Yosua 1:1-18

  • Yehowa hyɛɛ Yosua nkuran (1-9)

    • Kenkan Mmara no na dwinnwen ho (8)

  • Wɔboaboaa wɔn ho sɛ wobetwa Asubɔnten Yordan (10-18)

1  Yehowa akoa Mose wu akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Nun ba Yosua*+ a na ɔyɛ Mose somfo+ no sɛ:  “M’akoa Mose awu.+ Afei sɔre na wo ne nnipa yi nyinaa ntwa Asubɔnten Yordan yi nkɔ asaase a mede rema Israelfo no so.+  Baabiara a mo nan besi no, mede bɛma mo sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no.+  Efi sare no so hɔ kosi Lebanon kɔfa asubɔnten kɛse Eufrate ho, kyerɛ sɛ, Hitifo+ asaase nyinaa, de kɔfa Ɛpo Kɛse* no atɔe fam* nyinaa bɛyɛ mo asaase.+  Wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nni wo so nkonim.+ Sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.+ Merempo wo, na merennyaw wo.+  Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ama wɔakɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+  “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+  Mma Mmara nhoma yi mmfi w’anom,+ na mmom kenkan na dwinnwen ho* awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.+  Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, efisɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+ 10  Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no mpanyimfo sɛ: 11  “Momfa nkurɔfo no mu wɔ asoɛe hɔ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Aka nnansa, mubetwa Asubɔnten Yordan yi akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no.+ Enti, monhwehwɛ aduan a mubedi wɔ kwan so.’” 12  Na Yosua ka kyerɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no sɛ: 13  “Monkae asɛm a Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ mo yi,+ ‘Yehowa mo Nyankopɔn ama moanya asomdwoe, na ɔde asaase yi ama mo. 14  Mo yerenom, mo mma, ne mo nyɛmmoa bɛka Yordan agya ha,* asaase a Mose de ama mo yi so.+ Mmarima a munim ko yiye nyinaa de,+ momfa mo akode na munni mo nuanom anim ntwa Yordan.+ Ɛsɛ sɛ moboa wɔn 15  kosi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom asomdwoe sɛnea wama mo asomdwoe no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wɔn no. Muwie a, na moasan mo akyi abɛfa asaase a wɔde ama mo sɛ montena so no, asaase a Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no.’”+ 16  Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nea woaka akyerɛ yɛn nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn no, yɛbɛkɔ.+ 17  Sɛnea yetiee Mose wɔ biribiara mu no, saa ara na yebetie wo. Nea yɛresrɛ ara ne sɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nni w’akyi sɛnea odii Mose akyi no.+ 18  Obiara a ɔbɛsɔre atia w’ahyɛde na wantie asɛm biara a wobɛka akyerɛ no no, wonkum no.+ Enti nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Yehosua.” Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Nkwagye.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Anaa “owiatɔe.”
Anaa “kenkan no brɛoo ma empue w’ano.”
Kyerɛ sɛ, Yordan apuei fam anaa owiapuei.