Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Onyankopɔn Home?

Dɛn Ne Onyankopɔn Home?

Dɛn Ne Onyankopɔn Home?

“Homeda bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.”—HEB. 4:9.

1, 2. Dɛn na yebetumi agyina Genesis 2:1-3 so aka afa ɛda a ɛto so ason no ho, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

YEHU wɔ Genesis ti a edi kan no mu sɛ, Onyankopɔn de nnansia na esiesiee asase maa nnipa sɛ wɔntena so. Ɛnyɛ nnɔnhwerew 24 na na ɛwɔ saa nna no biara mu, na mmom na ɛyɛ bere tenten bi. Wɔkae wɔ saa bere yi mu biara awiei sɛ: “Ade sae na ade kyee.” (Gen. 1:5, 8, 13, 19, 23, 31) Nanso, sɛ yɛhwɛ asɛm a wɔka faa ɛda a ɛto ason no ho wɔ Genesis 2:1-3 a, yenhu sɛ wɔkae sɛ ade sae na ade kyee.

2 Ka a wɔanka sɛ ade sae na ade kyee amfa ɛda a ɛto so ason no ho no kyerɛ sɛ bere a Mose kyerɛw Genesis nhoma no wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, na Onyankopɔn “da” a ɔde homee no mmaa awiei. So ɛda a Onyankopɔn de homee no mmaa awiei? Sɛ ɛte saa a, so yɛn nso yebetumi ahyɛn mu nnɛ? Saa nsɛmmisa yi mmuae ho hia yɛn paa.

So Yehowa Gu So ‘Rehome’?

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:16, 17 no kyerɛ sɛ na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ afeha a edi kan no mu?

3 Adanse abien bi nti na yebetumi aka sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei. Nea edi kan, susuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ asɔretiafo a wɔkasa tiaa no sɛ wasa yare Homeda a na wosusuw sɛ ayaresa no yɛ adwuma no ho hwɛ. Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yoh. 5:16, 17) Dɛn na na ɔrekyerɛ? Ná wɔrebɔ Yesu sobo sɛ wayɛ adwuma Homeda. Ɔmaa wɔn mmuae de bɔɔ sobo a wɔde bɔɔ no no gui sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ.” Asɛm a na Yesu reka akyerɛ wɔn a wɔkasa tiaa no no ne sɛ: ‘Me ne m’Agya yɛ adwuma koro. Na esiane sɛ m’Agya akɔ so ayɛ adwuma wɔ ne Homeda a ne tenten yɛ mfe mpempem pii no mu nti, mewɔ hokwan paa sɛ mekɔ so yɛ adwuma, a ɛda a ɛyɛ Homeda mpo ka ho.’ Enti, nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ ɛdefa asase ho de, na Onyankopɔn Homeda titiriw no, ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ bere a na ɔwɔ asase so no. *

4. Adanse foforo bɛn na Paulo de mae a ɛkyerɛ sɛ na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ ne bere so?

4 Ɔsomafo Paulo ma yenyaa adanse a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei. Bere a Paulo refa asɛm a ɛwɔ Genesis 2:2 a ɛfa Onyankopɔn home ho aka asɛm no, honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn a yɛagye adi no hyɛn ɔhome no mu.” (Heb. 4:3, 4, 6, 9) Enti na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ Paulo bere so. Bere bɛn na saa homeda no bɛba awiei?

5. Ná ɛda a ɛto so ason no atirimpɔw ne dɛn, na bere bɛn na saa atirimpɔw no bɛbam koraa?

5 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛkae ɛda a ɛto so ason no atirimpɔw. Genesis 2:3 kyerɛkyerɛ atirimpɔw no mu sɛ: “Onyankopɔn fii ase hyiraa da a ɛto so ason no na ɔyɛɛ no kronkron.” Yehowa ‘yɛɛ’ saa da no “kronkron,”—ɔtew ho, oyi sii nkyɛn—sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔw abam. Saa atirimpɔw no ne sɛ mmarima ne mmea a wɔyɛ osetie bɛtena asase so na wɔahwɛ asase no ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so nyinaa so. (Gen. 1:28) Nea ɛbɛyɛ na saa atirimpɔw no abam nti na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a ɔyɛ “Homeda Wura” no “ayɛ adwuma abesi sesɛɛ” no. (Mat. 12:8) Onyankopɔn homeda no bɛkɔ so araa akosi sɛ n’atirimpɔw a ɛfa ne homeda no ho bɛbam koraa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei.

‘Nhwe Ase Nkodi Asoɔden Nhwɛso Koro no Ara Akyi’

6. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn atirimpɔw mu pefee kyerɛɛ Adam ne Hawa, nanso wɔanni asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no so. Nokwarem no, Adam ne Hawa na wodii kan yɛɛ asoɔden. Efi saa bere no, nnipa foforo ɔpepem pii nso ayɛ saa ara. Onyankopɔn nkurɔfo a ɔpaw wɔn a wɔne Israel man no mpo yɛɛ no so asoɔden mpɛn pii. Na ɛfata sɛ Paulo bɔɔ Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu kɔkɔ sɛ wɔn mu binom mpo betumi ayɛ asoɔden koro no ara a tete Israelfo no yɛe no bi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nhyɛn saa ɔhome no mu, na obiara anhwe ase ankodi asoɔden nhwɛso koro no ara akyi.” (Heb. 4:11) Asɛm a Paulo kae no ma yehu sɛ nnipa a wɔyɛ asoɔden ntumi nhyɛn Onyankopɔn home mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ saa asɛm yi ma yehu? So nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ sɛ yɛsɔre tia Onyankopɔn atirimpɔw wɔ ɔkwan bi so a, ɛremma yentumi nhyɛn Onyankopɔn home mu? Ɛda adi sɛ ɛho hia paa sɛ yenya saa asɛmmisa no ho mmuae, na yebesusuw ho akɔ akyiri. Nanso, seesei de, momma yensusuw nhwɛso bɔne a Israelfo no yɛe ho na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu na ama yɛahyɛn Onyankopɔn home mu.

“Wɔrenhyɛn Me Home Mu”

7. Adwene bɛn na Yehowa de gyee Israelfo no fii Egypt nkoasom mu, na dɛn na na ɔhwehwɛ fi wɔn hɔ?

7 Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa daa n’atirimpɔw a ɛfa Israelfo no ho adi kyerɛɛ n’akoa Mose. Onyankopɔn kae sɛ: “Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam, na mayi wɔn afi asase no [Egypt] so akɔ asase a eye na ɛtrɛw so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.” (Ex. 3:8) Sɛnea na Yehowa ahyɛ Israelfo agya Abraham bɔ no, na nea enti a Onyankopɔn regye Israelfo no “afi Egyptfo nsam” ne sɛ ɔde wɔn bɛyɛ ne man. (Gen. 22:17) Onyankopɔn de mmara nsɛm a na ebetumi ama asomdwoe atena ɔne Israelfo ntam maa wɔn. (Yes. 48:17, 18) Ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Sɛ mutie m’asɛm na mudi m’apam [sɛnea ɛwɔ Mmara apam no mu no] so a, ɛnde mɛtew mo afi aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapade titiriw, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea.” (Ex. 19:5, 6) Enti, na hokwan a Israelfo no benya ne Onyankopɔn abɔ abusua no gyina n’asɛm a na wobetie so.

8. Sɛ Israelfo no tiee Onyankopɔn asɛm a, anka asetena bɛn na wobetumi anya?

8 Sɛ Israelfo no tiee Onyankopɔn asɛm a, wo de, hwɛ asetena pa a anka wobenya! Anka Yehowa behyira wɔn mfuw, wɔn bobe nturo, wɔn nguan, ne wɔn mmoa so. Anka ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn atamfo ho. (Monkenkan 1 Ahene 10:23-27.) Bere a Mesia no bae no, anka ɔbɛba abehu Israel sɛ ɔman a ɛwɔ ahofadi, na ɛnyɛ sɛ ɔman a Roma di so tumi. Anka Israel bɛyɛ ɔman a ɛbɛyɛ nhwɛso pa a aman foforo bɛhwɛ wɔn asuasua wɔn, na ama wɔahu paa sɛ sɛ wɔyɛ osetie ma nokware Nyankopɔn no a, wobenya honhom fam ne honam fam nhyira.

9, 10. (a) Dɛn nti na kɔ a na Israelfo no pɛ sɛ wɔsan kɔ Egypt no yɛ aniberesɛm? (b) Sɛ Israelfo no san kɔɔ Egypt a anka ebetumi aka wɔn som dɛn?

9 Hwɛ hokwan soronko a Israelfo no nyae sɛ wɔbɛma Yehowa de wɔn adi dwuma ma n’atirimpɔw abam, na awiei koraa no, wɔne asase so mmusuakuw nyinaa anya nhyira! (Gen. 22:18) Nanso, Israelfo dodow no ara ammu hokwan a wonyae sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn man na wɔayɛ nhwɛso ama aman foforo no sɛ ade a ɛho hia. Wɔkae mpo sɛ wɔbɛsan akɔ Egypt! (Monkenkan Numeri 14:2-4.) Sɛ Israelfo no san kɔɔ Egypt a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ Israel bɛyɛ ɔman a wɔbɛyɛ nhwɛso ama aman foforo asuasua wɔn no abam? Anka ɛrenyɛ yiye. Nokwarem no, sɛ Israelfo no san kɔhyɛɛ abosonsomfo a na wɔde wɔn ayɛ nkoa no ase bio a, anka wɔrentumi nni Mose Mmara no so, na saa ara nso na anka wɔrentumi nnya nhyehyɛe a na Yehowa ayɛ ama bɔne fafiri no so mfaso da. Hwɛ sɛnea wodwenee wɔn nkutoo ho, na hwɛ sɛnea wɔansusuw nneɛma ho ankɔ akyiri! Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa kaa saa atuatewfo no ho asɛm sɛ: “Awo ntoatoaso yi bɛyɛɛ akyide maa me, na mekae sɛ, ‘Wɔyera wɔ wɔn koma mu daa, na wonhuu m’akwan.’ Enti mekaa ntam m’abufuw mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛn me home mu.’”—Heb. 3:10, 11; Dw. 95:10, 11.

10 Saa ɔman a na wɔn aso yɛ den no nam pɛ a na wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ Egypt no so daa no adi sɛ wommu nhyira a na wɔanya afi Yehowa hɔ no hwee, na wɔdaa no adi sɛ na wɔn ani gye nnuadewa, gyeene ne galik a na ɛwɔ Egypt no ho. (Num. 11:5) Saa atuatewfo yi yɛɛ wɔn ade te sɛ Esau a na n’ani nsɔ nea ɔwɔ no, ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔde honhom fam agyapade a ɛsom bo no bɛsesa aduan bi a ɛyɛ dɛ.—Gen. 25:30-32; Heb. 12:16.

11. Ɔkwan bɛn so na nokware a Israelfo no anni wɔ Mose bere so no kaa Onyankopɔn atirimpɔw?

11 Ɛwom sɛ Israelfo a wofii Egypt no anna no adi sɛ wɔwɔ Yehowa mu gyidi de, nanso Yehowa ‘kɔɔ so’ de boasetɔ ‘yɛɛ’ n’atirimpɔw a na ɔbɛma abam no ho “adwuma,” na ɔde n’adwene sii awo ntoatoaso a na edi hɔ no so. Awo ntoatoaso foforo no mufo yɛɛ osetie kɛse sen wɔn agyanom. Wodii Yehowa ahyɛde so kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so, na wɔko faa asase no. Yosua 24:31 ka sɛ: “Israelfo kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔtenaa ase wɔ Yosua akyi nyinaa bere so, mpanyimfo a wohuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.”

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi ahyɛn Onyankopɔn home mu nnɛ?

12 Nanso, nkakrankakra, awo ntoatoaso a na wɔyɛ osetie no nyinaa wuwui, na awo ntoatoaso bi bae a “na wonnim Yehowa anaa nnwuma a ɔyɛ maa Israelfo no.” Enti, “Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔsom Baal ahoni.” (Atem. 2:10, 11) Bɔhyɛ Asase no anyɛ “homebea” ankasa amma wɔn. Esiane wɔn asoɔden nti, asomdwoe antena wɔne Onyankopɔn ntam bio. Bere a Paulo reka awo ntoatoaso a wɔbaa akyiri yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ Yosua dii [Israelfo no] anim kɔɔ homebea a, anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka da foforo ho asɛm. Enti homeda bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.” (Heb. 4:8, 9) Ná “Onyankopɔn nkurɔfo” a Paulo reka wɔn ho asɛm no yɛ Kristofo. So ɛno kyerɛ sɛ na Kristofo betumi ahyɛn Onyankopɔn home mu? Yiw, na Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa betumi ahyɛn mu!

Ebinom Antumi Anhyɛn Onyankopɔn Home Mu

13, 14. (a) Wɔ Mose bere so no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ na ama wɔahyɛn Onyankopɔn home mu? (b) Wɔ Paulo bere so no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo no yɛ na ama wɔahyɛn Onyankopɔn home mu?

13 Bere a Paulo kyerɛw Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, na ɛhaw no sɛ wɔn mu binom nnye Onyankopɔn atirimpɔw a na ɔreda no adi no ntom. (Monkenkan Hebrifo 4:1.) Ɔkwan bɛn so? Ná wɔda so ara redi Mose Mmara no bi so. Bɛyɛ mfe 1,500 a na atwam no, na Israelni biara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani no di Mose Mmara no so. Nanso, na Yesu wu no ayi Mose Mmara no afi hɔ. Kristofo binom anhu no saa, na wɔyɛe sɛ wɔbɛkɔ so adi Mose Mmara no afã bi so. *

14 Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Kristofo a na wɔpɛ sɛ wodi Mose Mmara no so no sɛ, ɔsɔfo panyin a Yesu yɛ no, apam foforo no, ne honhom fam asɔrefie no nyinaa korɔn sen nea na ɛwɔ hɔ ansa na Kristo reba no. (Heb. 7:26-28; 8:7-10; 9:11, 12) Enti, ɛda adi sɛ bere a na Homeda a na wodi no dapɛn biara wɔ Mose Mmara no ase wɔ Paulo adwene mu no, ɔkyerɛw sɛnea ɛyɛ hokwan sɛ obi bɛhyɛn Yehowa homeda no mu ho asɛm sɛ: “Homeda bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo. Na onipa a wahyɛn Onyankopɔn home mu no, n’ankasa nso ahome afi ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no.” (Heb. 4:8-10) Ná ɛsɛ sɛ saa Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no yi fi wɔn adwenem sɛ wɔnam Mose Mmara no mu nnwuma a wɔbɛyɛ so betumi anya Yehowa anim dom. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, na wɔn a wonya Yesu Kristo mu gyidi no na wonya Onyankopɔn anim dom.

15. Sɛ yebetumi ahyɛn Onyankopɔn home mu a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ osetie?

15 Dɛn na amma Israelfo a na wɔwɔ Mose bere so no antumi anhyɛn Bɔhyɛ Asase no so? Ɛyɛ asoɔden. Dɛn na amma Kristofo binom a na wɔwɔ Paulo bere so no antumi anhyɛn Onyankopɔn home mu? Ɛyɛ asoɔden koro no ara. Wɔanhu sɛ na Mose Mmara no awie n’adwuma, na na Yehowa nam ɔkwan foforo so na ɛredi ne nkurɔfo anim.

Sɛnea Yebetumi Ahyɛn Onyankopɔn Home Mu Nnɛ

16, 17. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛn Onyankopɔn home mu nnɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

16 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu biara nni hɔ a ɔbɛka sɛ ɛsɛ sɛ yedi Mose Mmara no afã bi so na ama yɛanya nkwagye. Asɛm a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu da hɔ fann sɛ: “Adom yi na ama wɔnam gyidi so agye mo nkwa; na emfi mo, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. Dabi, emfi nnwuma mu, na obiara annya biribi annyina so anhoahoa ne ho.” (Efe. 2:8, 9) Ɛnde, Kristofo bɛyɛ dɛn atumi ahyɛn Onyankopɔn home mu? Yehowa yii ɛda a ɛto so ason no—ne homeda no—sii nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam so bɛma n’atirimpɔw a ɛfa asase ho abam anuonyam mu. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so da n’atirimpɔw ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ adi kyerɛ yɛn. Sɛ yetie Yehowa na yɛne n’ahyehyɛde no yɛ adwuma a, yebetumi ahyɛn ne home mu.

17 Nanso, sɛ yɛamfa afotu a egyina Bible so a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma yɛn no aniberesɛm, na yɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ a, na yennnye Onyankopɔn atirimpɔw a ɔreda no adi no nntom. Eyi betumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ yɛne Yehowa ntam no. Wɔ adesua a edi hɔ mu no, yɛbɛka tebea ahorow bi a ɛma yenya hokwan da no adi sɛ yɛyɛ osetie ho asɛm. Gyinae a yesisi wɔ tebea ahorow yi mu no betumi akyerɛ sɛ yɛahyɛn Onyankopɔn home mu ankasa anaa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Asɔfo ne Lewifo no yɛɛ adwuma Homeda wɔ asɔrefie hɔ, na ‘wɔanni fɔ.’ Esiane sɛ Yesu yɛ ɔsɔfo panyin wɔ Onyankopɔn honhom fam asɔrefie kɛse no mu nti, na ɔno nso betumi ayɛ ne som adwuma a ɔrensuro sɛ ɔbɛsɛe Homeda no.—Mat. 12:5, 6.

^ nky. 13 Yennim sɛ ebia Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no bi bɔɔ afɔre wɔ Mpata Da no mu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ obi yɛɛ saa a, na ɛbɛkyerɛ sɛ ommmu Yesu afɔrebɔ no. Nanso, na Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no mu binom da so ara di amanne a na ɛwɔ Mose Mmara no mu akyi.—Gal. 4:9-11.

Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho

• Ná ɛda a ɛto so ason a Onyankopɔn de homee no atirimpɔw ne dɛn?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei?

• Dɛn na amma Israelfo a na wɔwɔ Mose bere so ne Kristofo binom a na wɔwɔ Paulo bere so no antumi ahyɛn Onyankopɔn home mu?

• Obi bɛyɛ dɛn atumi ahyɛn Onyankopɔn home mu nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Yehowa nam n’ahyehyɛde no so da n’atirimpɔw ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ adi kyerɛ yɛn. Sɛ yetie Yehowa na yɛne n’ahyehyɛde no yɛ adwuma a, yebetumi ahyɛn ne home mu

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Dɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nnɛ na ama wɔatumi ahyɛn ne home mu?