Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware

Nea Wobɛyɛ Ama Asɔ

Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo

Nsɛmmisa mmienu bi wɔ hɔ a, ebetumi aboa wo ama w’aware asɔ.

Dɛn na Ɛbɛma Awarefo Ani Agye?

Yehowa Nyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware, enti sɛ awarefo de n’afotu a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔn ani agye.

Afotusɛm a Ebetumi Ama Yɛn Ani Agye Wɔ Yɛn Abusua Mu

Dɛn na okununom, ɔyerenom, awofo, ne mmofra betumi ayɛ na ama wɔn ani agye wɔ wɔn abusua mu?

Asi Mmusua Bi Yiye—Monyɛ Ade Mmɔ Mu

Wo ne wo hokafo te sɛ nnipa mmienu a wɔte dan mu kɛkɛ?

Nea Ɛbɛboa Wo Ama Woanya Abotare

Nnipa mmienu a mfomso wɔ wɔn ho a wɔaware deɛ, ɛyɛ dɛn ara a, nsɛmnsɛm bɛba. Sɛ aware bɛsɔ a, ehia paa sɛ awarefo no nya abotare.

Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?

Aware deɛ, anigye bɛba mu a, gye sɛ obiara bu ne yɔnko. Ɛno deɛ obiara ntumi nyɛ ho hwee. Dɛn na wobɛyɛ ama wo kunu anaa wo yere ahu sɛ wubu no?

Sɛ Anigye Bɛba Aware Mu a: Monkyerɛ Mo Dɔ

Adwuma, dadwen, ne asetena mu nsɛmnsɛm betumi ama no ayɛ den ama obi a waware sɛ ɔbɛkyerɛ ne dɔ yiye. Sɛ obi dɔ ano adwo a, obetumi ahyɛ mu gya bio anaa?

Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ

Sɛ ɔbaa ne okunu bɔ mmɔden sɛ obiara de n’adwene besi nneɛma pa a ne yɔnko yɛ so, na ɔka ho asɛm a ɛma wɔn aware sɔ. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woakyerɛ nneɛma ho anisɔ?

Sɛnea Wobɛda Ɔdɔ Adi

Awarefo bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wodwen wɔn hokafo ho pa ara? Kenkan asɛm a ɛwɔ ha yi, na wubehu nyansahyɛ nnan a egyina Bible so a ɛbɛboa wo.

Mma Biribiara Ntete Mo Ntam

Wode wo koma nyinaa ma wo hokafo a, ɛte sɛ nea wode ahoma asɔ wo mene, anaa wohu no sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ?

Nya Ahofama wɔ W’aware Mu

Dɛn na ɛma aware sɔ? Dɛn na ɛsɛe aware? Wobɛyɛ dɛn ama w’aware ayɛ den?

Munni Mo Ho Nokware

Sɛ wɔka sɛ di wo hokafo nokware a, ɛno ara ne sɛ wobɛtwe wo ho afi awaresɛe ho anaa?

Sɛ Wosan Ware a, Dɛn na Ɛbɛma Aware no Akɔ Yiye?

Ɔhaw a aware a ɛto so abien betumi de aba no, ebia woanhyia bi wɔ aware a edi kan no mu. Mobɛyɛ dɛn ama mo aware no akɔ yiye?

Okununom—Momma Mo Yerenom Ani Nnye

Ɛbɛtumi aba sɛ sika wɔ fie nanso na anigyeɛ nni hɔ.

Ɔkwan a Wɔfa So Nya Anigye—Da Ɔdɔ Adi

Sɛ woda ɔdɔ adi kyerɛ obi, anaa obi da ɔdɔ adi kyerɛ wo a, ɛbɛboa pa ara ama w’ani gye.

Nea Bible Ka

Bible Ka Ɔbarima ne Ɔbarima ne Ɔbaa ne Ɔbaa Awareɛ Ho Asɛm Anaa?

Nea ɔhyehyɛɛ awareɛ no, ɔno na ɔnim nnipa mmienu a wɔbom tena sɛ awarefoɔ a, ɛbɛyɛ papa.

Aware Dodow Ye?

Onyankopɔn na ɔma ɛfii ase anaa? Hwɛ nea Bible ka fa aware dodow ho.

Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?

Bible afotusɛm betumi aboa awarefo na wati-me-waka-me amma wɔn aware mu, na sɛ ɔhaw bi ba aware no mu mpo a, wɔatumi asiesie.

So Aware Yɛ Ayɔnkofa Araa Kwa?

Hwɛ sɛnea ɔbarima ne ɔbea asɛde a Onyankopɔn de ama wɔn wɔ aware mu no betumi ama wɔn aware asɔ na wɔanya anigye.

Aware na Ɛma Nnipa Ani Gye Anaa?

Kristofo asigyafo ani betumi agye anaa? Bible kyerɛ yɛn aware ho adwempa a ɛsɛ sɛ yenya na ɛkyerɛ yɛn obi nso a asigyafo nyinaa betumi ahwɛ no asua no.

Ɔhaw Ne Ano Aduru

Suban Bi a Ɛwɔ Wo Kunu Anaa Wo Yere Ho a Ɛyɛ Wo Ahometew No, Nya Ho Adwempa

Suban a ɛwɔ wo kunu ho anaa wo yere ho a ɛyɛ wo ahometew no, wobɔ mmɔden de adwempa hwɛ a, eye sen sɛ wobɛma ne ho ayɛ wo ahi na akɔfa akasakasa aba mo ntam.

Wopɔn a, Woapɔn

Hwɛ nneɛma nnum a ɛbɛboa wo na adwuma annye w’aware ammɔ so.

Ofie Basabasayɛ Bɛba Awiei

Ɛbɛyɛ dɛn na Bible nnyinasosɛm aboa nnipa a wɔyɛ kekã paa ma wɔasesa wɔn suban?

Sɛnea Wo Ne Wo Nsenom Ntam Bɛyɛ Kama

Nyansahyɛ mmiɛnsa a ɛbɛtumi aboa na wo ne wo nsenom ntam nsɛm ansɛe mo aware.

Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam

Wubetumi adi w’awofo ni, na bere koro ara nso woama w’aware agyina.

Bere a Mo Adwene Nhyia

Sɛ asɛm bi sɔre wɔ awarefo ntam a, wɔbɛyɛ dɛn asiesie na asomdwoe akɔ so atena wɔn ntam?

Sɛnea Wosiesie Akasakasa Wɔ Aware Mu

Dɛn nti na akasakasa sɔre, na dɛn na wubetumi ayɛ na ansɛe w’aware?

Sɛ Wo Kunu Anaa Wo Yere Hwɛ Ponografi a, Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?

Awarefo bɛyɛ dɛn aka wɔn ti apam ho na wɔaboa nea ponografi hwɛ aka ne hɔ no? Afei, sɛ wɔn aware agyigya a, wɔbɛyɛ dɛn abom ayɛ ho adwuma ma atumi akɔ yiye?

Ponografi Betumi Ama W’aware Atetew Apansam

Sɛ woahwɛ ponografi ama aka wo hɔ a, afotusɛm a ɛwɔ ha yi betumi aboa wo ama woagyae, na ama w’aware asan agyina.

Bere a Mo Adwene Nhyia

Woate nka pɛn sɛ wo ne wo hokafa mfata mo ho?

Tirimka—Nea Ɛbɛma Afi Wo Mu

Sɛ yɛka sɛ fa wo kunu anaa wo yere bɔne kyɛ no a, nea ɛkyerɛ ne sɛ wobɛbrabra bɔne no so anaa wobɛyɛ wo ho sɛ nea hwee nsii anaa?

Asi Mmusua Bi Yiye—Fa Bɔne Kyɛ

Dɛn na ɛbɛboa wo na woamfa w’adwene ansi wo hokafo mfomso so?

Bere a Wo Mma Anyin na Wɔafi Fie

Awarefo binom taa hyia ɔhaw kɛse paa wɔ wɔn aware mu bere a wɔn mma anyin na wɔafi fie no. Dɛn na awofo betumi ayɛ de adi ɔhaw yi ho dwuma?

Adamfofa a Ɛkɔ Akyiri Dodo

So ɛyɛ a woka sɛ, ‘Yɛyɛ nnamfo kɛkɛ?’ Sɛ saa a, susuw Bible nnyinasosɛm ahorow ho hwɛ sɛnea mfaso wɔ so.

Ntetewmu Ne Awaregyae

Nea Awaregyae Yɛ Mmofra

Ɛwom sɛ ebinom ka sɛ wugyae aware a, ɛbɛboa wo mma, nanso nhwehwɛmu a nkurɔfo ayɛ kyerɛ sɛ, ɔhaw a ɛkɔfa brɛ mmofra no nyɛ asɛm ketewa.

Sɛ W’ani Nnye W’aware Ho Bio a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Wo hokafo a na wonte ne ho kasa no, afei deɛ obiara nam ne kwan? Nneɛma nnum bi betumi aboa wo aware mu.

Sɛ Wo Hokafo Fa W’akyi a, Ɛsɛ Sɛ Woma W’abam Bu Anaa?

Awarefo a wɔn hokafo afa wɔn akyi no mu pii ahu sɛ, Bible no betumi akyekye wɔn werɛ.

Nea Bible Ka Fa Awaresɛe Ho

Awaresɛe tumi gu awareɛ?

So Bible Pene Awaregyae So?

Kenkan na wobɛhu awaregyae a Onyankopɔn ma kwan ne nea ɔkyi.

Mma Awaregyae Mmmɔ Wo Asesa

Wɔn a wogyae aware no, wɔn mu dodow no ara hu sɛ awaregyae akyi no, nneɛma nkɔ sɛnea wɔhwɛɛ kwan no. Bible mu afotu pa betumi aboa wo ama woatumi agyina ano.

Yehowa Adansefo Bu Awaregyae Sɛn?

Wɔn a wɔn aware agyigya no, Yehowa Adansefo boa wɔn anaa? Sɛ Yehowa Danseni bi pɛ sɛ ogyae aware a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no pene so ansa anaa?