Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yesaia 41:10—“Nsuro, Na Me Ne Wo Wɔ Hɔ”

Yesaia 41:10—“Nsuro, Na Me Ne Wo Wɔ Hɔ”

 “Nsuro, efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, efisɛ mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo, mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.”—Yesaia 41:10, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yesaia 41:10, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Yesaia 41:10 Kyerɛ

 Yehowa a Nyankopɔn ma n’asomfo anokwafo awerɛhyem sɛ, ɔhaw biara a wobehyia no, ɔbɛboa wɔn.

 “Meka wo ho.” Yehowa ma n’asomfo hu nea enti a ɛnsɛ sɛ wosuro. Ɛne sɛ, ɛnkaa wɔn nko ara. Esiane sɛ Yehowa hu ɔhaw a n’asomfo refa mu na otie wɔn mpaebɔ nti, ɛte sɛ nea ɔwɔ wɔn nkyɛn pɛɛ.—Dwom 34:15; 1 Petro 3:12.

 “Mene wo Nyankopɔn.” Yehowa ka n’asomfo koma to wɔn yam. Nea ɔyɛ ne sɛ ɔkae n’asomfo sɛ nea ɛbɛto wɔn biara, ɔda so ara yɛ wɔn Nyankopɔn, na ogye wɔn tom sɛ wɔyɛ n’asomfo. Wobetumi anya awerɛhyem sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Onyankopɔn kwan a ɛremma ɔmmoa wɔn.—Dwom 118:6; Romafo 8:32; Hebrifo 13:6.

 “Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo, mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” Yehowa kaa asɛm koro no ara wɔ akwan mmiɛnsa so. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ, nsu mu oo, awia mu oo, ɔbɛboa wɔn. Ɔkaa nsɛm bi a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea ɔboa ne nkurɔfo a wɔakɔ ahokyere mu no. Ɛne sɛ, sɛ obi hwe ase a, Onyankopɔn betumi atene ne nsa nifa de ama ne so.—Yesaia 41:13.

 Onyankopɔn Asɛm Bible no ne ade titiriw a Onyankopɔn de hyɛ n’asomfo den na ɔde boa wɔn. (Yosua 1:8; Hebrifo 4:12) Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn a wɔrehyia ɔhaw te sɛ ohia, yare, anaa wɔn a wɔn ho nipa bi awu no, Onyankopɔn Asɛm ma wɔn afotu pa a ɛbɛboa wɔn. (Mmebusɛm 2:6, 7) Afei nso, Onyankopɔn tumi de ne honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ ade no boa n’asomfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adwen yiye, na ɔhaw ammu amfa wɔn so.—Yesaia 40:29; Luka 11:13.

Yesaia 41:10 Ho Nsɛm

 Saa asɛm yi maa Yudafo anokwafo a akyiri yi Babilonfo tuu wɔn ase kɔe no nyaa awerɛkyekye. Yehowa ka too hɔ sɛ, sɛ aka kakra ama Yudafo no afi Babilon akɔ wɔn kurom a, wɔbɛte sɛ ɔtamfo bi reba abɛsɛe aman a atwa Babilon ho ahyia no, na watow ahyɛ Babilon so. (Yesaia 41:2-4; 44:1-4) Sɛ Babilon ne aman a atwa ho ahyia no te saa amanneɛbɔ no a, na wobesuro paa. Yudafo no de, na ɛnsɛ sɛ wosuro efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Ɔkaa no mprɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘munsuro.’ Nea Yehowa kae no hyɛɛ Yudafo no nkuran paa.—Yesaia 41:5, 6, 10, 13, 14.

 Ɛwom sɛ ahyɛase no, Yehowa Nyankopɔn ma wɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ Yesaia 41:10 no kɔmaa Yudafo anokwafo a na wɔwɔ Babilon no, nanso ɔma wɔkyerɛw too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyekye n’asomfo nyinaa werɛ. (Yesaia 40:8; Romafo 15:4) Sɛnea Yehowa boaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no, saa ara na ɔboa n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ.

Kenkan Yesaia ti 41, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.