Twi
Yehowa Adansefo Gye Di sɛ Wɔn Nko Ara na Wobenya Nkwa Anaa?
https://cms-imgp.jw-cdn.org/img/p/502012467/univ/art/502012467_univ_sqr_xl.jpg
ijwfq asɛm 4

Mote Nka sɛ Mo Nko Ara na Mubenya Nkwa?

Mote Nka sɛ Mo Nko Ara na Mubenya Nkwa?

 Dabi. Nnipa ɔpempem pii tenaa ase mfe pii atwam ni a na wɔnyɛ Yehowa Adansefo, nanso wɔbɛdom wɔn agye wɔn nkwa. Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ wiase foforo bɛba, na sɛ ɛba a, “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Asomafo Nnwuma 24:​15) Afei nso, nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a, akyiri yi na wɔbɛba abɛsom Onyankopɔn; saafo no nso benya nkwa. Nanso sɛ obi benya nkwa oo, sɛ ɔrennya nkwa oo, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ. Yesu na ɔbɛyɛ saa adwuma no.​—Yohane 5:​22, 27.