Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ABAN A KƐTƐASEHYƐ NE PORƆEƐ NNIM

Onyankopɔn Ahennie—Aban a Kɛtɛasehyɛ ne Porɔeɛ Biara Nnim

Onyankopɔn Ahennie—Aban a Kɛtɛasehyɛ ne Porɔeɛ Biara Nnim

Berɛ bi, ɔpanin paa a ɔda asoɛeɛ a ɛyɛ aban sikasɛm mu nhwehwɛmu ano wɔ Nicaragua kaa sɛ: “Aban mpanimfoɔ nso yɛ ɔman mma. Enti sɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ adware ɔmanfoɔ a, ɛnneɛ ɛbɛka aban mpanimfoɔ nso.” Nea ɔkaeɛ no kyerɛ sɛ ɔnnye nni sɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ase bɛtumi atu afiri aban mu koraa.

Sɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ahyɛ nnipa ma a, ɛnneɛ nnipa aban nso ɛ? Wonnye nni sɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ bɛhyɛ mu ma? Enti yɛbɛtumi anya aban a kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ nnim a, gye sɛ aban a ɛmfiri nnipa. Bible ka sɛ aban a ɛte saa bɛba. Ɛno ne Onyankopɔn Ahennie. Saa aban no na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifoɔ sɛ wɔmmɔ ho mpaeɛ no.Mateo 6:9, 10.

Onyankopɔn Ahennie no yɛ aban ankasa a ɛwɔ soro, na ɛbɛdi asase so. Ɛbɛyi nnipa aban nyinaa afiri hɔ. (Dwom 2:8, 9; Adiyisɛm 16:14; 19:19-21) Ahennie no bɛma nnipa anya nhyira pii. Ebi ne sɛ, ɛbɛyɛ aban a kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ biara nnim. Nneɛma nsia bi nti na yɛreka saa.

1. TUMI

NEA ƐREKƆ SO: Nnipa amammuo mu no, mpɛn pii no wɔgyegye ɛtoɔ firi ɔmanfoɔ hɔ ansa na wɔanya sika de abu man. Wɔn nsa ka sika no a, aban mpanimfoɔ binom de wɔn nsa bom. Ebinom nso gye braeb, enti ɛtoɔ a ɛsɛ sɛ nkurɔfoɔ tua ma aban no, wɔte so ma wɔn. Ɛno ma aban hwere sika, enti wɔtoto ɛtoɔ a nkurɔfoɔ tua no mu. Ɛba saa a, ɛma kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ kɔ so sene kane no mpo. Ɛbɛwie aseɛ no, na nnipa a wɔdi nokorɛ no mmom na wɔrebrɛ kɛse.

ANO ADURO: Onyankopɔn Ahennie no deɛ, tumi a ɛde bɛdi adeɛ no firi Yehowa, * adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no hɔ. (Adiyisɛm 11:15) Ahennie no rennye toɔ mfiri ɔmanfoɔ hɔ mfa ntua nnwuma a ɛbɛyɛ ho ka. Mmom, Onyankopɔn “tumi mmorosoɔ” ne n’ayamye nti, Ahennie no bɛyɛ nea ne manfoɔ hia nyinaa ama wɔn.Yesaia 40:26; Dwom 145:16.

2. ƐSO HENE

NEA ƐREKƆ SO: Susan Rose-Ackerman a yɛkaa ne ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban yi ahyɛaseɛ no ka sɛ, kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ deɛ aseɛ bɛtu a, gye sɛ ɛhyɛ aseɛ firi aban mpanimfoɔ so. Sɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ kɔ so wɔ aban mu, na berɛ korɔ no ara wɔtwa wɔn ho sɛ wɔbɛtu kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ase afiri polisifoɔ ne kɔstɔmfoɔ mu a, ɛmma nkurɔfoɔ nnya aban no mu ahotɔsoɔ bio. Afei, sɛ ɔmampanin bi bɔ bra pa sɛ dɛn ara mpo a, bɔne wɔ ne ho. Bible ka sɛ, “ɔteneneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ.”Ɔsɛnkafoɔ 7:20.

Braeb kɛseɛ paa mpo, Yesu poeɛ

ANO ADURO: Yesu Kristo na Onyankopɔn ayi no sɛ n’Ahennie no so hene. Yesu nso deɛ bɔne biara nni ne ho, enti obiara ntumi ntwe no nkɔ bɔne mu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, braeb kɛseɛ paa mpo, ɔpoeɛ. Saa braeb no ne “wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam.” Ɔbonsam a ɔdi wiase yi so na anka ɔde rema no. Ná ɔpɛ sɛ Yesu bɔ ne mu ase de ɔsom a ɛfata Onyankopɔn nko ara ma ɔno Ɔbonsam. (Mateo 4:8-10; Yohane 14:30) Afei nso, berɛ a nkurɔfoɔ yɛɛ Yesu ayayadeɛ a ɔrewu no, ebinom maa no aduro bi sɛ ɔnnom. Ná aduro no bɛma Yesu yaw no akɔ fam, nanso anka ɛremma n’ani so nna hɔ. Esiane sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔde ani kann di n’Agya nokorɛ nti, wannom. (Mateo 27:34) Seesei deɛ Onyankopɔn anyane Yesu ma ɔte soro. Nea Yesu faa mu nti, ɔfata paa sɛ ɔdi Ahennie no so hene.Filipifoɔ 2:8-11.

3. ƐTIM HƆ DAA

NEA ƐREKƆ SO: Aman pii taa to aba. Sɛ wohwɛ a, wobɛka sɛ ɛno bɛma nkurɔfoɔ anya kwan ayi aban mpanimfoɔ a wɔpɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ afiri aban mu. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, sɛ amanyɔkuo ahodoɔ rebɔ dawuro sɛ wɔnto aba mma wɔn a, kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ mpa mu. Sɛ wɔreto aba nso a, saa ara. Aman a wɔse wɔanya nkɔsoɔ no mu mpo, saa na ɛteɛ. Asikafoɔ tumi de sika boa aban mpanimfoɔ anaa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔba aban mu ma wɔbɔ dawuro sɛ wɔnto aba mma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ tumi bɛdi wɔn nsam a wɔbɛyɛ nea wɔpɛ ama wɔn.

Ɛno nti, John Paul Stevens a ɔyɛ ɔtemmufoɔ wɔ Amerika Asɛnnibea Kunini no twerɛɛ sɛ, “kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ nti sɛ tumi bɛdi aban bi nsam a, ɔmanfoɔ nnye ntom papa.” Ɔtoaa so sɛ, “sɛnea anka ɛsɛ sɛ aban bu man no, kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ nti, wɔntumi nyɛ saa, na ɛno ama gyidie a nkurɔfoɔ wɔ wɔ aban mu asa.” Enti wiase baabiara a wobɛkɔ no, nnipa dodoɔ no ara adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ yɛka wɔn a kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ adonnɔn wɔn a, ɛyɛ amanyɔkuo.

ANO ADURO: Onyankopɔn Ahennie no deɛ ɛrentwam da. Enti amanyɔkuo bi remmɔ dawuro sɛ wɔnto aba mma wɔn, na saa ara nso na obiara rento aba na kampɛsɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ abɛwurawura mu. (Daniel 7:13, 14) Onyankopɔn na wayi Ahennie no so hene. Enti ɛnhia sɛ nkurɔfoɔ to aba ansa na ne tumi adi mu, na obiara nso ntumi ntu no adeɛ so. Esiane sɛ Ahennie no bɛtena hɔ daa nti, biribiara a ɛbɛyɛ ama ne manfoɔ no bɛboa wɔn afebɔɔ.

4. MMARA

Onyankopɔn Ahennie no yɛ aban ankasa a ɛwɔ soro, na ɛbɛdi asase so

NEA ƐREKƆ SO: Aman hyehyɛ mmara ahodoɔ, enti anhwɛ a wobɛka sɛ ɛbɛma nneɛma akɔ yie. Nanso, abenfoɔ kyerɛ sɛ, mpɛn pii no, sɛ aman hyehyɛ mmara pii a, ɛno mmom ma kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ dɔɔso. Afei nso, sɛ wɔhyɛ mmara a ɛbɛma wɔako atia kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ a, wɔsɛe sika pii ansa na wɔatumi de mmara no ayɛ adwuma. Sɛ wɔde mmara no yɛ adwuma nso a, ɛmmoa ahe biara.

ANO ADURO: Sɛ wode mmara a nnipa aban hyehyɛ toto Onyankopɔn Ahennie no mmara ho a, nnipa mmara mmɛn Onyankopɔn deɛ ho baabiara. Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Yesu anhyehyɛ mmara pii ankyerɛ sɛ ‘yɛ wei, nyɛ wei.’ Mmom no, nea ɔkaeɛ ne sɛ: “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Adeɛ baako a ɛma Onyankopɔn Ahennie no da nso ne sɛ, sɛ ɛhyɛ mmara a, ɛka nnipa nsusuiɛ ne wɔn nneyɛɛ nyinaa. Yesu kaa sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Onyankopɔn nso deɛ ɔtumi hu nea ɛwɔ yɛn komam, enti ɔbɛtumi ahwɛ ama nkurɔfoɔ adi ahyɛdeɛ a ɛte saa so yie.1 Samuel 16:7.

5. SUBAN

NEA ƐREKƆ SO: Anibereɛ ne pɛsɛmenkomenya paa na ɛma kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ kɔ so. Yɛtaa hu saa subammɔne no wɔ aban mpanimfoɔ ne temanmufoɔ ho. Ɔwɛn-Aban yi ahyɛaseɛ no, yɛhuu sɛ sotɔɔ dan kɛseɛ bi dwiri guiɛ wɔ Seoul. Nea ɛkɔfaa saa asiane no baeɛ ne sɛ, aban mpanimfoɔ gyee braeb firii kɔntratafoɔ no hɔ. Ná kɔntratafoɔ no mpɛ sɛ wɔbɔ ka pii enti wɔtuaa braeb, ɛnna wɔde nneɛma a ɛnyɛ papa sii dan no.

Sɛ yɛbɛtumi atu kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ase koraa a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wɔtete nkurɔfoɔ ma wɔsesa wɔn suban. Ɛno bɛma wɔagyae anibereɛ ne pɛsɛmenkomenya. Nanso, nnipa aban nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtete ɔmanfoɔ, na wɔnni tumi mpo a wɔde bɛyɛ saa.

ANO ADURO: Subammɔne a ɛkɔfa kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ba no, Onyankopɔn Ahennie no tumi tu ase koraa. Ɛtete nkurɔfoɔ ma wɔnya suban pa. * Saa nteteeɛ no boa nkurɔfoɔ ma ‘wɔkɔ so yɛ wɔn foforɔ wɔ tumi a ɛkanyan wɔn adwene no mu.’ (Efesofoɔ 4:23) Ɛma wɔgyae anibereɛ ne pɛsɛmenkomenya, na wɔma wɔn ani sɔ nea wɔwɔ. Afei nso, wɔdwene afoforɔ ho.Filipifoɔ 2:4; 1 Timoteo 6:6.

6. ƆMANFOƆ

NEA ƐREKƆ SO: Nnipa bi wɔ hɔ a, sɛ wɔtete wɔn yie sɛ dɛn, na nnipa a atwa wɔn ho ahyia nyinaa di nokorɛ mpo a, wɔn deɛ wɔrennyae kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ da. Animdefoɔ gye tom sɛ ɛno nti na nnipa aban biara ntumi ntu kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ase no. Nea nnipa aban bɛtumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛsosɔ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ho kɛkɛ, na wɔate ɛho nsunsuanso bɔne no so.

ANO ADURO: Amansan Nkabom Kuo ayɛ nhyehyɛe bi a wɔde reko atia kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ. Ɛka sɛ, sɛ aban bɛtumi atu kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ase a, gye sɛ wɔtete nkurɔfoɔ ma wɔhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔdi nokorɛ wɔ nnwuma mu. Nea wɔde asi wɔn ani so no yɛ papa. Nanso, Onyankopɔn Ahennie deɛ, ɛntete emufoɔ sɛ wɔnni nokorɛ kɛkɛ. Obi a ɔnni nokorɛ renkɔ Ahennie no mu. Bible ka sɛ, “adufudepɛfoɔ” ne “atorofoɔ” rennya Ahennie no.1 Korintofoɔ 6:9-11; Adiyisɛm 21:8.

Tete Kristofoɔ no yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ nnipa bɛtumi adi nokorɛ ama ayɛ yie. Osuani bi a na wɔfrɛ no Simon sei, ɔyɛɛ sɛ ɔrema Yesu asomafoɔ no sika na wɔama no honhom kronkron, nanso asomafoɔ no poeɛ na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sakra w’adwene wɔ saa bɔne a woayɛ yi ho.” Berɛ a Simon huu sɛ wayɛ bɔne no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnsrɛ Onyankopɔn mma no na ɔmfa ne bɔne nkyɛ no.Asomafoɔ Nnwuma 8:18-24.

NEA ƐSƐ SƐ WOYƐ NA WOAKƆ AHENNIE NO MU

Onyankopɔn Ahennie no, wofiri he oo, wofiri he oo, wobɛtumi akɔ mu bi. (Asomafoɔ Nnwuma 10:34, 35) Wokɔ wiase baabiara a, wobɛhu sɛ Ahennie no de nteteeɛ rema wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya mu kyɛfa no, enti wo nso wobɛtumi de wo ho ahyɛ mu. Yehowa Adansefoɔ de anigyeɛ bɛkyerɛ wo sɛnea yɛne nkurɔfoɔ sua Bible. Sɛ simma du koraa na wobɛnya ama yɛn nnawɔtwe biara a, yɛne wo bɛsua; yɛrennye wo sika. Adesua no bɛma woahu nneɛma pa a “Onyankopɔn ahennie” de bɛba no ho nsɛm pii. Afei wobɛhu sɛnea Ahennie no bɛtu kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ase koraa. (Luka 4:43) Yɛsrɛ wo, to nsa frɛ Adansefoɔ a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ma wɔmmra wo nkyɛn anaasɛ kɔ yɛn Wɛbsaet hɔ, jw.org/tw.

Wopɛ sɛ yɛne wo sua Bible a wontua hwee?

^ nky. 8 Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

^ nky. 22 Sɛ wopɛ ho nhwɛsoɔ a, hwɛ asɛm a wɔato din “So Wubetumi Adi Nokware Wɔ Wiase a Aporɔw Yi Mu?” Ɛwɔ October 1, 2012 Ɔwɛn-Aban no mu.