Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mugye Di sɛ Afie Afie Asɛnka no na Ebegye Mo Nkwa?

Mugye Di sɛ Afie Afie Asɛnka no na Ebegye Mo Nkwa?

 Dabi. Yɛkɔ nkurɔfo afie kɔka asɛm akyerɛ wɔn, nanso yennye nni sɛ saa adwuma yi na ebegye yɛn nkwa. (Efesofo 2:8) Adɛn ntia?

 Ma yɛnhwɛ mfatoho yi: Fa no sɛ owura yamyefo bi ahyɛ bɔ sɛ ɔde akyɛde a ɛsom bo bi bɛmema nkurɔfo, na wakyerɛ baabi pɔtee ne bere pɔtee a ɔde bɛkyekyɛ. Sɛ wugye onipa no di a, anka worenyɛ nea ɔbɛka no? Wobɛyɛ paa! Anka wobɛkeka akyerɛ wo nnamfo ne w’abusuafo ama wɔn nso akogye bi. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ kɔ a wokɔɔ hɔ no na ɛma wofata akyɛde no; ɔno na ɔpɛ na ɔde akyɛ wo.

 Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma nnipa a wotie n’asɛm daa nkwa, na Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛbɛba mu. (Romafo 6:​23) Yɛbɔ yɛn ho mmɔden ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no bi. Nanso yenim sɛ ɛnyɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ nti na yɛfata nkwagye. (Romafo 1:​17; 3:​28) Nokware a ɛwom paa ne sɛ, onipa biara nni hɔ a ɔno ara ne mmɔdenbɔ nti, ɔbɛfata Onyankopɔn nhyira kɛse a ɛte saa. “Ne mmɔborɔhunu nti na ogye yɛn nkwa, na ɛnyɛ adepa bi a yɛayɛ ntia.”​—Tito 3:​5, Contemporary English Version.