Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe na Wubetumi Anya Abotɔyam?

Ɛhe na Wubetumi Anya Abotɔyam?

Ɛhe na Wubetumi Anya Abotɔyam?

Nsonsonoe pii da yɛn bere yi ne Thoreau de a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no mu. Ade titiriw a ɛda nsow wom ne sɛ ɛnnɛ, afotu a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya asomdwoe abu so. Adwene ne nneyɛe ho animdefo ne wɔn a wɔkyerɛw akwankyerɛ nhoma ahorow—atesɛm nkrataa mu sɛnkyerɛwfo mpo—kyerɛ wɔn adwene. Wɔn afotu no betumi ayɛ adwuma bere tiaa mu mmoa bi a wɔde ma; nanso sɛ yebenya nea ɛbɛyɛ adwuma bere tenten a, yehia biribi a emu dɔ. Ɛno na nkurɔfo a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no hui.

ƐSONO nea Antônio, Marcos, Gerson, Vania, ne Marcelo fi, na ɛsono nea na ɛhaw wɔn mu biara nso. Nanso anyɛ yiye koraa no, na nneɛma abiɛsa bi da adi wɔ wɔn nyinaa ho. Nea edi kan no, bere bi na ‘wonni anidaso wɔ wiase, na na wonnim Onyankopɔn.’ (Efesofo 2:12) Nea ɛto so abien no, na wɔpɛ asomdwoe. Na nea ɛto so abiɛsa no, wɔn nyinaa nyaa abotɔyam a na wɔhwehwɛ no akyiri yi, bere a wɔpenee so ne Yehowa Adansefo yɛɛ Bible adesua no. Bere a wɔrenya nkɔso no, wobehui sɛ Onyankopɔn ani gye wɔn ho. Nokwarem no, sɛnea Paulo ka kyerɛɛ ne bere so Atenefo no, Onyankopɔn ‘ne yɛn mu biara ntam kwan nware.’ (Asomafo no Nnwuma 17:27) Eyi a wubefi komam agye atom no, yɛ ade titiriw a ɛbɛma woanya abotɔyam.

Dɛn Nti na Asomdwoe Ho Ayɛ Na Saa?

Nneɛma atitiriw abien na Bible no de ma de kyerɛ nea enti a asomdwoe nni wiase no—sɛ́ ɛyɛ abotɔyam anaa nkurɔfo ntam asomdwoe. Wɔkyerɛkyerɛ nea edi kan no mu wɔ Yeremia 10:23 sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Onipa nni nyansa anaa nhumu a sɛ wɔammoa no a, ɔde bedi ne ho so, na Onyankopɔn nkutoo na obetumi de mmoa a mfaso ankasa wɔ so ama. Nnipa a wɔnhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ no rentumi nnya asomdwoe a ɛtra hɔ daa. Yehu ade a ɛto so abien a enti asomdwoe nni hɔ no wɔ ɔsomafo Yohane nsɛm yi mu: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Sɛ wɔamfi ɔsoro ammoa nnipa a, “ɔbɔne no,” Satan a wonhu no nanso ɔwɔ hɔ ankasa—na ɔwɔ tumi kɛse—no de ne nnwuma bɛsɛe mmɔden a nnipa bɔ sɛ wobenya asomdwoe no.

Nneɛma abien yi—sɛ nnipa dodow no ara nhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, ne sɛ, Satan reyɛ adwuma ankasa wɔ wiase no mu no—nti, adesamma abusua no nyinaa rehu amane. Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm ma ɛfatae sɛ: “Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Romafo 8:22) Hena na obetumi agye saa asɛm no ho akyinnye? Wɔ aman a wodi yiye ne wɔn a wodi hia nyinaa mu no, abusua mu nsɛnnennen, nsɛmmɔnedi, nsisi, nnipa mu nyiyim, sikasɛm a ayɛ basaa, mmusua ntam nitan, nhyɛso, ɔyare, ne pii a ɛkeka ho ama nnipa nni asomdwoe.

Faako a Yebetumi Anya Abotɔyam

Bere a Antônio, Marcos, Gerson, Vania, ne Marcelo suaa Onyankopɔn Asɛm, Bible no, wohuu nneɛma a ɛsakraa wɔn asetra. Ade biako ne sɛ, wohui sɛ wiase tebea bɛsakra da bi. Eyi nyɛ anidaso hunu bi kɛkɛ a ɛkyerɛ sɛ awiei koraa no, biribiara bɛyɛ yiye. Ɛyɛ anidaso a ɛwɔ nnyinaso a ɛne sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma adesamma, na mprempren mpo sɛ yɛyɛ n’apɛde a, yebetumi anya saa atirimpɔw no mu mfaso. Wɔde nea wosua fii Bible mu no dii dwuma, na nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Wonyaa anigye ne asomdwoe a wɔansusuw sɛ anka wobetumi anya.

Antônio mfa ne ho nhyɛ kasatia ne adwumayɛfo ɔyɛkyerɛ mu bio. Onim sɛ nsakrae a wɔnam saa kwan no so de ba no nwie pɛyɛ, na ɛtra hɔ bere tiaa bi. Obi a na kan odi adwumayɛfo kuw anim no abesua Onyankopɔn Ahenni ho ade. Ɛno ne Ahenni a nnipa ɔpepem pii bɔ ho mpae bere a wɔka Awurade Mpaebɔ (anaa, Yɛn Agya a wowɔ soro) na wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ: “W’ahenni mmra” no. (Mateo 6:10) Antônio behui sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ ɔsoro nniso ankasa a ɛde asomdwoe amapa bɛbrɛ adesamma.

Marcos suae sɛ ɔde Bible afotu a nyansa wom a ɛfa aware ho no bedi dwuma. Esiane eyi nti, mprempren obi a na kan ɔyɛ ɔmanyɛfo yi ne ne yere asan abom a wɔwɔ anigye. Ɔno nso rehwɛ bere a Onyankopɔn Ahenni nhyehyɛe a eye besi wiase nhyehyɛe a adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya wom no ananmu kwan. Ɔwɔ Awurade Mpaebɔ no mu nsɛm a ɛka sɛ: “Wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no mu ntease a emu dɔ. (Mateo 6:10b) Sɛ Onyankopɔn pɛ yɛ wɔ asase so a, nnipa benya asetra a ɛso bi mmae da.

Na Gerson nso ɛ? Ɔnyɛ ɔkobɔfo ne ɔkorɔmfo bio. Mprempren, abofra a na kan wabɔ ko yi asetra ayɛ nea atirimpɔw wom, efisɛ ɔde n’ahoɔden boa afoforo ma wonya abotɔyam. Sɛnea osuahu ahorow yi da no adi no, Bible no a obi besua na ɔde nea ɛka no adi dwuma no betumi asakra n’asetra ma ayɛ papa.

Abotɔyam Wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu

Abakɔsɛm mu nipa titiriw a odi Onyankopɔn apɛdeyɛ ho dwuma ne Yesu Kristo, na sɛ nkurɔfo ne Yehowa Adansefo sua Bible no a, wosua ne ho nneɛma pii. Anadwo a wɔwoo no no, abɔfo too ayeyi nnwom maa Onyankopɔn sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.” (Luka 2:14) Bere a Yesu nyinii no, na nnipa asetra a ebetu mpɔn ho asɛm hia no. Ɔtee wɔn ase, na ɔdaa mmɔborohunu soronko adi kyerɛɛ abrɛfo ne ayarefo. Na nea ɛne abɔfo no nsɛm hyia no, ɔmaa ahobrɛasefo no nyaa abotɔyam kakra. Wɔ ne som adwuma no awiei no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma ɛmmpere mo!”—Yohane 14:27.

Ná ɛnyɛ sɛ Yesu yɛ mmɔborohunufo nko. Ɔde ne ho totoo oguanhwɛfo ho, na ɔde n’akyidifo a na wɔbrɛ wɔn ho ase no totoo nguan ho bere a ɔkae sɛ: “Mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso. Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan.” (Yohane 10:10, 11) Yiw, nea ɛne atumfoɔ a wodi kan susuw wɔn ankasa ho de bɔ abira no, Yesu de ne nkwa too hɔ maa ne nguan.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya nea Yesu yɛe no so mfaso? Nnipa pii nim asɛm yi: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yesu mu gyidi a yɛbɛkyerɛ no hwehwɛ sɛ, nea edi kan koraa no, yenya ɔne N’agya ho nimdeɛ. Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ betumi ama yɛne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya asomdwoe.

Yesu kae sɛ: “Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi; na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da.” (Yohane 10:27, 28) Nsɛm a ɛka koma na ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni! Nokwarem no, bɛyɛ mfirihyia mpem abien ni na Yesu kae, nanso tumi wom te sɛnea na ɛte saa bere no ara. Mma wo werɛ mmfi da sɛ Yesu Kristo da so te ase a ɔyɛ adwuma, na mprempren ɔredi ade sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene. Sɛnea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so mfe pii a atwam ni no, ɔda so ara susuw ahobrɛasefo a wɔhwehwɛ asomdwoe no ho. Afei nso, ɔda so ara yɛ ne nguan no so hwɛfo. Sɛ yedi n’akyi a, ɔbɛboa yɛn ma yɛanya abotɔyam, a nea ɛka ho ne sɛ yɛde ahotoso bɛhwɛ asomdwoe koraa kwan daakye—a ɛkyerɛ sɛ basabasayɛ, ɔko, ne nsɛmmɔnedi befi hɔ.

Yebenya mfaso ankasa afi hu a yebehu na yɛagye adi sɛ Yehowa nam Yesu so bɛboa yɛn no mu. Wokae Vania, abeawa a, asɛyɛde a emu yɛ duru bɛtɔɔ ne so na osusuwii sɛ Onyankopɔn werɛ afi no no? Mprempren, Vania nim sɛ Onyankopɔn mpoo no. Ɔka sɛ: “Mibehuu sɛ Onyankopɔn yɛ obi ankasa a ɔwɔ su horow a eye. Ɔdɔ a ɔwɔ na ɛkaa no ma ɔsomaa ne Ba baa asase so de ne nkwa bɛmae. Ehia paa sɛ yehu eyi.”

Marcelo di adanse sɛ, ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ yɛ paa ara. Nea na kan no ɔpɛ anigyebea paa no ka sɛ: “Mpɛn pii no, mmabun nnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na ebewie ase no, na wɔapira wɔn ho. Ebinom de wɔn ho hyɛ nnubɔnenom mu sɛnea meyɛe no. Mewɔ awerɛhyem sɛ nnipa pii benya nhyira a manya yi bi denam Onyankopɔn ne ne Ba no ho nokware a wobesua so.”

Ɛdenam Bible a Vania ne Marcelo gyee bere suae so no, wɔanya Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den, na wɔanya ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔadi wɔn nsɛnnennen ho dwuma no mu ahotoso. Sɛ yɛyɛ nea wɔyɛe no—sua Bible na yɛde nea ɛka no di dwuma—a, yebenya abotɔyam kɛse sɛnea wonyae no. Ɛno na ɔsomafo Paulo nkuranhyɛ no bɛfata yɛn ankasa: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.

Nokware Asomdwoe a Yebenya Nnɛ

Yesu Kristo rekyerɛ nnipa a wɔpɛ nokware no kwan akɔ daa nkwa mu wɔ asase so paradise mu. Bere a ɔkyerɛ wɔn kwan ma wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn no, wonya asomdwoe a ɛne nea Bible ka ho asɛm no hyia: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” (Yesaia 32:18) Na ɛno yɛ asomdwoe a wobenya daakye no ho nhwɛso ara kwa. Yɛkenkan sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29.

So yebetumi anya abotɔyam nnɛ? Yiw. Bio nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, wɔ daakye a enni akyiri biara mu no, Onyankopɔn de asomdwoe a ɛso bi mmae da behyira adesamma asoɔmmerɛfo. Ɛnde, dɛn nti na wummisa no wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔmma wo n’asomdwoe? Sɛ wowɔ ɔhaw bi a ɛmma w’ani nnye a, bɔ mpae sɛnea Dawid yɛe no: “Me koma mu ahohia so, yi me fi m’ahokyere mu. Hwɛ m’amane ne m’ahometew, na fa me bɔne nyinaa firi me.” (Dwom 25:17, 18) Nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ a ɛtete saa. Ɔteɛ ne nsa ma wɔn a wofi komam hwehwɛ asomdwoe nyinaa nya bi. Wofi ɔdɔ mu ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.”—Dwom 145:18, 19.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Onipa nni nyansa anaa nhumu a sɛ wɔammoa no a, ɔde bedi ne ho so, na Onyankopɔn nkutoo na obetumi de mmoa a mfaso ankasa wɔ so ama

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ betumi ama yɛne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya asomdwoe

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible afotu a yebedi akyi no ma yenya abusua asetra a asomdwoe wom