Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Okununom—Momma Mo Yerenom Ani Nnye

Okununom—Momma Mo Yerenom Ani Nnye

DƐN na okunu bɛtumi ayɛ ama ne yere ani agye? Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, okunu deɛ n’adwuma ara ne sɛ ɔbɛyɛ adwuma de sika aba fie. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne sɛ, ɔyerenom a hwee nhia wɔn no mpo, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ anigyeɛ. Sɛ wɔsɔre a ayamhyehyeɛ nko ara. Yɛmfa Rosa a ɔfiri Spain sɛ nhwɛsoɔ. Ɔka ne kunu ho asɛm sɛ, “Ɔkɔ abɔnten a obiara pɛ n’asɛm, nanso ɔba fie a na wayɛ kakae.” Joy nso yɛ ɔbaa a ɔfiri Nigeria. Ɔkaa sɛ, “Sɛ na me ne me kunu adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, nea na ɔka ara ne sɛ, ‘Meyɛ wo kunu, enti nea mɛka biara ɛsɛ sɛ woyɛ.’”

Dɛn na ɔbarima bɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔyɛ okunu pa? Dɛn na okunu yɛ a, ɛbɛma ne yere ani agye anaa ne fie ayɛ “homebea” ama ne yere?Rut 1:9.

NEA BIBLE KA FA TUMI A OKUNUNOM WƆ HO

Onyankopɔn ani so no, okunu ne ɔyere nyinaa yɛ pɛ, obiara nsene ne yɔnko. Nanso, Bible ka sɛ awarefoɔ no mu biara wɔ adwuma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ abusua no mu. Romafoɔ 7:2 ma yɛhu sɛ ɔbaa ware a, na wabɛhyɛ “ne kunu mmara” ase. Nnwumakuo pii mu no, wɔyi obi ma ɔdi nneɛma anim. Awareɛ mu nso, Onyankopɔn ayi okunu sɛ ɔnyɛ ne yere ti. (1 Korintofoɔ 11:3) Enti okunu na ɛsɛ sɛ ɔdi nneɛma anim wɔ abusua no mu.

Okununom, Onyankopɔn ama mo tumi, na sɛn na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma? Bible ka sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ asafo no.” (Efesofoɔ 5:25) Yesu Kristo anware da, nanso watwa sa pa ato hɔ a ɛbɛtumi aboa obi ama wayɛ okunu pa. Momma yɛnhwɛ.

YESU ATWA SA PA ATO HƆ AMA OKUNUNOM

Yesu maa nkurɔfoɔ ho dwoo wɔn, na ɔmaa wɔn adesoa yɛɛ hare. Nnipa a na ɔhaw ahyɛ wɔn so na ayɛ wɔn so adesoa no, Yesu hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” (Mateo 11:28, 29) Mpɛn pii no, na Yesu yi adesoa a ɛreteetee wɔn no firi wɔn so, na na ɔboa wɔn ma wɔbɛn Yehowa. Enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ na nnipa pii ka kɔ Yesu ho. Ná wɔwɔ ahotɔsoɔ sɛ ɔbɛyi wɔn adesoa ama wɔn kɔn mu adwo wɔn!

Sɛnea okununom bɛtumi asuasua Yesu. Hwɛ nea wobɛtumi ayɛ de aboa wo yere. Ɔyerenom binom te nka te sɛ Rosa. Ɔkaa sɛ: “Ná me kunu yɛ me sɛ afenaa bi.” Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kweku deɛ, ɔyɛ okunu pa. Ɔkaa sɛ: “Metaa bisa me yere nea mɛtumi ayɛ de aboa no. Medɔ no, enti metaa sɔ no mu wɔ fie adeyɛ mu.”

Yesu nyaa tema maa nnipa. Yareɛ a ɛmu yɛ den teetee ɔbaa hianiwaa bi mfie 12. Berɛ a ɔtee sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde yɛ anwonwadeɛ no, “asɛm a na ɔreka ara ne sɛ: ‘Sɛ mede me nsa ka n’atadeɛ ngugusoɔ kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.’” Ne nsusuiɛ anyɛ kwa. Ɔbaa no twe bɛnee Yesu, na ɔde ne nsa kaa n’atadeɛ ano, na prɛko pɛ, ne ho tɔɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ ebinom a wɔhuu nea ɔbaa no yɛeɛ no nyaa adwene sɛ wanyɛ no yie. Nanso, Yesu deɛ, ohuu sɛ na ɔbaa no hia mmoa paa. * Enti ɔde ayamhyehyeɛ ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, . . . wo ho ntɔ wo na wo yareɛ a emu yɛ den no nkɔ.” Yesu angu ɔbaa no anim ase, na saa ara nso na wanka n’anim. Mmom no, ɔhuu sɛ ɔbaa no yareɛ no mu yɛ den. Nea Yesu yɛeɛ no ma yɛhu sɛ ɔwɔ tema paa.Marko 5:25-34.

Sɛnea okununom bɛtumi asuasua Yesu. Sɛ wohu sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wo yere a, da ɔdɔ adi kyerɛ no paa na nya ne ho aboterɛ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte no ase, na hu nea enti a ɔreyɛ saa. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Ricardo kaa sɛ: “Sɛ mehu sɛ biribi ha me yere ma enti ɛnkyɛ na ne bo afu a, mehwɛ me kasa yie paa na mansɛe asɛm no.”

Yesu ne n’asuafoɔ no bɔɔ nkɔmmɔ. Yesu ne ne nnamfonom bɔɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ. Ɔkaa sɛ, “Deɛ mate afiri m’Agya hɔ nyinaa mama moahunu.” (Yohane 15:15) Ɛwom, ɛtɔ mmerɛ bi a na Yesu pɛ sɛ ɔno nko ara te ne ho na ama watumi adwendwene nneɛma ho abɔ mpaeɛ. Nanso, mpɛn pii no, na ɔka ne komam asɛm kyerɛ n’asuafoɔ no. Adeɛ rebɛkye ama wɔakum no sɛ omumuyɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no pen saa da no anadwo sɛ, ‘awerɛhoɔ ahyɛ ne kra mã.’ (Mateo 26:38) Berɛ mpo a Yesu ani annye nea ne nnamfonom yɛeɛ ho no, ɔne wɔn anyɛ aka.Mateo 26:40, 41.

Sɛ ɔbarima bi dwendwene ɛsa a Yesu atwa ato hɔ no ho a, ɛbɛtumi ama wayɛ okunu pa ne agya pa

Sɛnea okununom bɛtumi asuasua Yesu. Okununom, mo ne mo yerenom mmɔ nkɔmmɔ, na monka mo komam asɛm nkyerɛ wɔn. Ɔbaa bi bɛtumi aka sɛ, me kunu pue a, ɔkasa sere kama, nanso ɔbɛduru fie a na wayɛ mum. Ɔbaa bi a wɔfrɛ no Ana kaa sɛnea ɔte nka berɛ a ne kunu aka ne koma mu asɛm akyerɛ no no. Ɔkaa sɛ, “Ɛma mehu sɛ ɔdɔ me paa, enti mframa mfa yɛn ntam.”

Sɛ wo ne wo yere nya asɛm a, ɛne no nnyɛ aka mmfa nntwe n’aso. Ɔbaa bi kaa sɛ: “Berɛ bi me kunu bo fuu me, na ɔne me yɛɛ aka nna pii. Ɛno maa me tiboa buu me fɔ, na meyɛɛ sɛ atantanneɛ wɔ m’ani so.” Edwin deɛ, ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsuasua Yesu. Ɔkaa sɛ, “Sɛ biribi hyɛ me abufuo a, menka ho asɛm amonom hɔ ara, na mmom mepɛ berɛ pa ma yɛka ho asɛm.”

Yɛadi kan aka Joy ho asɛm dada. Berɛ a ne kunu ne Yehowa Adansefoɔ firii aseɛ suaa Bible no, ɔhuu sɛ ne kunu asesa. Ɔkaa sɛ, “Me kunu ayɛ nsakraeɛ, na ɔrebɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛsuasua Yesu, enti ɔyɛ nneɛma de kyerɛ sɛ ɔdɔ me.” Awarefoɔ pii nso renya Bible a wɔresua no so mfasoɔ. Wo nso, wopɛ sɛ wosua Bible anaa? Wobɛtumi aka ho asɛm akyerɛ Yehowa Danseni bi ma ɔne wo abɛsua Bible a wontua hwee.

^ nky. 10 Sɛ yɛhwɛ Mose Mmara no mu a, ɛma yɛhu sɛ na mogya a ɛretu ɔbaa no ama ne ho nte. Ne saa nti, na obiara a ne ho bɛka no no nso ho bɛgu fĩ.Leviticus 15:19, 25.