Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?

So Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?

So Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—HEB. 4:12.

1. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so ahyɛn Onyankopɔn home mu ɛnnɛ, nanso dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama yɛn?

WƆ ADESUA a edi eyi anim mu no, yehui sɛ sɛ yetie Onyankopɔn asɛm na yɛne n’ahyehyɛde no bom yɛ adwuma a, yebetumi ahyɛn ne home mu. Saa a yɛbɛyɛ no betumi ayɛ den ama yɛn. Sɛ nhwɛso no, sɛ yehu sɛ Yehowa ani nnye biribi a yɛn ani gye ho ho a, mfiase no, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛntew atua. Sɛ ɛyɛ yɛn saa a, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesua sɛ ‘yɛbɛyɛ asoɔmmerɛw.’ (Yak. 3:17) Wɔ adesua yi mu no, yɛbɛka tebea ahorow bi a ɛbɛma yɛanya hokwan ada no adi sɛ yefi yɛn komam pɛ sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn bere nyinaa ho asɛm.

2, 3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ na ama Yehowa ani asɔ yɛn?

2 So ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wubegye Bible mu afotu atom? Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbɛboaboa “aman nyinaa mu nnepa” ano aba n’ahyehyɛde no mu. (Hag. 2:7) Nokwarem no, bere a yefii ase suaa nokware no, na yɛn mu dodow no ara nyɛ nneɛma pa. Nanso, Onyankopɔn ne ne Dɔba no ho dɔ kanyan yɛn ma yɛyɛɛ nsakrae akɛse wɔ yɛn nneyɛe ne yɛn abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani koraa. Yɛbɔɔ mpae hwehwɛɛ Yehowa mmoa, na yɛbɔɔ mmɔden yɛɛ nsakrae a ɛho hia, na awiei koraa no, yetumi bɔɔ asu, na yenyaa Yehowa anim dom.—Monkenkan Kolosefo 1:9, 10.

3 Nanso, esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, sɛ yɛbɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia yɛn sintɔ ahorow. Yɛbɛkɔ so ako atia yɛn sintɔ bere tenten a yɛnyɛ pɛ no. Nanso, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkɔ so ko tia yɛn sintɔ ahorow na yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ nea yebetumi biara de asɔ Onyankopɔn ani a, Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ no so.

Bere a Yehia Afotu

4. Akwan abiɛsa bɛn na wobetumi afa so de Kyerɛwnsɛm no atu yɛn fo?

4 Ansa na yebetumi adi sintɔ ahorow a yɛwɔ so no, ɛsɛ sɛ yedi kan hu yɛn sintɔ ahorow no. Ebia ɔkasa bi a ɛma yɛhwehwɛ yɛn komam a wɔma wɔ Ahenni Asa so a yebetie anaa yɛn nhoma ahorow no mu nsɛm bi a ɛma yesusuw nneɛma ho kɔ akyiri a yɛbɛkenkan bɛma yɛahu sintɔ bi a anibere wom a yɛwɔ. Nanso, sɛ wɔma ɔkasa no na yɛante ase, anaasɛ sɛ yɛkenkan afotu no na yɛn ankasa amfa anyɛ adwuma a, ebia Yehowa bɛma yɛn yɔnko Kristoni bi atwe yɛn adwene asi yɛn sintɔ no so.—Monkenkan Galatifo 6:1.

5. Kyerɛ nneyɛe bi a enye a sɛ wotu yɛn fo a yebetumi ada no adi no bi, na kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo kɔ so boa yɛn.

5 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ sɛ onipa a ɔtɔ sin tu yɛn fo a yebegye atom, ɛmfa ho sɛ ɔbɛfa anifere kwan so ne yɛn akasa wɔ ɔdɔ mu no. Nanso, sɛnea Galatifo 6:1 da no adi no, Yehowa ahyɛ asafo mu mpanyimfo no sɛ ‘wɔmmɔ mmɔden’ nnye yɛn nsi yiye wɔ “odwo honhom mu.” Sɛ yetie wɔn afotu no a, ɛbɛma yɛayɛ nnipa a wɔsom bo paa wɔ Onyankopɔn ani so. Yɛtaa ka yɛn sintɔ ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu. Nanso, sɛ obi twe yɛn adwene si yɛn sintɔ pɔtee bi so a, yɛbɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn ho bem, aka sɛ yɛn sintɔ no nhaw adwene pii, na ebia yɛaka sɛ nea ɔretu yɛn fo no mpɛ yɛn asɛm, anaasɛ yɛn ani nnye ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no ho. (2 Ahe. 5:11) Na sɛ afotu no fa biribi a yɛn ani nnye ho sɛ afoforo bɛka ho asɛm te sɛ yɛn busuani bi abrabɔ, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie, yɛn honam fam ahotew, anaa nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani a Yehowa ani nnye ho ho a, ebia yɛbɛka nsɛm bi a ɛnsɛ sɛ yɛka ma yɛanu yɛn ho akyiri yi, na ahaw nea otuu yɛn fo no nso! Nanso akyiri yi, sɛ yɛn bo dwo a, yɛtaa hu sɛ afotu a ɔde maa yɛn no yɛ nea ɛfata.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm da “komam adwene ne nsusuwii” adi?

6 Kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no kae yɛn sɛ “tumi wɔ” Onyankopɔn asɛm mu. Nokwarem no, Onyankopɔn asɛm wɔ tumi a ɛma nnipa sakra wɔn abrabɔ. Bible na ɛboaa yɛn ma yetumi sakraa yɛn abrabɔ ansa na yɛrebɔ asu, na saa ara na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ nsakrae wɔ yɛn abrabɔ mu wɔ yɛn asubɔ akyi. Paulo kyerɛwee wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu nso sɛ Onyankopɔn asɛm ‘tumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.’ (Heb. 4:12) Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yɛte nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ ase pefee a, nea yɛyɛ wɔ ho ma nea ɛwɔ yɛn koman ankasa da adi. So ɛtɔ bere bi a nsonsonoe wɔ sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so (a ɛno ne “ɔkra”) ne sɛnea yɛte wɔ komam (a ɛno ne “honhom”) no mu? (Monkenkan Mateo 23:27, 28.) Susuw sɛnea wobɛyɛ w’ade wɔ tebea ahorow a edidi so yi mu ho.

Kɔ So Ne Yehowa Ahyehyɛde no Nnantew

7, 8. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo binom ani gyee ho sɛ wɔbɛkɔ so adi Mose Mmara no bi so? (b) Ɔkwan bɛn so na nea wɔyɛe no kyerɛe sɛ na wonnye Yehowa atirimpɔw a na ɔreda no adi no ntom?

7 Yɛn mu dodow no ara betumi afi yɛn tirim aka asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 4:18 no. Ɛka sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Ɛno kyerɛ sɛ bere rekɔ so no, yebehu nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no yiye, na yɛatumi ayɛ nneɛma a ɛsɔ n’ani no yiye.

8 Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no, wɔ Yesu wu akyi no, ɛyɛɛ den maa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no mu pii sɛ wobegyae Mose Mmara no so di. (Aso. 21:20) Ɛwom sɛ Paulo kyerɛkyerɛɛ mu yiye sɛ Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase bio de, nanso wɔn mu binom annye asɛm a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no antom. (Kol. 2:13-15) Ebia wɔtee nka sɛ sɛ na wɔkɔ so di Mose Mmara no bi so a, ɛremma wɔntaa wɔn. Sɛnea ɛte biara no, Paulo kyerɛw Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ sɛ wɔannye Onyankopɔn atirimpɔw a na ɔreda no adi no antom a, wɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn home mu. * (Heb. 4:1, 2, 6; monkenkan Hebrifo 4:11.) Sɛ na wobenya Yehowa anim dom a, na ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ ɔpɛ sɛ ne nkurɔfo fa ɔkwan foforo so som no.

9. Sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ntease bi a yɛwɔ mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

9 Ɛnnɛ, wɔayɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ wɔ Bible nkyerɛkyerɛ bi mu. Ɛnsɛ sɛ eyi haw yɛn; ɛsɛ sɛ ɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no mu yɛ den. Sɛ “akoa” no ananmusifo no hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ adwene a yekura wɔ nokwasɛm bi ho mu anaasɛ wɔteɛ no a, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae no. Nea ɛho hia akoa kuw no paa ne sɛ wobegye Onyankopɔn atirimpɔw a ɔreda no adi no atom, na wonsuro sɛ afoforo bɛkasa atia wɔn wɔ nsakrae a wɔayɛ wɔ ntease bi a yɛwɔ mu ho. Sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ Kyerɛwnsɛm mu ntease bi a yɛwɔ mu a, dɛn na woyɛ wɔ ho?—Monkenkan Luka 5:39.

10, 11. Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa akwan foforo so nka asɛm no a, dɛn na yebetumi asua afi nea ebinom yɛe no mu?

10 Momma yensusuw asɛm foforo ho. Bɛyɛ mfe ɔha a atwam no, Bible Asuafo bi a na wɔyɛ baguam akasafo a wotu mpɔn paa tee nka sɛ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so ka asɛmpa no ne sɛ wɔbɛma ɔkasa ahorow. Ná wɔn ani gye ho sɛ wobegyina nnipa pii anim akasa akyerɛ wɔn. Sɛ na nkurɔfo kamfo wɔn wɔ ɔkasa a wɔma ho a, na ɛyɛ wɔn mu binom dɛ ankasa. Nanso, akyiri yi, ɛbɛdaa adi sɛ na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ asɛnka adwuma no wɔ akwan ahorow so, a na afie afie asɛnka adwuma no ka ho. Saa akasafo a wotu mpɔn no mu binom ampɛ sɛ wɔbɛfa akwan foforo biara so aka asɛm no. Wɔ nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea wɔdɔ Yehowa na wɔde wɔn ho ama no koraa. Nanso, bere a wɔdaa sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no adi pefee no, ɛmaa wɔn nsusuwii ne nea na ɛwɔ wɔn komam ankasa daa adi. Yehowa tee nka dɛn wɔ wɔn ho? Wanhyira wɔn. Wofii ahyehyɛde no mu.—Mat. 10:1-6; Aso. 5:42; 20:20.

11 Eyi nkyerɛ sɛ anyɛ den amma wɔn a wɔkɔɔ so tenaa ahyehyɛde no mu na wɔkaa asɛm no wɔ afie afie no. Mfiase no, na adwuma no yɛ den paa ma wɔn mu pii. Nanso, wɔyɛɛ osetie. Bere kɔɔ so no, ehu a na ɛwɔ wɔn mu no fii hɔ, na Yehowa hyiraa wɔn pii. Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ yɛ asɛnka adwuma no fã bi a wonyɛɛ bi da a, dɛn na woyɛ? So w’ani gye ho sɛ wobɛsɔ asɛnka adwuma no fã foforo bi ahwɛ?

Bere a Yɛn Dɔfo Bi Agyae Yehowa Som

12, 13. (a) Dɛn nti na Yehowa ka sɛ wontu nnebɔneyɛfo a wonnu wɔn ho no? (b) Sɔhwɛ bɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo binom hyia, na dɛn na ɛma sɔhwɛ no yɛ den kɛse?

12 Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn nyinaa gye tom sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani. (Monkenkan Tito 2:14.) Nanso, tebea ahorow bi wɔ hɔ a ebetumi ama ayɛ den sɛ yebedi saa ahyɛde yi so. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ awarefo bi a wɔyɛ Kristofo a wɔyɛ nhwɛso pa babarima koro pɛ a wɔwɔ afi nokware no mu. Esiane sɛ aberante no ani gyee ho sɛ “obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi” sen sɛ ɔne Yehowa ne n’awofo a wosuro Onyankopɔn no benya abusuabɔ nti, wotuu no fii asafo no mu.—Heb. 11:25.

13 Asɛm no ayɛ awofo no yaw paa! Nanso, wonim sɛ Bible ka tu a wotu obi fi asafo no mu ho asɛm sɛ “mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo anaa ɔpoobɔfo mmmɔ, na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.” (1 Kor. 5:11, 13) Wonim nso sɛ asɛmfua “obi” a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu no fa abusuafo a wɔne wɔn nte ofie biako mu nso ho. Nanso, wɔdɔ wɔn babarima no paa! Ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma wɔn babarima no betumi ama wɔanya adwene sɛ: ‘Sɛ yɛtwe yɛn ho fi yɛn babarima yi ho koraa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa no ma wasan abɛsom Yehowa? Sɛ yɛne no bɔ daa a, so ɛno mma yentumi mmoa no kɛse?’ *

14, 15. Sɛ awofo resi gyinae sɛ wɔne wɔn ba a wɔatu no bɛbɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae?

14 Ɛyɛ yɛn yaw sɛ saa awofo no rehu amane a ɛte saa. Ná anka wɔn babarima no betumi agyae nea ɔreyɛ no, nanso na n’ani gye nneɛma a ɛmfata sɛ Kristofo yɛ no ho sen abusuabɔ pa a ɔne n’awofo ne ne mfɛfo gyidifo foforo benya no. Nanso, na n’awofo no rentumi nsi gyinae mma no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm no yɛɛ awofo no yaw paa!

15 Dɛn na awofo no bɛyɛ? So wobetie Yehowa ahyɛde a emu da hɔ no? Anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ wobetumi ne wɔn babarima a wɔatu no no abɔ daa, na wɔafa no sɛ “wɔredi wɔn fie asɛm”? Sɛ wɔresi gyinae a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi sɛ wobesusuw sɛnea Yehowa te nka wɔ nea wɔreyɛ no ho. Yehowa atirimpɔw ne sɛ yɛbɛma ahyehyɛde no ho atew, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ama nnebɔneyɛfo no ani aba wɔn ho so. Dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo no betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wogye saa atirimpɔw no tom?

16, 17. Sɛ yedwinnwen asɛm a ɛtoo Aaron no ho a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Mose nua Aaron hyiaa tebea a ɛyɛ den esiane nea ne mmabarima baanu yɛe nti. Wo de, susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka bere a ne mmabarima Nadab ne Abihu de ogya foforo a na Yehowa mmaa ho kwan kɔbɔɔ afɔre maa Yehowa na okum wɔn no ho hwɛ. Ɛwom sɛ, esiane sɛ wokum saa mmarima no nti, wɔne wɔn awofo annya abusuabɔ biara bio de, nanso na asɛm foforo wɔ hɔ. Yehowa ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a na wodi nokware no sɛ: “Monhwɛ na moannyaw mo ti nhwi basaa, na munnsunsuane mo ntade mu [nni awerɛhow] na moanwu na [Yehowa] bo amfuw nnipa no nyinaa.” (Lev. 10:1-6) Asɛm no mu da hɔ. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛ den paa sen nea yɛwɔ ma yɛn abusuafo a wonni Yehowa nokware no.

17 Ɛnnɛ, Yehowa nkum wɔn a wobu ne mmara so amonom hɔ ara. Ɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn, na ɔma wonya hokwan a wɔde bɛsakra afi nneɛma bɔne a wɔyɛ no ho. Nanso, sɛ awofo bi bu Yehowa ahyɛde so na wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn babarima anaa wɔn babea a wɔatu no no kɔ so bɔ a, Yehowa bɛte nka dɛn?

18, 19. Nhyira bɛn na abusua mufo a wodi Yehowa akwankyerɛ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔatu wɔn bɔ so no betumi anya?

18 Nnipa pii a wotuu wɔn bere bi ka sɛ esiane sɛ wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo kɔɔ so dii nokware maa Yehowa na wɔne wɔn ammɔ nti na wɔsan baa asafo no mu. Bere a na asafo mu mpanyimfo bi rekamfo akyerɛ sɛ wɔnsan nnye ababaa bi no, wɔkyerɛwee sɛ nea ɛmaa ababaa no sakraa n’abrabɔ no “bi ne sɛnea ne nuabarima dii ahyɛde a wɔde ama sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne obi a wɔatu no bɔ so no.” Ababaa no kae sɛ “sɛnea ne nuabarima no de nokwaredi dii akwankyerɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu so no na ɛboaa no maa n’ani gyee ho sɛ ɔbɛsan aba asafo no mu.”

19 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛremma yɛn koma a ɛtɔ sin no nnaadaa yɛn mma yɛntew atua wɔ Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma yɛn no ho. Ɛsɛ sɛ yegye tom koraa sɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so di yɛn haw ahorow ho dwuma no ne nea eye sen biara bere nyinaa.

“Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa”

20. Yebetumi de Hebrifo 4:12 adi dwuma wɔ akwan abien bɛn so? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

20 Bere a Paulo kyerɛwee sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa” no, na ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no ho asɛm ankasa na na ɔreka. * Nsɛm foforo a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu no da no adi sɛ na ɔreka Onyankopɔn bɔhyɛ ho asɛm. Asɛm a na Paulo reka ne sɛ sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ a, ɔma ɛbam bere nyinaa. Yehowa nam odiyifo Yesaia so daa saa asɛm yi adi sɛ: ‘Asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea enti a mesomae no.’ (Yes. 55:11) Enti, sɛ nneɛma nkɔ so ntɛmntɛm sɛnea ebia yɛhwɛ kwan a, ɛsɛ sɛ yesi abotare. Yehowa ‘kɔ so yɛ adwuma,’ a ne botae ne sɛ ɔbɛma n’atirimpɔw abam.—Yoh. 5:17.

21. Ɔkwan bɛn so na Hebrifo 4:12 betumi ahyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi asom no nkuran?

21 “Nnipakuw kɛse” no mufo a wɔn mfe akɔ anim de nokwaredi asom Yehowa mfe bebree. (Adi. 7:9) Wɔn mu pii anhwɛ kwan sɛ wobenyinyin abobɔ nkwakoraa ne mmerewa wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso, wɔmmaa wɔn abam mmui. (Dw. 92:14) Wonim sɛ sɛnea ɛte biara no, ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ no bɛbam. Bɔhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu no bɛbam, na Yehowa reyɛ ho adwuma ma abam. Esiane sɛ Onyankopɔn atirimpɔw da ne koma so nti, sɛ yɛn nso yɛkɔ so ma ɛho hia yɛn a, ɛma n’ani gye. Yehowa rehome wɔ ɛda a ɛto so ason yi mu, na ɛwɔ n’adwenem paa sɛ ɔbɛma n’atirimpɔw abam, na onim sɛ sɛ kuw no, ne nkurɔfo gye tom. Na wo nso ɛ? So w’ankasa woahyɛn Onyankopɔn home mu?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Yudafo akannifo no mu pii bɔɔ mmɔden sɛ wobedi Mose Mmara no so frenkyemm, nanso bere a Mesia no bae no wɔannye no antom. Wɔannye Onyankopɔn atirimpɔw a na ɔreda no adi no antom.

^ nky. 20 Ɛnnɛ, Onyankopɔn nam Bible so na ɔkasa kyerɛ yɛn. Bible wɔ tumi a ɛsakra yɛn abrabɔ. Enti, asɛm a ɛwɔ Hebrifo 4:12 no fa Bible ho nso.

So Wokae?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ahyɛn Onyankopɔn home mu nnɛ?

• Sɛ yehu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ fi Bible mu a, dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani?

• Nneɛma bɛn mu na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ so, nanso dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi so?

• Yebetumi de Hebrifo 4:12 adi dwuma wɔ akwan abien bɛn so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Asɛm no ayɛ awofo no yaw paa!