Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

Na Mede Asi M’ani So sɛ Mɛko Atia Ntɛnkyea ne Awudisɛm

Na Mede Asi M’ani So sɛ Mɛko Atia Ntɛnkyea ne Awudisɛm
  • AFE A WƆWOO NO: 1960

  • ƆMAN A OFI MU: LEBANON

  • TEBEA A NA ƆWOM: NA WABEN WƆ KUNG FU MU

ME KAN ASETENA:

Minyinii wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Rmaysh a ɛbɛn Israel ne Lebanon hye so. Bere a merenyin no na wɔreko wɔ hɔ. Meda so ara kae sɛnea na atopae a ɛhyehyɛ fam toto. Ebi mpo wɔ hɔ a, nkurɔfo nam wɔn baabi a, na apae atwitwa wɔn nsa ne wɔn nan. Ná abrabɔ mu yɛ den, na na nsɛmmɔnedi ne awudisɛm abu so.

Ná yɛn abusua no kɔ Katolek asɔre no nkorabata bi a wɔfrɛ no Maronite Church. Ná yɛyɛ nnipa 12 wɔ yɛn abusua mu, na na me papa na ɔyɛ adwuma hwɛ yɛn, enti na onni adagyew koraa. Nanso yɛn maame hwɛe sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ asɔre. Ɛyɛɛ kakra no, mebɛtee nka sɛ wiase a yɛte mu no suban no ara bi na asɔre no wɔ, enti wɔmmoa mmɔborɔwafo.

Merenyin no, m’ani begyee kung fu ho (ntɔkwaw bi a ɛte sɛ karate). Meyeree me ho suaa sɛnea yɛde yɛn nan, yɛn nsa ne nneɛma foforo ko, na mihuu no yiye paa. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ɔko no na mintumi mma ennyae a, nnipa a wɔredi aturuturasɛm de, ebia metumi ama wɔagyae.’ Enti mekɔto sɛ nnipa mmienu reko a, ɛhɔ ara na mede me ho agye mu. Na me koko haw me, enti ɛnkyɛ na me bo afuw. Lebanon anafo fam de, na nkurɔfo suro me, efisɛ na mede asi m’ani so sɛ mɛko atia ntɛnkyea ne awudisɛm.

Afe 1980 mu no, mede me ho kɔbɔɔ kuw bi a wɔkyerɛ kung fu bɔ wɔ Beirut. Daa na atuo ne atopae toto, nanso na mefa mu kosua kung fu no. Nea na minim ara ne sɛ mesuasua Bruce Lee na madidi ada. Bruce Lee yɛ Amerikani a ne nkyi fi China, na na wɔabɔ kung fu ara anya mu abasobɔde; ná oyi sini nso. Misuaa no ara suaa ne nantew, sɛnea oyi ne ti, ne sɛnea ɔrebɔ kung fu a, ɔteɛteɛm no. Afei, serew de, na mene no abɔ nsianho.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Ná me botae ara ne sɛ metu akɔ China akɔbɔ kung fu wɔ hɔ. M’ahoboa no mu ara, da koro anwummere bi a m’ani abere rebɔ kung fu no, metee kɔkɔɔkɔ. Menkɔhwɛ a, m’adamfo bi na ɔne Yehowa  Adansefo mmienu aba me nkyɛn yi. Ná mehyɛ kung fu atade tuntum bi, na na mfifiri aguare me. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Bible de, minnim ho hwee.” Sɛ obi ka kyerɛɛ me sɛ efi saa da no m’asetena bɛsesa a, anka merennye nni.

Adansefo no de Bible kyerɛkyerɛɛ me ma mibehui sɛ nnipa ntumi ntu ntɛnkyea ne awudisɛm ase da, efisɛ nea ɔhyɛ saa nneɛma no nyinaa akyi ne Satan Ɔbonsam. (Adiyisɛm 12:12) Ná Adansefo no ho dwo, na wohwɛ wɔn a wutumi hu sɛ wonim nea wɔreka, enti ɛmaa m’ani gyee wɔn ho paa. Afei nso wɔkyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn wɔ din, na ɛno kaa me koma. (Dwom 83:18) Wɔsan ne me kenkan 1 Timoteo 4:8. Ɛhɔ kan sɛ: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso kakra; nanso onyamesom pa so wɔ mfaso ade nyinaa mu, efisɛ ekura nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba no ho bɔhyɛ.” Saa nsɛm no pusuw me paa.

M’abusuafo ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ mma wonnsi hɔ bio, enti me ne wɔn ntam tetewee. Nanso meyɛɛ m’adwene sɛ megyae kung fu no na masua Bible. Me nuanom ani annye ho, nanso na m’ani abere paa sɛ mɛhwehwɛ Yehowa Adansefo akyi kwan na me ne wɔn asan afi Bible adesua ase.

Mehwehwɛɛ Adansefo no ara nso manhu wɔn. Emu hɔ no, nsɛm bi totoo yɛn abusua no ma midii awerɛhow. Emu baako ne sɛ me papa wuu mpofirim. Saa bere no, adwuma a na mewɔ mu no, na yesisi adan. Da bi, na mayɛ bosaa, enti adwumayɛfo no biako a wɔfrɛ no Adel bisaa me nea ɛhaw me. Ɔkaa owusɔre ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛɛ me. Efi hɔ no, Ɔdansefo a ne yam ye na ɔpɛ nnipa yi ne me suaa Bible abosome nkron.

Adesua no rekɔ so no, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mesesa me suban koraa. Ná ɛnna fam, efisɛ ɛnkyɛ na me bo afuw. Nanso Bible no boaa me ma mihuu sɛnea mɛhyɛ me ho so na madi m’abufuw so. Asɛm baako a ɛboaa me ne Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 5:44 no. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” Foforo nso ne Romafo 12:19. Ɛka sɛ: “Munnni mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” Bible mu nsɛm yi ne afoforo aboa me ma nkakrankakra, madwo.

SƐNEA ABOA ME:

Ahyɛase no, na m’abusuafo ani nnye ho sɛ me ne Yehowa Adansefo besua ade. Nanso afei de wɔabenya obu ama Adansefo no. Seesei mpo, me nua barima baako abɛka me ho ma yɛresom Yehowa. Me maame nso kaa Yehowa Adansefo som ho asɛmpa kosii sɛ owui.

Yehowa adom me ɔbaa kamakama bi a ne din de Anita, na yɛde yɛn bere fã kɛse ka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Efi afe 2000 no, me ne me yere Anita akɔtena Eskilstuna a ɛwɔ Sweden, na yɛde Bible no rekyerɛkyerɛ nnipa a wɔka Arab kasa.

Meda so ara di yaw sɛ awudisɛm nti nnipa bi rehu amane. Nanso, minim nea enti a saa nneɛma no sisi, na minim nso sɛ Onyankopɔn bɛma ne nyinaa to atwa. Enti m’ani gye, na mewɔ akomatɔyam.Dwom 37:29.

Me ne me yere de anigye paa na ɛreyɛ asɛnka adwuma no. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛreboa nkurɔfo ama wɔahu Yehowa