Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kakraa Bi na Wobedi Ade, Nanso Nnipa Pii Benya so Mfaso

Kakraa Bi na Wobedi Ade, Nanso Nnipa Pii Benya so Mfaso

Kakraa Bi na Wobedi Ade, Nanso Nnipa Pii Benya so Mfaso

EFI asomafo no bere so no, Onyankopɔn akɔ so apaw Kristofo anokwafo kakraa bi afi adesamma mu, na wagye wɔn sɛ ne mma. Nsakrae a saa mma a wɔagye wɔn yi fa mu no di mũ ara ma Onyankopɔn Asɛm ka ho asɛm sɛ, ɛyɛ awo foforo. Awo foforo no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie saa Onyankopɔn asomfo a wɔawo wɔn foforo no ma wɔakodi ade wɔ soro. (2 Timoteo 2:12) Wonyan wɔn fi owu mu ma wɔkɔ soro na ama wɔatumi akodi ade. (Romafo 6:3-5) Sɛ wɔkɔ soro a, wɔne Kristo ‘bedi asase so ahene.’—Adiyisɛm 5:10; 11:15.

Nanso Onyankopɔn Asɛm san ka sɛ, wɔ wɔn a wɔawo wɔn bio no akyi no, nnipa binom nso benya daa nkwa. Bible no (Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no) kyerɛ sɛ, Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obegye nnipakuw abien—nnipakuw ketewaa bi a wobedi ade wɔ soro, ne nnipakuw kɛse a wɔbɛyɛ ahenni no nkoa a wɔbɛtena asase so. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea ɔsomafo Yohane kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo gyidifo a na wɔawo wɔn foforo no nsow. Ɔkaa Yesu ho asɛm sɛ: “Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata afɔre, na ɛnyɛ yɛn [kuw ketewaa no] de nko, na mmom wiase nyinaa [kuw kɛse no] nso de bi.”—1 Yohane 2:2.

Saa ara na ɔsomafo Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Abɔde no [kuw kɛse no] de anigyina retwɛn Onyankopɔn mma [kuw ketewaa no] ahoyi denneennen.” (Romafo 8:19-21) Yɛbɛte asɛm a ɔsomafo Yohane ne ɔsomafo Paulo kae no ase dɛn? Saa kwan yi so no: Wɔn a wɔawo wɔn foforo no bɛyɛ ɔsoro aban no mufo. Dɛn na wɔrekɔyɛ wɔ hɔ? Wɔrekɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ɔpepem pii a yennim wɔn dodow, Onyankopɔn aban no nkoa a wɔbɛtena asase so no benya nhyira afebɔɔ. Enti, Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”Mateo 6:10.

Saa nokwasɛm yi a ɛfa nkwa a kuw abien yi benya no nso ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Yesu nanabarima Abraham no nsow: “W’aseni [kuw ketewaa no] so na asase so aman nyinaa [kuw kɛse no] nam benya nhyira.” (Genesis 22:18) Nokwarem no, wɔnam Abraham “aseni” no so na wobehyira aman nyinaa.

Hena ne saa “aseni” no? Ɛyɛ Yesu Kristo, ne wɔn a wɔawo wɔn foforo a wɔabɛyɛ Onyankopɔn mma no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo ampa.” (Galatifo 3:16, 29) Ɛnde, nhyira horow bɛn na nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu nam “aseni” no so benya? Wɔbɛsan anya Onyankopɔn anim dom, na wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so. Odwontofo Dawid hyɛɛ nkɔm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:29; Yesaia 45:18; Adiyisɛm 21:1-5.

Nokwarem no, wɔde ɔsoro ahenni no asi hɔ ama ebinom, nanso nnipa pii na wobenya nhyira horow a saa ahenni no de bɛba a daa nkwa a wobenya wɔ asase so ka ho no bi. Ɛmmra sɛ wo ne w’abusuafo nyinaa bɛka wɔn a wobenya nhyira horow a ɛbɛtena hɔ daa a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba no ho.—w09 04/01-E.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Nnipa ɔpepem pii benya daa nkwa wɔ asase so. So wobɛka wɔn ho?