Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆKWAN A WƆFA SO NYA ANIGYE

Da Ɔdɔ Adi

Da Ɔdɔ Adi

NNIPA HIA ƆDƆ. Sɛ ɔdɔ nni aware, abusua, anaa adamfofa bi mu a, ɛrentumi nnyina da. Enti yebetumi aka sɛ yehia ɔdɔ na ama yɛn ani agye na yɛannya adwenemyare biara. Nanso sɛ yɛka ɔdɔ a, ɛkyerɛ sɛn?

Ɔdɔ a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi nyɛ ɔdɔ a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea ntam, ɛwom sɛ ɛno nso ho hia de. Mmom no ɛyɛ ɔdɔ a ɛkɔ akyiri, na ɛka obi ma ofi ne komam dwen afoforo yiyedi ho, na ɔde wɔn yiyedi di ne de kan. Ɛyɛ ɔdɔ a egyina Bible nnyinasosɛm so, nanso ɛno nkyerɛ sɛ anigye ne nkate nnim.

Bible kyerɛkyerɛ ɔdɔ mu fɛfɛɛfɛ sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, . . . ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.”—1 Korintofo 13:4-8.

Saa ɔdɔ yi “to ntwa da,” kyerɛ sɛ ɛremfi hɔ da. Nokwasɛm ne sɛ ɛrekyɛ no, na emu reyɛ den. Esiane sɛ saa ɔdɔ yi wɔ abodwokyɛre, ne yam ye, na ɛde bɔne firi nti, “ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:14) Enti, ɛmfa ho sɛ mfomso wɔ nnipa ho no, sɛ ɔdɔ a ɛte saa ka nnipa bi bom a, ɛma wɔn ani gye na abusuabɔ no nsɛe. Ma yɛmfa aware nyɛ nhwɛso.

“KOROYƐ HAMA A ƐYƐ PƐ” AKA WƆN ABOM

Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ aware ho nnyinasosɛm bi a ɛho hia. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔkaa sɛ: “‘Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’. . . Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mateo 19:5, 6) Anyɛ hwee koraa no, nnyinasosɛm mmienu bi a ɛho hia da adi wɔ asɛm yi mu.

“WƆN BAANU NO AYƐ ƆHONAM KORO.” Yɛreka abusuabɔ a emu yɛ den paa a nnipa betumi ne wɔn ho anya a, ɛyɛ aware. Na ɔdɔ betumi abɔ aware no ho ban afi awaresɛe ho, kyerɛ sɛ ɛremma okunu anaa ɔyere no ne obi foforo nkɔyɛ “nipadua koro.” (1 Korintofo 6:16; Hebrifo 13:4) Sɛ obi anni ne hokafo nokware a, ɛma ɛyɛ den paa sɛ wobegye wɔn ho adi na ebetumi asɛe aware no. Sɛ mmofra wom mpo de a, ebetumi apira wɔn pa ara. Wɔbɛte nka sɛ obiara nnɔ wɔn, wonni ahobammɔ, anaa wɔde abufuw bɛhyɛ wɔn mu mpo.

“NEA ONYANKOPƆN AKA ABOM.” Aware yɛ nkabom bi a ɛyɛ kronkron. Awarefo a wogye saa nokwasɛm yi tom no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn aware mu den. Sɛ nsɛnnennen sɔre a, wɔnhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agyae aware no. Wɔn dɔ no mu yɛ den na biribiara ntumi nsɛe no. Saa ɔdɔ no ‘tɔ ne bo ase biribiara mu,’ na ɛboa ma wodi nsɛnnennen ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe ne biakoyɛ bɛtena aware no mu.

Awofo biara a wɔwɔ ɔdɔ amapa ma wɔn ho no, wɔn mma nya so mfaso kɛse. Ababaa bi a yɛfrɛ no Jessica kaa sɛ: “Me papa ne me maame dɔ wɔn ho pa ara, na wɔwɔ obu kɛse ma wɔn ho. Sɛ mihu sɛ me maame bu me papa, titiriw bere a wɔne yɛn redi nsɛm a, me yam a anka mete sɛ me maame.”

Ɔdɔ yɛ Onyankopɔn su titiriw. Bible mpo ka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ne saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible frɛ Yehowa sɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Yɛn nso, sɛ yɛbɔ mmɔden suasua yɛn Bɔfo no su ahorow, titiriw no ne dɔ a, ɛbɛma yɛn ani agye. Efesofo 5:1, 2 ka sɛ: “Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu.”