Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Mokɔ Nkurɔfo Afie Mu?

Adɛn Nti na Mokɔ Nkurɔfo Afie Mu?

 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ “monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” (Mateo 28:​19, 20) Bere a Yesu resoma n’asuafo a wɔka ne ho no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ nkurɔfo afie mu. (Mateo 10:​7, 11-13) Kristofo a wɔtenaa ase Yesu wu akyi no kɔɔ so kaa asɛm no “baguam ne afie mu.” (Asomafo Nnwuma 5:​42; 20:​20) Yɛn nso, yedi Kristofo a wɔtenaa ase tete no anammɔn akyi, na yɛahu sɛ ɔkwampa a yebetumi afa so aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo ne sɛ yɛbɛkɔ wɔn afie mu.