Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa?

Bible no da nsow, na saa na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ. Wɔatintim Bible no ɔpepepem pii wɔ kasa bebree mu. Nyansa a ɛwɔ Bible mu no tumi sesa nnipa ma wɔbɔ bra pa.Kenkan 1 Tesalonikafo 2:13; 2 Timoteo 3:16.

Yenim sɛ Bible yɛ Onyankopɔn nhoma, efisɛ ɛka nea ebesi daakye a, ɛba mu. Onipa biara nni hɔ a obetumi de ne tumi ayɛ saa. Ma yɛmfa Yesaia nhoma no nyɛ nhwɛso. Wohuu Yesaia nhoma mmobɔwee bi wɔ ɔbodan bi mu wɔ Po a Awu no nkyɛn; wɔyɛɛ saa nhoma mmobɔwee no bɛboro mfe ɔha ansa na wɔrewo Yesu. Ná wɔakyerɛw wɔ mu sɛ Babilon bɛyɛ amamfõ. Yesu baa asase so kɔe no, mfe pii akyi na saa asɛm no baa mu.Kenkan Yesaia 13:19, 20; 2 Petro 1:20, 21.

Sɛn na wɔkyerɛw Bible no?

Bible no, wɔde bɛyɛ mfe 1,600 na ɛkyerɛwee. Nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no, na wɔn nyinaa ano hyiae; obiara antwe ne yɔnko ano anwɔ fam. Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye saa? Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔnkyerɛw.Kenkan 2 Samuel 23:2.

Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, ɛtɔ da bi a na Onyankopɔn nam abɔfo so, anisoadehu, anaa dae so na ɛkasa kyerɛ wɔn. Mpɛn pii no, Onyankopɔn de nsɛm no hyɛ wɔn adwenem na wagyae ama wɔn, na wɔde wɔn ankasa nsɛm akyerɛw asɛm a Onyankopɔn de ama wɔn no.Kenkan Adiyisɛm 1:1; 21:3-5.