Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

So Wubetumi Atena Ase Daa?

So Wubetumi Atena Ase Daa?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Adɛn nti na yɛn nkwa yɛ tiaa saa?

Akyekyere binom tumi di mfe 150, na nnua bi nso tumi di mfe 3,000. Sɛ wode mfe a akyekyere ne nnua tumi di no toto nnipa de ho a, wubehu sɛ nnipa nkwa yɛ tiaa koraa. Nanso nnipa tumi de wɔn nkwa nna yɛ nneɛma papa sen akyekyere ne dua. Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wobetumi atie nnwom, adi agoru, adidi, asua ade, atutu akwan na wɔne nnipa foforo nso abɔ. Onyankopɔn de nkwa a enni awiei ahyɛ yɛn komam.—Kenkan Ɔsɛnkafo 3:11.

2. Yebetumi atena ase daa ampa?

Yehowa te ase daa. Onwu da. Ɔno na ɔma nkwa, enti obetumi nso ama ebinom daa nkwa. (Dwom 36:9; Habakuk 1:12) Bio nso wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔn a wotie n’asɛm no daa nkwa. Ɔbɛma nkwakoraa ne mmerewa asan ayɛ mmerante ne mmabaa.—Kenkan Hiob 33:24, 25; Yesaia 25:8; 33:24.

Yesu de anwonwade ahorow a ɔyɛe no kyerɛe sɛ Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔde daa nkwa ne apɔwmuden bɛba no, yebetumi agye adi paa. Yesu saa nyarewa pii na onyanee wɔn a wɔawuwu mpo.—Kenkan Luka 7:11-15, 18, 19, 22.

 3. Daa nkwa bɛba dabɛn?

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtena ase daa wɔ paradise asase so na ɛnyɛ wiase a nhyɛso ne basabasayɛ ahyɛ mu ma. Ɔpɛ sɛ yenya bammɔ. (Dwom 37:9, 29; Yesaia 65:21, 22) Sɛ asase dan Paradise a, nnipa mpempem bebree a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu bio. Sɛ wonyan awufo a, wɔn a wɔbɛsom Onyankopɔn na wɔatie n’asɛm no bɛtena ase daa.—Kenkan Luka 23:42, 43; Yohane 5:28, 29.

4. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanya daa nkwa?

Yɛ nea wubetumi biara sɛ wubesua Onyankopɔn ho ade, efisɛ mfaso wɔ so

Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama yɛn daa nkwa. Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu no yiye na ama yɛabɛn no. Bible de Onyankopɔn ho ade a yebesua no toto aduan a yebedi ho. (Mateo 4:4) Aduan yɛ dɛ, nanso adwuma wɔ ho. Honhom fam aduan a yebedi nso, adwuma wɔ ho. Nanso dɛn na ɛkyɛn sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn na yɛanya daa nkwa?—Kenkan Luka 13:23, 24; Yohane 6:27; 17:3.