Onyankopɔn Yɛ Tumi Bi Kɛkɛ Anaa?

Onyankopɔn Yɛ Tumi Bi Kɛkɛ Anaa?

Nea Bible ka

 Wohwɛ abɔde nyinaa mu a, wobɛhu sɛ Onyankopɔn de ne tumi a ɛnni ano no di dwuma wɔ akwan pii so. Bible ka sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nsoromma mpempem pii no ho asɛm sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Ɔno [Onyankopɔn] na obu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn. Na n’ahoɔden dodow ne ne tumi mmoroso nti, wɔn mu biako mpo nyera.”​—Yesaia 40:25, 26.

 Nanso Onyankopɔn nyɛ tumi kɛse bi kɛkɛ. Bible ma yɛhu sɛ Onyankopɔn wɔ atenka, enti ɔtumi kyerɛ ne dɔ, na nneɛma bi wɔ hɔ nso a ɔkyi. (Dwom 11:5; Yohane 3:16) Bible san ma yɛhu sɛ nneɛma a nnipa yɛ tumi ma Onyankopɔn ani gye anaa ɔdi yaw mpo.​—Dwom 78:40, 41.