Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mmere Mu​—Mpataayifo

Bible Mmere Mu​—Mpataayifo

Bible Mmere Mu​—Mpataayifo

“[Yesu nam] Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu bi, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau wɔ po mu, efisɛ na wɔyɛ mpataayifo. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.’”—MATEO 4:18, 19.

MPATAA, mpataayi, ne mpataayifo ho nsɛm pii wɔ Nsɛmpa no mu. Mfatoho a Yesu yɛe no mpo, emu pii fa mpataayi ho. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ ɔde ne bere pii kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ Galilea Po no ho ne mmeae a ɛbɛn hɔ. (Mateo 4:13; 13:1, 2; Marko 3:7, 8) Galilea Po no yɛ ɔtare fɛfɛ bi a ne tenten bɛyɛ kilomita 21, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛboro kilomita 11. Yesu asomafo no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii yɛ mpataayifo—Petro, Andrea, Yakobo, Yohane, Filipo, Toma, ne Natanael.—Yohane 21:2, 3.

Yesu bere so no, na mpataayi adwuma no te dɛn? Momma yensua mpataayifo no ne wɔn adwuma no ho nneɛma bi. Ɛbɛma yɛahu sɛnea na asomafo no asetena te, na ama yɛate nneɛma a Yesu yɛe ne mfatoho a ɔyeyɛe no ase yiye. Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ sɛnea na Galilea Po no so adwumayɛ te.

“Ahum Kɛse Bi Tui Po no So”

Galilea Po no yɛ tare a ɛda bon mu, na ɛwɔ fam sen po bɛyɛ mita 210. Mmepɔw atwa ho ahyia, na Bepɔw Hermon ayi ne ho tenteenten wɔ Galilea Po no atifi fam. Edu awɔw bere a, mframa a ɛyɛ nwunu tumi bɔ fa Galilea Po no so. Ahohuru bere nso, nsu no mu tumi yɛ hyew. Ahum a ano yɛ den bobɔ fi mmepɔw no mu bɛhaw akwantufo a wɔretwa po no. Ahum a ɛte saa bi na ɛbɔe bere a na Yesu ne n’asuafo no retwa saa po no.—Mateo 8:23-27.

Akorow a na mpataayifo de yɛ adwuma no, na ebiara tenten bɛboro mita 8, na ne ntwemu bɛboro mita 2. Akorow no pii wɔ hɔ a, na hyɛnnua wom, na na adan nketewa hyehyɛ mu. (Marko 4:35-41) Akorow no ntu mmirika nanso ɛwɔ ahoɔden na etumi mframa; bere a mframa twe mframatama ne hyɛnnua no de ani kyerɛ baabi no, asau no mu duru nti korow no ntɔ nkɔ afã.

Mmarima no de atabon na na ɛhare ɔkorow no wɔ fã ha ne fã ha. Mpataayifo baasia anaa nea ɛboro saa na na wɔwɔ ɔkorow biako biara mu. (Marko 1:20) Afei nso na hyɛnnua ne nneɛma bi wɔ korow no mu te sɛ mframatama (1), nhama (2), atabon (3), ɔbo a wɔde to sɛkyɛ (4), ntade a wɔde ko awɔw (5), nnuan (Marko 8:14) (6), nkɛntɛn (7), sumii (Marko 4:38) (8), ne asau (9). Ebetumi aba sɛ wɔfaa nneɛma a etumi ma korow tɛn nsu ani (10), nea etumi ma asau kɔ nsu ase (11), nnwinnade a wɔde siesie korow (12), ne gyatɛn (13).

“Wobumaa Mpataa Pii”

Ɛnnɛ, yɛn bere yi te sɛ Yesu bere no pɛpɛɛpɛ. Baabi a na wɔtaa nya nam wɔ Galilea Po no mu ne nsubura ne nsubɔnten a na ɛbɛbɔ po no mu no ano. Nsubura ne nsubɔnten no ano hɔ na na afifide pii fa ba po no mu, na na afifide no twetwe nam. Yesu bere so no, na mpataayifo taa kɔ po anadwo. Ɛda bi Yesu asuafo no bi de anadwo mũ nyinaa hwehwɛɛ nam, nanso wɔannya bi. Na ade kyee no, Yesu kyerɛɛ wɔn baabi a wɔmfa wɔn asau no nkogu, enti woyii mpataa bebree, maa anka wɔn akorow no remem.—Luka 5:6, 7.

Ɛtɔ mmere bi a na mpataayifo no kɔ akyiri wɔ po so. Sɛ wodu baabi a wobeyi nam no a, na wɔde akorow abien na ɛyɛ adwuma. Wogu asau no wɔ akorow abien no ntam; afei korow biako fa ha na biako nso afa ha kosi sɛ wobegu asau no awie. Ebedu sɛ wɔbɛkɔ abehyia no, na wɔaka nam no ahyɛ mfinimfini. Sɛ akorow no kɔ behyia a, na mpataa no abɛhyɛ asau no mu. Afei wɔtwetwe nhama a esuso asau no mu no, na wohwie nam a wɔanya no gu akorow no mu. Ebetumi aba sɛ, sɛ wɔtwe asau no mu a, ne tenten mu yɛ mita 30, na sɛ wɔtwe mu kɔ soro nso a, emu tenten bɛboro mita 2; enti, na mpataa bebree tumi kɔ mu. Ná wɔde biribi suso asau no mu ma ɛsoro no tɛn nsu no ani na wɔde nneɛma a emu yɛ duru nso suso ase ma ɛtwe no kɔ nsu no ase. Sɛ mpataayifo no de nam no begu akorow no mu a, na wɔasan akogu asau no, na wɔyɛ saa nnɔnhwerew pii.

Sɛ mpataayifo no ankɔ akyiri pii de a, wɔwɔ kwan foforo a wɔfa so yi nam no. Ná wɔde korow twe asau no fã biako fi mpoano kɔ po no mu na wɔahare atwa wɔn ho akɔ abesi mpoano hɔ bio. Afei mmarima a wɔwɔ mpoano hɔ no twe asau no yi nam no gu hɔ, na woyiyi mu. Wɔde mpataa pa no gu ade mu; ebi wɔ hɔ a, wɔtɔn wɔ hɔ ara. Ebi nso wɔ hɔ a, wɔhata na wɔahyɛ no nkyene, na ebi wɔ hɔ nso a wɔde gu ade mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe. Akyiri yi wɔde kɔ Yerusalem anaa nkurow foforo so kɔtɔn. Nam a enni ntɛtɛw te sɛ aberekuri de, na wobu no sɛ ɛho ntew, enti na wɔtow gu. (Leviticus 11:9-12) Bere a Yesu kae sɛ “ɔsoro ahenni” te sɛ asau a eyi mpataa ahorow pii no, saa kwan a wɔfa so yi mpataa yi ho asɛm na na ɔreka, na ɔde mpataa ahorow no totoo nnipa pa ne nnipa bɔne ho.—Mateo 13:47-50.

Sɛ ɛyɛ obiakofo de a, ɔde hama ne darewa a nam hyɛ ano na eyi nam. Ebi wɔ hɔ nso a, ɔde atena na eyi nam no. Sɛ ɔrebɛtow atena no a, osi nsu no mu na ɔde atena no gu ne nsa so tow kɔ soro gyae mu kogu nsu no mu. Sɛ atena no gu nsu no mu a, sɛnea ano te no nti ɛkɔ ase, na ɛtɔ da a, ɔbɛtwe aba no na nam kakra aba mu; ɔde hama a ɛsa atena no mfinimfini na ɛtwetwe fi nsu no mu.

Ná asau ne atena a wɔde yi nam no bo yɛ den paa, enti na wɔyɛ ho adwuma pii de siesie, na na wɔhwɛ so yiye nso. Bere biara a mpataayifo bɛkɔ po aba no, na wɔde bere pii tuatua wɔn asau mu, na wɔhoro hata. (Luka 5:2) Bere a Yesu frɛɛ ɔsomafo Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wommedi n’akyi no, na wɔtete wɔn korow mu retuatua wɔn asau mu.—Marko 1:19.

Mpataayifo a na wɔwɔ Yesu bere so no, nam a na wɔtaa yi paa ne tilapia. Ná ɛyɛ nam a Galileafo pɛ paa, na ebetumi aba sɛ Yesu wee nam dɛdɛ yi bi. Ebia tilapia abien a wɔahyɛ no nkyene na ɔde yɛɛ anwonwade maa nnipa mpempem pii aduan dii no. (Mateo 14:16, 17; Luka 24:41-43) Saa apataa yi wɔ nsu mu a, ɔtaa de ne ba hyɛ n’anom. Na sɛ wamfa ne ba anhyɛ n’anom a, ɔfa ɔbo hyɛ n’anom, anaa ɔde sika a akogu po ase no bi hyɛ n’anom.—Mateo 17:27.

Yesu bere so mpataayifo a na adwuma no kɔ yiye ma wɔn no, na wɔwɔ ntoboase, na wɔnyɛ anihaw, na na wɔyere wɔn ho wɔ tebea biara mu yɛ adwuma de nya nea wɔrehwehwɛ. Wɔn a Yesu frɛɛ wɔn ma wɔbɛyɛɛ asɛnka adwuma no, na wohia saa su ahorow no bi na atumi ama wɔayɛ “nnipa yifo.”—Mateo 28:19, 20.

[Kratafa 19 mfonini]

(Hwɛ nhoma no mu)