Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | MA ASOMDWOE NTENA WO FIE

Wobɛyɛ Dɛn Ama Abusua Mu Ntɔkwa Atwa?

Wobɛyɛ Dɛn Ama Abusua Mu Ntɔkwa Atwa?

SƐ W’ABUSUA mu nwo nso ɛ? Ebia nnansa yi motaa ko, na mosɔ ntɔkwa mu nso a, montwa so da. Sɛ yɛbisa nea ɛkɔfa baeɛ a, ebia worentumi nkyerɛ mpo. Ne nyinaa akyi, ɔdɔ a mowɔ ma mo ho nti obiara mpɛ sɛ ɔyɛ adeɛ ma ɛyɛ ne yɔnko ya.

Ɛhia sɛ wokae sɛ sɛ mo adwene nhyia a, ɛnkyerɛ sɛ mo abusua no regyigya. Akasakasa deɛ, ɛyɛ dɛn ara a ɛbɛba, nanso sɛ asomdwoe bɛtena fie a, ɛgyina sɛnea mobɛyɛ mo adeɛ so. Yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛbɛtumi ama ntɔkwa atwa wɔ fie.

1. MFA BƆNE NTUA BƆNE SO KA.

Ɛnyɛ ɔbaakofoɔ na ɛko, nanso sɛ abufuo ba na baako ansosɔ so a, ɛnkyɛ na abrɛ ase. Bɔ mmɔden sɛ obi yɛ wo biribi wɔ fie a, worenyɛ no bi ntua ka. Sɛ woanhyɛ wo ho so a, wobɛgu wo ho anim ase. Ma ɛntena w’adwene mu sɛ, asomdwoe wɔ fie a, ɛyɛ sen sɛ wobɛte nka sɛ wadi bem.

“Sɛ nnyina nni hɔ a, egya dum, na sɛ dinsɛefoɔ nni hɔ a, ntɔkwa to twa.”Mmebusɛm 26:20.

2. TE ONIPA NO ASE.

Sɛ obi yɛ biribi ma no ha wo, na sɛ ɔrekyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa a, tie no, ɛntwa n’ano. Nnya adwene nso sɛ ɛyɛ no anidaho. Woyɛ saa a, ɛrenyɛ den sɛ mobɛsiesie mo ntam. Nnwene mma no, na mmom hu sɛ wanhyɛ da. Mfomsoɔ wɔ nnipa ho, enti sɛ obi fom wo a, kae sɛ ɔnyɛ pɛ. Ebia wannwene ho sɛ nea ɔyɛeɛ anaa nea ɔkaeɛ no bɛha wo.

“Monhyɛ ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ.”Kolosefoɔ 3:12.

3. ASƐM BA A NYA ABOTARE.

Sɛ obi yɛ wo adeɛ ma wo bo fu a, ɛbɛyɛ papa sɛ worenkasa na mmom wobɛyɛ dinn afi hɔ kakra. Wobɛtumi akɔhyɛ dan foforo mu anaa woapue akɔ abɔnten ama wo bo adwo. Wei nkyerɛ sɛ wo ne onipa no bɛyɛ aka. Mmom, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɔ mpaeɛ saa bere yi na wosrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo abotare, nhumu ne ntease.

“Ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.”Mmebusɛm 17:14.

4. HWƐ W’ANO KASA YIE.

Sɛ wotutu nsɛm bumbum a, ɛremmoa. Enti ka nsɛm a ɛyɛ dɛ, na ɛbɛma onipa a wo ne no anya asɛm no koma atɔ ne yam. Sɛ́ anka wobɛdwene ama no no, ma no kwan ma ɔnka sɛnea ɔte nka nkyerɛ wo.

“Ɛwɔ deɛ ɔtu nsɛm bumbum sɛ nkrantɛ a ɛwowɔ, na anyansafoɔ kɛtrɛma deɛ, ɛsa yareɛ.”Mmebusɛm 12:18.

5. MA WO NNE MMRA FAM NA KASA BƆKƆƆ.

Sɛ wo kunu anaa wo yere annya nneɛma ho abotare a, ɛbɛtumi de abufuo aba. Sɛ asɛm no ha wo sɛ dɛn mpo a, bɔ mmɔden sɛ worennidi no atɛm. Nka nsɛm a ɛyɛ ya te sɛ “wonnwene me ho” anaa “nea mɛka biara wontie.” Mmom, to wo bo ase ma ɔnhu sɛ nea ɔyɛeɛ no aha wo. Wobɛtumi aka sɛ, “Woyɛ sɛɛ ne sɛɛ a, ɛha me paa.” Mpia no, mmɔ no, ntu wo nan nwɔ no, na ɛnyɛ biribiara mma no mpira. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ woka sɛ ɔyɛ ɔkwadwofo anaa otirimɔdenfo. Afei nso mpoopoo w’ani nkyerɛ no na nka nsɛm a ɛbɛma ne koma atu.

“Momma wɔnyi menasepɔ nyinaa ne abufuo ne bobɔne ne nkekamu ne kasatia mfiri mo mu, ɛne adebɔne biara.”Efesofoɔ 4:31.

6. PA KYƐW NTƐM NA KA NEA WOBƐYƐ DE ASIESIE ASƐM NO.

Asomdwoe na worehwehwɛ, enti sɛ wo bo fu a, hwɛ na woanyɛ biribi a ɛbɛsɛe asɛm no. Kae sɛ sɛ moko a, mo nyinaa na mobrɛ. Sɛ mosiesie mo ntam a, mo nyinaa na mo ho tɔ mo. Ntɔkwa ba a, mmu wo ho bem. Sɛ w’adwene yɛ wo sɛ w’asɛm yɛ dɛ mpo a, wobɛtumi apa kyɛw sɛ wo bo fuiɛ anaa woyɛɛ biribi maa abufuo no baeɛ. Nnyɛ ahomaso, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ woma w’asɛm yɛ dɛ; ne nyinaa sɛe asomdwoe. Sɛ obi fom wo na ɔpa kyɛw a, nyɛ w’asɛm dendeenden; fa kyɛ no.

“Kɔbrɛ wo ho ase, kɔ na kɔdwan wo yɔnko no ho.”Mmebusɛm 6:3.

Sɛ akasakasa no twa a, dɛn na mobɛtumi ayɛ ama asomdwoe atena fie? Yɛbɛka ho asɛm wɔ asɛm a ɛdi hɔ no mu.