Mmebusɛm 26:1-28
26 Sɛnea sukyerɛmma ntɔ ahohuru bere mu, na osu ntɔ twabere mu no,Saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.+
2 Sɛnea anomaa nguan kwa, na asomfena ntu kwa no,Saa ara na nnome mma kwa.*
3 Abaa* wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,+Na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.+
4 Mma ɔkwasea mmuae sɛnea ne nkwaseasɛm te,Na woanyɛ sɛ ɔno.*
5 Ma ɔkwasea mmuae wɔ ne nkwaseasɛm ho,Na n’adwene anyɛ no sɛ onim nyansa.+
6 Nea ɔde asɛm hyɛ ɔkwasea nsa no,Ɔte sɛ onipa a obubu ɔno ara ne nan na opira ne ho.*
7 Sɛnea apakye nan wosowosow* no,Saa ara na abebusɛm te wɔ nkwaseafo anom.+
8 Sɛnea ɔbo a wɔde ataabo akyekyere te no,Saa ara na ɔkwasea a wɔhyɛ no anuonyam te.+
9 Sɛnea nsɔe dua te wɔ ɔsabofo nsam no,Saa ara na nkwaseafo anom abebusɛm te.
10 Sɛnea obi a ɔtow agyan pirapira nkurɔfo basabasa* te no,Saa ara na obi a ɔbɔ nkwaseafo anaa wɔn a wɔretwam paa no te.
11 Sɛnea ɔkraman a ɔsan kɔ ne fe ho te no,Saa ara na ɔkwasea tĩ ne nkwaseasɛm mu.+
12 Woahu onipa a n’adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafo?+
Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.
13 Ɔkwadwofo ka sɛ: “Gyata a ne ho yɛ den wɔ kwan so,Gyata bi wɔ abɔnten!”+
14 Sɛnea ɔpon kɔ n’anim ba n’akyi no,*Saa ara na ɔkwadwofo dannan ne ho wɔ ne mpa so.+
15 Ɔkwadwofo de ne nsa ato ayowa mu,Nanso wabrɛ dodo sɛ ɔde bɛkɔ n’ano.+
16 Ɔkwadwofo adwene yɛ no sɛ onim nyansaSen nnipa baason a wɔma mmuae a nyansa wom.
17 Nea ɔretwam a ntɔkwaw a ɛmfa ne ho ma ne bo fuw* no,Ɔte sɛ obi a oso ɔkraman aso.+
18 Sɛnea ɔbɔdamfo totow peaw a ogya wɔ ano ne agyan a edi awu* no,
19 Saa ara na onipa a ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ: “Ɛyɛ agoru na meredi” no te.+
20 Sɛ anyina nni hɔ a, ogya dum,Na sɛ dinsɛefo nni hɔ a, ntɔkwaw to twa.+
21 Sɛnea gyabiriw wɔ hɔ ma nsramma a ɛredum, na anyina wɔ hɔ ma ogya no,Saa ara na ntɔkwapɛfo soso ogya gu akasakasa mu.+
22 Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;*Nkurɔfo memene kogu wɔn yafunu mu tɔnn.+
23 Nsɛm a ɛyɛ dɛ* a efi koma bɔne mu no,Ɛte sɛ ayowa sin a wɔde dwetɛ adura ho.+
24 Nea ɔtan nkurɔfo no, ɔde n’ano kata ɔtan no so,Nanso ɔde nnaadaa hyɛ ne mu.
25 Ɔbɛka nsɛm dɛdɛɛdɛ, nanso nnye no nni,Efisɛ akyiwade ason wɔ ne koma mu.*
26 Ɔde nnaadaa akata ɔtan no so,Nanso ne bɔne bɛda adi asafo mu.
27 Nea otu amoa no, ɔbɛtɔ mu,Na obiara a opia ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.+
28 Atoro tɛkrɛma tan wɔn a epira wɔn no,Na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ sɛe ade.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Saa ara na nnome a ɛmfata remma mu.”
^ Anaa “Mpire.”
^ Anaa “Na wo ne no anyɛ pɛ.”
^ Nt., “ɔnom awudisɛm.”
^ Anaa “sensɛn hɔ.”
^ Anaa “pira obiara.”
^ Anaa “Sɛnea ɔpon dannan ne ho wɔ ne mpontɛre so no.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho gye ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.”
^ Anaa “agyan ne owu.”
^ Anaa “ne nsɛm te sɛ trɔma a wɔde adifudepɛ memene.”
^ Nt., “ano a ɛredɛw.”
^ Anaa “Efisɛ ne koma yɛ akyiwade koraa.”