Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Tetew Mmusua Ntam Anaasɛ Wosiesie Mmusua?

Yehowa Adansefo Tetew Mmusua Ntam Anaasɛ Wosiesie Mmusua?

 Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ yebesiesie yɛn ara yɛn mmusua, na yɛboa nkurɔfo nso ma wɔyɛ saa ara. Yegye di sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua. (Genesis 2:​21-​24; Efesofo 3:​14, 15) Ɔde aware ho afotu ama wɔ Bible mu. Saa afotu no aboa nnipa a ɛwɔ wiase baabiara ama wɔn aware asɔ.

Sɛnea Yehowa Adansefo Boa Nkurɔfo Ma Wɔn Mmusua Yɛ Kama

 Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible afotu bɛyɛ adwuma. Ɛno ma yɛyɛ okununom pa, ɔyerenom a yɛbɔ yɛn ho mmɔden, ne awofo a yedi yɛn asɛde ho dwuma yiye. (Mmebusɛm 31:10-​31; Efesofo 5:22–​6:4; 1 Timoteo 5:8) Afotu a Bible de ma no, nyansa wom. Enti sɛ abusua bi wɔ hɔ na ɛsono asɔre a obiara kɔ anaa ɔsom a obiara wom mpo a, wɔde afotu no yɛ adwuma a, ɛma wɔn ntam yɛ papa. (1 Petro 3:​1, 2) Nnipa a wɔn kunu anaa wɔn yere abɛyɛ Yehowa Adansefo no bi aka wɔn mmusua ho asɛm. Nea wɔkae no bi ni:

  •   “Bere a yɛwaree no, mfe nsia a edi kan no de, ɔham ne ateetee nko ara. Nanso, bere a Ivete bɛyɛɛ Yehowa Danseni no, ɔdɔ ne ntoboase a ɔdaa no adi no, na ɛsen kan no koraa. Nsakrae a ɔyɛe no nti na yɛn aware no angu.”​—Clauir a ofi Brazil.

  •   “Ná m’adwene yɛ me sɛ Yehowa Adansefo tetew mmusua ntam. Enti bere a me kunu Chansa fii ase ne wɔn suaa Bible no, mampene so koraa. Nanso, Bible mmom na ama yɛn aware asɔ.”​—Agness a ofi Zambia.

 Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛboa nkurɔfo ma wohu sɛ, sɛ wɔde Bible mu afotu a nyansa wom no yɛ adwuma a, ɛbɛboa wɔn ama

Sɛ obi bɛyɛ Yehowa Danseni a, ɛde ɔhaw ba n’aware mu anaa?

 Etumi ba saa. Adwumakuw bi a wɔfrɛ no Sofres yɛɛ aware a awarefo no mu baako abɛyɛ Yehowa Danseni mu nhwehwɛmu, na wɔde ho amanneɛbɔ too gua afe 1998. Wohui sɛ, aware a ɛte saa no, sɛ wofa emu 20 a, baako deɛ bere a ɔbaako bɛyɛɛ Yehowa Danseni no, ɛkɔfaa ɔhaw bae.

 Yesu ka too hɔ sɛ, sɛ obi de ne nkyerɛkyerɛ bɔ ne bra a, ebetumi akɔfa ɔhaw aba ɔne n’abusua ntam. (Mateo 10:32-​36) Abakɔsɛm kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Will Durant kaa sɛ, wɔ Roma Ahemman no mu no, “na wɔka sɛ Kristosom sɛe fie.” a Ɛnnɛ nso, wɔka asɛm koro no ara fa Yehowa Adansefo binom ho. Nanso, ɛyɛ ampa sɛ obi bɛyɛ Yehowa Danseni a, ɔno na ɔde ntoto ba anaa?

Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So

 Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no dii asɛm bi a ɛfa Yehowa Adansefo ho. Ná wɔabɔ Yehowa Adansefo kwaadu sɛ wɔtetew mmusua mu. Asɛnnibea no buae sɛ, abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no na wɔtaa de akasakasa ba, efisɛ wɔmpɛ sɛ “wobegye atom sɛ wɔn busuani no wɔ hokwan sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsom biara a ɔpɛ mu.” Asɛnnibea no san de kaa ho sɛ: “Aware biara a ɛsono ɔsom a awarefo no biara wom no tumi hyia saa haw no; ɛnyɛ Yehowa Adansefo nko ara.” b Nanso, sɛ ebinom mpene so sɛ Yehowa Adansefo bɛsom a, Yehowa Adansefo de Bible afotu yi yɛ adwuma: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.”​—Romafo 12:17, 18.

Nea enti a Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔware wɔn som mufo nko ara

 Bible ka sɛ yɛnware wɔ “Awurade mu nko ara,” kyerɛ sɛ, yɛnware wɔn a yɛne wɔn wɔ gyidi baako. Yehowa Adansefo tie saa asɛm no, enti wɔware wɔn mfɛfo Yehowa Adansefo nko ara. (1 Korintofo 7:​39) Saa ahyɛde yi fi Bible mu, na ɛboa pa ara. Ɛho nhwɛso bi ni: Afe 2010 mu no, nhoma bi kaa sɛ, “aware a awarefo no nyinaa gyidi yɛ baako, na wɔbom som” no, wɔn aware taa sɔ. cJournal of Marriage and Family.

 Nanso, sɛ Yehowa Danseni bi hokafo nyɛ Ɔdansefo a, Yehowa Adansefo renhyɛ Ɔdansefo no da sɛ onnyaa no. Bible ka sɛ: “Sɛ onua bi wɔ yere a onnye nni, na sɛ ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa no; na sɛ ɔbea bi nso wɔ kunu a onnye nni, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne kunu no.” (1 Korintofo 7:12, 13) Yehowa Adansefo de saa asɛm no yɛ adwuma.

a Hwɛ Caesar and Christ, kratafa 647.

b Hwɛ atɛn a wobui wɔ Jehovah’s Witnesses of Moscow and Others v. Russia, kratafa 26-​27, nkyekyɛm 111.

c Hwɛ Journal of Marriage and Family nhoma no Po 72, Nea Ɛto So 4, (August 2010), kratafa 963.