Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 4

Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye

Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye

“Agyinatu na ɛma tirimbɔ gyina.”​—Mmebusɛm 20:18

Sika yɛ ade a yentumi nkɔ nnya. Yehia sika na yɛatumi ahwɛ yɛn abusua. (Mmebusɛm 30:8) Bible mpo ka sɛ, “sika . . . bɔ onipa ho ban.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma awarefo sɛ wɔbɛtena ase asusuw wɔn sikasɛm ho. Nanso mma sikasɛm mfa wantwiwantwi mma w’aware mu. (Efesofo 4:32) Awarefo de, sɛ ɛba sikasɛm a, ɛsɛ sɛ mugye mo ho di na moyɛ baako.

1 MONYƐ NHYEHYƐE PA

NEA BIBLE NO KA: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?” (Luka 14:28) Ɛho hia paa sɛ mobom yɛ mo sikasɛm ho nhyehyɛe. (Amos 3:3) Mopɛ sɛ motɔ biribi a, monhwɛ nea mo sika bɛso na munsi ho gyinae. (Mmebusɛm 31:16) Ɛnyɛ sɛ sika no wɔ hɔ araa nti, biribiara a na moretɔ. Ɛnsɛ sɛ mode ka hyɛ mo kɔn. Munnni mmmoro nea munya.​—Mmebusɛm 21:5; 22:7.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Bosome so na muhu sɛ mo sika no bi aka a, mommom nsusuw ho nhwɛ nea mode bɛyɛ

  • Sɛ sika no anso a, monyɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛboa ma moatete nneɛma so. Sɛ́ anka mobɛkɔ akodidi abɔnten no, mubetumi anoa aduan wɔ fie adi

2 MONHWƐ NEA MOWƆ, NA MOMMFA NNEƐMA NNSIE MO HO

NEA BIBLE NO KA: “Di [biribiara] ho dwuma nokwaredi mu, ɛnyɛ Yehowa anim nko na mmom nnipa anim nso.” (2 Korintofo 8:21) Ma wo kunu anaa wo yere nhu sika a wunya ne nea wode yɛ no mu pefee.

Bere biara a wopɛ sɛ wode sika kɛse kɔyɛ biribi no, wo ne wo hokafo nsusuw ho ansa. (Mmebusɛm 13:10) Sɛ mususuw mo sikasɛm ho a, ɛbɛboa ma asomdwoe atena mo aware mu. Mmu sika a wunya no sɛ ɛyɛ wo nkutoo dea, na mmom bu no sɛ abusua no sika.​—1 Timoteo 5:8.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Munsusuw ho nhwɛ sika dodow a mopɛ sɛ mo mu biara de twitwa ne ho a ɛho renhia sɛ ɔbɔ ne yɔnko amanneɛ

  • Ntwɛn nkosi sɛ ɔhaw bi bɛsɔre ansa na moasusuw mo sikasɛm ho