Hiob 33:1-33
33 “Afei Hiob, mepa wo kyɛw, tie me nsɛm;Tie nea mɛka biara.
2 Mepa wo kyɛw, hwɛ! Mebue m’ano;Me tɛkrɛma* bɛkasa.
3 Me nsɛm kyerɛ sɛnea me koma mu tew,+Na nea minim no, m’ano bɛka no pɛpɛɛpɛ.
4 Onyankopɔn ankasa honhom na ɛyɛɛ me,+Na ade nyinaa so Tumfo no home na ɛde me baa nkwa mu.+
5 Sɛ wowɔ asɛm bi a, wubetumi aka akyerɛ me;Sɛ wowɔ biribi ka a, ka kyerɛ me; yɛ krado.
6 Hwɛ! Sɛnea wote wɔ nokware Nyankopɔn no ani so no, saa ara na me nso mete;Me nso, dɔte na wɔde nwenee me.+
7 Enti ɛnsɛ sɛ wusuro me,Na merenka asɛm a ebebubu wo.
8 Nanso woaka ama mate;Ampa, woaka ama mate mpɛn pii sɛ,
9 ‘Me ho tew, na bɔne biara nni me ho;+Efĩ nni me ho, na mfomso biara nni me ho.+
10 Nanso Onyankopɔn anya biribi agyina so adi atia me;Obu me sɛ ne tamfo.+
11 Ɔde me nan bɔ nnua mu;Ɔfeefee m’akwan nyinaa mu.’+
12 Nanso woka saa a, woanka no yiye. Enti mɛka ho biribi. Ɛne sɛ:
Onyankopɔn kyɛn onipa dasani koraa.+
13 Adɛn nti na wobɔ No sobo?+
Nsɛm a wokekae a wanka ho hwee no nti anaa?+
14 Onyankopɔn kasa baako, ɔkasa mprenu,Nanso obiara ntie.
15 Ɔkasa wɔ ɔdae mu, anadwo anisoadehu mu,+Bere a nnipa ada hatee,Bere a nnipa ada wɔ wɔn mpa so.
16 Afei oyi nea ɛkata wɔn aso no,+Na otim* akwankyerɛ a ɔde ama wɔn no so,
17 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma onipa atwe ne ho afi bɔne ho,+Na wabɔ ɔbarima ho ban na wanyɛ ahantan.+
18 Onyankopɔn gye ne kra* na ankɔ amoa* mu,+Na ɔbɔ ne nkwa ho ban, na sekan* ankum no.
19 Ɛyaw a onipa di wɔ ne mpa so kasa kyerɛ no,Na ne nnompe mu a ɛwe no daa no nso ka n’anim,
20 Ɛba saa a, aduan yɛ no* abofono,Na aduan a ɔpɛ paa mpo, ɔpo.*+
21 Ne honam hiMa ne nnompe a na ahintaw no puepue.*
22 Ne kra* keka kɔ amoa* ano,Na ne nkwa keka kɔ wɔn a wɔde owu ba ho.
23 Sɛ ɔsomafo* bi wɔ hɔ ma no,Ɔkasamafo baako a ɔda apem mu,A ɔbɛkyerɛ onipa nea ɛteɛ a,
24 Ɛnde Onyankopɔn dom no, na ɔka sɛ,‘Gye no na wankɔ amoa* mu!+
Manya agyede!+
25 Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm* nsen ɔbabun honam;+Ma ɔnsan nnya ne mmabunbere mu ahoɔden no bio.’+
26 Ɔbɛpa Onyankopɔn kyɛw,+ na Onyankopɔn begye no atom,Na ɔde ahurusi na ebehu N’anim,Na Ɔbɛsan abu onipa dasani ɔtreneeni bio.
27 Saa onipa no bɛka* akyerɛ nkurɔfo sɛ,‘Mayɛ bɔne,+ na makyea nea ɛteɛ,Nanso mannya nea ɛsɛ me.*
28 Wagye me kra* na ankɔ amoa* mu;+Na me nkwa behu hann.’
29 Ampa! Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa;Ɔyɛ no mprenu ne mprɛnsa ma ɔbarima,
30 Sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi no* afi amoa* mu,Na ama nkwa hann ahyerɛn no so.+
31 Hiob, yɛ aso! Tie me!
Yɛ komm, na mentoa so nkasa.
32 Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, ka kyerɛ me.
Kasa, efisɛ mepɛ sɛ mema wohu sɛ wudi bem.
33 Sɛ wunni hwee ka a, ɛnde tie me;Yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nt., “Me tɛkrɛma ne m’anom.”
^ Nt., “ɔde ahyɛnsode tim.”
^ Anaa “nkwa.”
^ Anaa “ɔdamoa.”
^ Anaa “akode.”
^ Anaa “ne kra po.”
^ Nt., “ne nkwa.”
^ Anaa “ho da hɔ.”
^ Anaa “nkwa.”
^ Anaa “ɔdamoa.”
^ Anaa “ɔbɔfo.”
^ Anaa “ɔdamoa.”
^ Anaa “nyɛ kamakama; nnya ahoɔden.”
^ Nt., “bɛto dwom.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Na mannya mfaso biara amfi so.”
^ Anaa “me nkwa.”
^ Anaa “ɔdamoa.”
^ Anaa “ne kra.”
^ Anaa “ɔdamoa.”