Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Mede Sii M’ani So sɛ Medi Sɔfo”

“Mede Sii M’ani So sɛ Medi Sɔfo”
  • AFE A WƆWOO NO: 1957
  • ƆMAN A OFI MU: MEXICO
  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆKƆ ASƆFODI SUKUU; NÁ ƆWƆ KOKO BƆNE

ME KAN ASETENA:

Kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Texcoco no, ɛhɔ na wɔwoo me. Saa bere no na ɛhɔ akwan nyinaa yɛ mfutukwan. Ná nkurɔfo de nneɛma soa mfurum de fi nkuraase-nkuraase ba hɔ bɛtɔn. Ná yɛyɛ mmofra baakron, na na me na meto so ason; ná yɛyɛ ahiafo paa. Ná me papa bobɔ mpaboa mu; ɛno na na ɔyɛ de hwɛ yɛn. Nanso midii mfe ason na me papa wui. Efi saa bere no yɛn ano aduan bɛdaa me maame nko ara so.

Ná me nanabarima bɔ sanku; na ɔsan da nnwontofo kuw bi ano; na wɔakwadare asɔre nnwom mu paa. M’abusuafo de, ɛreyɛ ayɛ sɛ na obiara tumi bɔ sanku bi. Yɛn asɔre nnwontofo kuw no, na me maame ka ho. Me wɔfa nso, na ɔto nnwom paa, na na onim sanku bɔ. Ná yɛpɛ nyamesom paa. Meyɛ abofra no, na meyɛ afɔrepon somfo (altar boy); na mepɛ sɛ daakye meyɛ Katolekni ɔsɛmpatrɛwfo, nanso na m’ani gye karate sini ho. Saa sini no a mehwɛe nti, ɛyɛ a ɛnkyɛ na mereto me nsa.

Mede sii m’ani so sɛ medi Katolek sɔfo, ɛno nti mekɔɔ asɔfodi sukuu bi wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Puebla. Nanso aka afe ama mawie sukuu no, nneɛma bi a na ɛrekɔ so wɔ Katolek Asɔre no mu maa m’aba mu bui. Abeawa bi a na ɔwɔ sukuu mu hɔ ani begyee me ho pɛe sɛ me ne no da. Mampene so, nanso ɛma minyaa aware ho akɔnnɔ. Afei nso, mihui sɛ asɔfo no pii yɛ nyaatwom. Nea ɛbae ara ne sɛ, migyaee asɔfodi no akyidi.

Meyɛ abofra no, na meyɛ afɔrepon somfo (altar boy), na na mepɛ sɛ meyɛ Katolekni ɔsɛmpatrɛwfo, nanso na metaa hwɛ karate ho sini paa enti ɛnkyɛ na mereto me nsa

 Meyɛɛ sɛ mesua nnwonto wɔ baabi a ɔman no kora ne nnwom wɔ Mexico City. Miwiee sukuu no, mewaree, na ankyɛ na yɛwoo mma baanan. Metoo dwom wɔ Katolek Asɔre no mu de hwɛɛ me yere ne me mma.

Yɛwaree no, anni gyina na nsɛmnsɛm baa yɛn aware no mu. Ná me ne me yere ko, na nea ɛkɔfa ntɔkwaw no ba ne koratwe a ɛwɔ yɛn mu. Mfiase no de, na yetwa yɛn ho adapaa, nanso eduu baabi no, na adan atwɛre. Afei mfe 13 akyi no, yɛtetew mu ma obiara kɔtenaa ne baabi, na akyiri yi, yegyaee aware koraa.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Mihyiaa Yehowa Adansefo ansa na me ne me yere retetew mu. Da koro Adansefo baanu bɛbɔɔ yɛn pon mu, na wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wɔne me sua Bible. Ná migye me ho di sɛ minim Bible mu araa ma, enti meyɛɛ m’adwene sɛ me ne wɔn de besi ani na makyerɛ wɔn sɛ nea wɔreka no nyɛ nokware. Nsɛm a mibisae no, na ɛyɛ me sɛ ɛyɛ den paa na obiara rentumi mma ho mmuae nso. Nanso wɔde Bible no maa me mmuae a ɛtɔ asom, na me ho dwiriw me. Ɛhɔ na mihui sɛ sɛɛ minnim hwee. Me yere antew n’anim amma Adansefo no, na me nso na minni adagyew, enti wogyaee hɔ ba.

Mfe anum akyi no, mekɔfaa ɔbea foforo ne no tenae; ne din de Elvira. Saa bere no ara na Yehowa Adansefo san baa me nkyɛn. Elvira tew n’anim maa Adansefo no, enti ɛmaa Bible adesua no kɔɔ so. Ne nyinaa akyi no, ɛkyɛe paa ansa na meresesa me suban.

Mihui sɛ, sɛ metumi asom Yehowa yiye paa a, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae pii wɔ m’asetenam. Ade a edi kan a na ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ megyae nnwom a na meto wɔ Katolek Asɔre no. Eyi nti, na ɛsɛ sɛ mepɛ adwuma foforo yɛ. (Adiyisɛm 18:4) Afei nso, na ɛsɛ sɛ mehyɛ da ware Elvira yiye.

Ade biako a na ɛwɔ me ho ne sɛ na me koko nye koraa, na mereyɛ ho adwuma no, mebrɛe paa. Bible mu nsɛm abien bi boaa me paa: Biako ne Dwom 11:5 a ɛka sɛ Yehowa kyi awudisɛm; biako nso ne 1 Petro 3:7, na ɛno nso ma mihui sɛ mepɛ sɛ Yehowa tie me mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ midi me yere ni. Midwinnwen saa nsɛm no ho bɔɔ Yehowa mpae, na nkakrankakra mitumi yɛɛ ho adwuma.

Bible akyerɛ me sɛ, sɛ mepɛ sɛ Yehowa tie me mpaebɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ mede nidi ma me yere

SƐNEA ABOA ME:

Afei de yɛwɔ anigye wɔ yɛn abusua mu. Mma a me ne ɔbea a odi kan no woo wɔn no, merebɔ mmɔden asiesie me ne wɔn ntam. Afei nso mereyere me ho aboa me yere ne me mma a me ne wɔn te seesei no ama wɔanya gyidi kɛse.

Bere a meyɛ abofra no, mede sii m’ani so sɛ medi sɔfo na maboa nkurɔfo. Afei paa na mahu sɛ manya akomatɔyam wɔ asetenam. Mekyerɛ nnwom, na ɛno na mede hwɛ me yere ne me mma. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ Yehowa nyaa me ho abotare, na ɔmaa me kwan ma mitumi sesa bɛyɛɛ onipa foforo!