MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE
Tirimka —Nea Ɛbɛma Afi Wo Mu
ƆHAW NO
Wo kunu anaa wo yere aka biribi anaa wayɛ biribi ama ahaw wo; wakeka nsɛm bi a ɛyɛ yaw anaa wayɛ nneɛma bi a ɛmfata akyerɛ wo ma enti woafa no tirimka. Wei nti, ɔdɔ a wowɔ ma no nyinaa atu ayera. Wohu sɛ w’aware ayɛ tayoo; ɔdɔ biara nnim, nanso ɛsɛ sɛ wotena ho saa ara. Ɛno nso nti wompɛ wo kunu anaa wo yere anim ahwɛ koraa.
Ka wo koma to wo yam; ɛbɛtumi ayɛ yiye. Nanso di kan hwɛ tirimka ho asɛm kakra.
NEA ƐSƐ SƐ WOHU
Tirimka anaa menasepɔw te sɛ adesoa bi; ɛtwe aware san
Tirimka bɛtumi asɛe aware. Adɛn ntia? Wo deɛ hwɛ o, nneɛma a aware gyina so te sɛ ɔdɔ, ahotoso ne nokwaredi no, tirimka bɛtumi adwiriw ne nyinaa agu. Enti yɛbɛka a, ɛnyɛ aware mu haw na ɛma obi fa ne dɔfo tirimka; mmom tirimka yɛ biribi a ɛbɛtumi asɛe aware. Wei nyinaa nti Bible ka sɛ, ‘Monyi menasepɔw anaa tirimka nyinaa mfi mo mu.’
Wode obi ho asɛm hyɛ wo mu a, wo ara na wohaw wo ho. Sɛ wode obi ho asɛm hyɛ wo mu a, ɛte sɛ nea worebɔ w’asom na wopɛ sɛ obi a ɔgyina nkyɛn na ɛyɛ ne yaw. Owura bi a yɛfrɛ no Mark Sichel kyerɛw sɛ, “Wo busuani a woafa ne ho abufuw no, ɔno deɛ ebia ɔnnim ho hwee enti ɔnam ne baabi; hwee mfa ne ho. Enti deɛ ɛrekɔ so nyinaa, ɛnka ne koot.” (Healing From Family Rifts) Asɛm yi pɔ ne sɛn? Sichel kaa sɛ, “Wode obi ho asɛm hyɛ wo mu a, wo ara na wopira wo ho; ɛnyɛ onipa no hwee.”
Sɛ wode obi ho asɛm hyɛ wo mu a, ɛte sɛ nea worebɔ w’asom na wopɛ sɛ obi a ɔgyina nkyɛn na ɛyɛ ne yaw
Wopɛ sɛ wo bo fuw a, ɛnna wo bo fuw. Ebinom bɛka sɛ ɛnyɛ nokware. Nea wɔka ne sɛ, ‘Me kunu anaa me yere na ɛhyɛɛ me abufuw.’ Wɔka saa a, na wɔrepɛ akyerɛ sɛ yɛyɛ ho hwee a, ɛrenyɛ yiye, ɛfiri sɛ brane yɛmmɔ no bɛdɛ; obi suban deɛ, wontumi nyɛ ho hwee. Bible kyerɛ kwan foforo a yɛbɛtumi afa so. Ɛka sɛ: “Obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ.” (Galatifo 6:4) Nea obi bɛyɛ ne nea obi bɛka deɛ, yɛntumi nyɛ ho hwee. Nanso yɛn ara yɛn nneyɛe deɛ, yɛbɛtumi ayɛ ho biribi. Enti sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo a, ɛno nkyerɛ sɛ ma wo bo mfuw.
NEA WOBƐTUMI AYƐ
Mfa nhyɛ obiara. Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛka sɛ wo kunu anaa wo yere na ahyɛ wo abufuw. Nanso kae sɛ abufuw deɛ, wopɛ a ɛnna wo bo fuw. Wopɛ nso a, wobɛtumi de bɔne akyɛ. Wobɛtumi de Bible mu afotusɛm yi ayɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu.” (Efesofo 4:26) Woyɛ obi a wode bɔne kyɛ a, wonya adwempa de siesie w’aware mu haw.
Hwehwɛ wo koma mu yiye. Bible ka sɛ nnipa bi yɛ ‘abufufafo,’ ɛnna ebi nso “koko haw” wɔn. (Mmebusɛm 29:22) Wohwɛ a, saa na woteɛ? Bisa wo ho sɛ: ‘Me koko haw me? Me bo fuw ntɛm? Asɛm ketewa biara a na mayɛ no asɛm?’ Bible ka sɛ ‘nea ɔtĩ asɛm mu no tetew nnamfo ntam.’ (Mmebusɛm 17:9; Ɔsɛnkafo 7:9) Nea Bible ka yi, ɛbɛtumi aba aware mu. Enti wohu sɛ wotaa fa wo kunu anaa wo yere tirimka a, bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn anya me hokafo ho akoma?’
Ɛnyɛ biribiara na ɛhia sɛ wodi akyi. Bible se “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Ɛnyɛ biribiara na obi yɛ yɛn a ɛsɛ sɛ yɛdi akyi. Ɛtɔ da a “momma mo nsɛm ntena mo koma mu mo mpa so.” (Dwom 4:4) Sɛ wo hokafo hyɛ wo abufuw na wopɛ sɛ wo ne no ka ho asɛm a, twɛn ma wo bo nnwo ansa. Ɔbaa warefo bi a yɛfrɛ no Beatriz kae sɛ, “Sɛ me bo fuw a, nea meyɛ ne sɛ, metwɛn ma me bo dwo. Sɛ me bo dwo a, mehu sɛ sɛɛ na ɛnyɛ asɛm biara. Ɛba saa a, meto me bo ase kasa.”
Yɛka sɛ ‘fa asɛm kyɛ’ a, ɛkyerɛ sɛn? Kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible mu no, ɛtɔ da a, asɛm “fa kyɛ” kyerɛ sɛ wobɛgyaa biribi mu. Enti yɛka sɛ fa bɔne kyɛ a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ wobɛbrabra bɔne no so anaa wobɛyɛ wo ho sɛ nea hwee nsii. Nea ɛkyerɛ ne sɛ wobɛgyaa ma aka, ɛfisɛ wode wo kunu anaa wo yere ho asɛm hyɛ wo mu a, ɛho nsunsuanso no bɛtumi abɔ wo yare anaa asɛe w’aware.