Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Asomdwoe​—Adɛn Nti na Abɔ Nnipa Saa?

Wiase Asomdwoe​—Adɛn Nti na Abɔ Nnipa Saa?

Nea Bible ka

 Nnipa abɔ mmɔden biara sɛ wɔde asomdwoe bɛba asase so. Nanso ɛnyɛɛ yiye, na ɛrenyɛ yiye nso da. Nea enti a ɛte saa nie:

  •   “Ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ yɛnni yɛn ho so, na tumi a yɛde bɛyɛ saa nso, wamfa amma yɛn. Enti asomdwoe a ɛde asomdwoe paa deɛ nnipa rentumi mma yɛnnya bi.

  •   “Mommfa mo werɛ nnhyɛ nnipa a wɔdi mo anim mu; onipa biara rentumi nnye mo nkwa. Sɛ wɔwu a, wɔsan dane dɔte; saa da no ara, nneɛma a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ nyinaa yera.” (Dwom 146:3, 4, Good News Translation) Nea ɛkɔfa ɔko ba no, aban mpanyimfoɔ a wɔwɔ adwempa mpo rentumi nntu aseɛ.

  •   “Nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a wɔyi afoforɔ ma, wɔn a wɔyɛ asobrakyeɛ, wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ.” (2 Timoteo 3:1–4) Yɛte wiase bɔne yi “nna a ɛdi akyire” mu. Suban a nnipa da no adi seesei no ama asomdwoeɛ ho ayɛ den wɔ asase so.

  •   “Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.” (Adiyisɛm 12:12) Wɔato Onyankopɔn tamfo Bonsam afi soro aba asase so. Ɔbonsam yɛ otirimɔdenfoɔ, na ɔhyɛ nnipa nkuran ma wɔsuasua ne subammɔne no. Enti, Satan da so ara yɛ “wiase yi sodifoɔ” yi, asomdwoe a ɛde asomdwoe deɛ, yɛrentumi nnya bi da.​—Yohane 12:31.

  •   “[Onyankopɔn Ahennie bɛbubu] ahennie hodoɔ [a ɛko tia Onyankopɔn] no nyinaa ama no asã, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.” (Daniel 2:44) Wiase asomdwoe a nnipa aban apere apere ara nanso wɔntumi mfa mmaeɛ no, Onyankopɔn Ahenni deɛ ɛde bɛba.​—Dwom 145:16.