɛma wɔahu sɛ Ahenni no abɛn.

Mateo 24:7: “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.”

Ɛnnɛ, Yesu asuafo reka Ahenni no ho asɛm wɔ asase so baabiara.

Mateo 24:14: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”