Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 6

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?

1. Asɛm a ɛfa awufo ho a ɛyɛ anigye bɛn na ɛwɔ hɔ?

Bere a Yesu duu Betania a ɛbɛn Yerusalem no, na n’adamfo Lasaro awu ma adi nnanan. Yesu ne Marta ne Maria a wɔyɛ Lasaro a na wawu no nuabeanom kɔɔ baabi a na wɔasie no no. Ankyɛ na nnipadɔm betwaa hɔ hyiae. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea Marta ne Maria ani gyei bere a Yesu nyanee Lasaro baa nkwa mu bio no?​—Kenkan Yohane 11:21-24, 38-44.

Ná Marta nim asɛm a ɛfa awufo ho a ɛyɛ anigye no dedaw. Ná onim sɛ Yehowa benyan awufo ma wɔasan abɛtena asase so bio.​—Kenkan Hiob 14:14, 15.

2. Tebea bɛn na awufo wom?

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”​—GENESIS 3:19.

Wɔde dɔte na ɛnwenee nnipa. (Genesis 2:7; 3:19) Yɛnyɛ ahonhom a yɛte ase wɔ nipaduam. Yɛyɛ abɔde a yɛwɔ honam nipadua, enti sɛ yewu a yɛn nipadua no fã biara nkɔ so ntena ase. Sɛ yewu a, yɛn amemene nso wu, na yɛn nsusuwii yera. Enti bere a wonyan Lasaro fii awufo mu no, wanka sɛ ohuu biribi bere a na wawu no efisɛ awufo nnim biribiara.​—Kenkan Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.

Sɛ nnipa wu a, so Onyankopɔn yɛ wɔn ayayade wɔ ogya mu? Esiane sɛ Bible ka sɛ awufo nnim biribiara nti, ɛda adi pefee sɛ hellgya yɛ atoro nkyerɛkyerɛ a ɛma nkurɔfo kasa tia Onyankopɔn. Onyankopɔn ani nnye adwene a nkurɔfo kura a ɛne sɛ wɔyɛ nnipa ayayade wɔ ogya mu no ho koraa.​—Kenkan Yeremia 7:31.

3. So awufo betumi ne yɛn akasa?

Awufo ntumi nkasa, na saa ara nso na wontumi nte asɛm. (Dwom 115:17) Nanso abɔfo no bi yɛ abɔfo bɔne, na wobetumi ayɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔawu na wɔne nkurɔfo akasa. (2 Petro 2:4) Yehowa mpɛ sɛ yebisa nsɛm fi awufo hɔ.​—Kenkan Deuteronomium 18:10, 11.

Hwɛ video a yɛato din Tebea Bɛn Na Awufo Wom?

4. Henanom na wobenyan wɔn aba nkwa mu?

Wobenyan nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ adamoa mu no aba nkwa mu bio wɔ asase so. Wobenyan nnipa binom mpo a wɔyɛɛ nneɛma bɔne esiane sɛ na wonnim Onyankopɔn nti no aba nkwa mu.​—Kenkan Luka 23:43; Asomafo Nnwuma 24:15.

Wɔn a wobenyan wɔn no betumi asua Onyankopɔn ho nokwasɛm, na wɔayɛ osetie ama Yesu de akyerɛ sɛ wogye no di. (Adiyisɛm 20:11-13) Nnipa a wobenyan wɔn aba nkwa mu bio a wɔbɛyɛ nneɛma pa no benya hokwan atena ase daa wɔ asase so.​—Kenkan Yohane 5:28, 29.

5. Dɛn na owusɔre ma yehu fa Yehowa ho?

Onyankopɔn somaa ne Ba no ma obewu maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a awufo benya anidaso. Enti owusɔre no ma yehu Yehowa dɔ ne n’adom. Sɛ wonyan awufo a, hena paa na w’ani begye ho sɛ wubehyia no?​—Kenkan Yohane 3:16; Romafo 6:23.