Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Nokware No?

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Nokware No?

Sɛ yehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu a, ebetumi agye yɛn nkwa. Wo de, ma yɛmfa asɛmmisa bi nyɛ wei ho nhwɛso. Ɛne sɛ, Ɔkwan bɛn na nsanyare fa so trɛw ka afoforo? Hwɛ mfaso a saa asɛmmisa yi ho mmuae de abrɛ yɛn.

Mfe mpempem pii twaam a na obiara nnim saa asɛmmisa no ho mmuae ankasa. Wei nti, nsanyare kunkum nnipa ɔpepem pii. Awiei koraa no, nyansahufo huu nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Wobehui sɛ, mpɛn pii no, mmoawammoawa bi na ɛde nsanyare ba. Saa nokwasɛm baako a wohui yi aboa ama nnipa atumi asiw nsanyare pii ano, na wɔanya pii nso ano aduru. Wei ama nnipa ɔpepepem pii anya apɔwmuden, na wotumi nyin kyɛ.

Nsɛmmisa foforo nso wɔ hɔ a ɛho hia. Ɛno nso, sɛ wunya ho mmuae a, ɛbɛboa wo sɛn? Wo de, hwɛ nsɛmmisa a edidi so yi:

  • Hena ne Onyankopɔn?

  • Hena ne Yesu Kristo?

  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

  • Dɛn na ebesi daakye?

Nnipa ɔpepem pii anya saa nsɛmmisa yi ho mmuae, na aboa ama wɔn asetena atu mpɔn. Wo nso, sɛ wuhu mmuae no a, ɛbɛboa wo paa.

WUBETUMI AHU NOKWARE A ƐWƆ ASƐM BI MU?

Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Seesei a nokware nni baabiara yi, ebetumi ayɛ yiye sɛ yebehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu anaa?’ Ɛte sɛ nea ade rekye a ade resa nyinaa no, yɛ ara na ɛreyɛ den sɛ yebehu nokwasɛm a ɛwɔ nneɛma pii mu. Adɛn ntia?

Nsɛm a aban ahorow, nnwumakuw, anaa nsɛm ho amanneɛbɔfo ka no, ɛyɛ a nnipa pii nnye nni sɛ ɛyɛ nokware. Sɛ obi ka asɛm bi a, ɛyɛ a nkurɔfo ntumi nhu sɛ nokwasɛm na onii no reka, anaa ɔno ankasa na ɔrekyerɛ n’adwene. Ɛtɔ da nso a wontumi nhu sɛ nokwasɛm bi na onii no akyinkyim no, anaa mpo ebia ɔredi atoro. Nkurɔfo nnye afoforo nni, na nsɛm a nkurɔfo keka no, emu pii yɛ atoro. Enti ɛyɛ a nkurɔfo ntumi nhu asɛm a ɛsɛ sɛ wogye di ne nea ɛnsɛ sɛ wogye di. Afei nso, wobɛhwɛ na ɛsono sɛnea obiara te asɛm no ase.

Nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, wubetumi anya asetenam nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuae a ɛyɛ nokware. Wobɛyɛ no sɛn? Ɔkwan a wofa so hwehwɛ nsɛmmisa ahorow ho mmuae da biara da no, saa kwan no ara na ɛsɛ sɛ wofa so hwehwɛ nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuae.

SƐNEA WOHWEHWƐ NOKWARE A ƐWƆ ASƐM BI MU

Yebetumi aka sɛ da biara da, wohwehwɛ nsɛm mu hwɛ nokware a ɛwom. Yɛnhwɛ Jessica asɛm yi. Ɔkaa sɛ, “Sɛ me babea no di aduan bi a nkate wom a, ɛhaw no paa. Sɛ nkate ho biribi ketewaa bi mpo kɔ ne mu a, ebetumi adi no awu.” Aduan biara a Jessica bɛtɔ ama ne babea no, ɔhwɛ sɛ nkate ho biribiara nnim. Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ, “Midi kan hwɛ nneɛma a wɔde yɛɛ aduan no. Enti mekenkan nea wɔakyerɛw agu krataa a wɔde afam ho no so. Afei nso, meyɛ ho nhwehwɛmu kɔ akyiri. Ɛtɔ da na sɛ wɔreyɛ nnuan ho adwuma a, wobɛhwɛ na nkate ho biribi akɔfra mu. Enti mitumi frɛ adwumakuw a wɔyɛɛ aduan no bisa wɔn sɛ nkate ho biribi nkɔfraa mu anaa. Mesan yɛ nhwehwɛmu wɔ mmeae ahorow a edi mũ hwɛ sɛ, nea adwumakuw a wɔyɛɛ aduan no reka no yɛ nokware anaa.”

Ebia wo de, nneɛma a da biara da wohwehwɛ ho mmuae no, ɛnyɛ owu ne nkwa asɛm te sɛ Jessica de no. Nanso ɛda adi sɛ, sɛ worepɛ asɛmmisa bi ho mmuae a, ɔkwan a edi hɔ yi na wofa so hwehwɛ mmuae no:

  • Wohwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu.

  • Woyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri.

  • Wohwɛ sɛ baabi a woyɛ wo nhwehwɛmu no di mũ.

Wubetumi afa saa kwan yi ara so ahwehwɛ asetenam nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuae. Wobɛyɛ no sɛn?

NHOMA SORONKO A EMU NSƐM YƐ NOKWARE

Ɔkwan a Jesicca fa so yɛ aduan a ɛne ne babea no ho nnye ho nhwehwɛmu no, saa kwan no ara na ɔfaa so hwehwɛɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no. Ɔkaa sɛ, “Metɔɔ me bo ase kenkan Bible, na meyeree me ho yɛɛ nhwehwɛmu. Ɛno na ɛboaa me ma mihuu nokware a ɛwɔ Bible mu no.” Nnipa ɔpepem pii a Jessica ka ho ahu nea Bible aka afa nsɛmmisa a edi hɔ yi ho:

  • Adɛn nti na yɛwɔ wiase?

  • Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?

  • Adɛn nti na yehu amane?

  • Dɛn na Onyankopɔn reyɛ de ayi amanehunu nyinaa afi hɔ?

  • Dɛn na yɛbɛyɛ na anigye aba yɛn abusua mu?

Sɛ wokenkan Bible na wosan yɛ nhwehwɛmu wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw a, wubenya nsɛmmisa yi ne nsɛmmisa foforo ho mmuae a ɛyɛ nokware.