Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Mihui sɛ Me Suban Nyɛ Fɛ Koraa”

“Mihui sɛ Me Suban Nyɛ Fɛ Koraa”
  • AFE A WƆWOO NO: 1960
  • ƆMAN A OFI MU: FINLAND
  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆBƆ NNWOM A ANO DENNEENNEN

ME KAN ASETENA:

Metenaa ahiafo mu me mmofraberem wɔ mpoano kurow bi mu; wɔfrɛ hɔ Turku. Ná me papa yɛ akuturukufo hene, na na me ne me nuabarima kumaa nso bɔ akuturuku mma obi mmɔ bi. Bere a mewɔ sukuu no, na nkurɔfo taa ka me ntɔkwaw, na ɛreyɛ ara ni, na mereto me nsa. Minyin kakra no, mede me ho kɔbɔɔ akobɔfo kuw bi; afei de na ntɔkwasɛm no asɛe koraa. Saa bere no ara nso na m’adwene baa nnwom bi a ano denneennen a wɔfrɛ no “heavy-metal” so, na mede yɛɛ me botae sɛ daakye mɛto saa nnwom no ama me din adu akyiri.

Metotɔɔ akyene, na metew nnwontofo kuw. Ɛyɛɛ kakra no, me na na midi nnwontofo no anim to dwom. Sɛ yɛrebɔ nnwom a, mitumi huruhuruw te sɛ nea akɔm asi me so. Ná nnwontofo no ani so yɛ hyew, na na yɛhyehyɛ ntade huhuuhu, enti nkakrankakra, yɛn din duu akyiri paa. Afei de, dɔm akɛse na na yɛbɔ nnwom kyerɛ wɔn, na yetwaa nnwom no bi guu apaawa so mpo. Apaawa a etwa to no, nkurɔfo kamfoe paa. Ɛrekɔ afe 1990 no, yɛkɔɔ United States sɛ yɛrekɔbɔ yɛn kuw no dawuru apɛ nkurɔfo aso yɛn asen. Yɛkɔbɔɔ nnwom no bi wɔ New York ne Los Angeles, na yɛne nnwonto adwuma no mu akukudamfo yɛɛ nhyehyɛe too hɔ ansa na yɛresan akɔ Finland.

Ɛwom, na m’ani gye nnwonto no ho, nanso na m’anigye nwie pɛyɛ. Anibere ne akansi a na ɛrekɔ so wɔ nnwonto adwuma no mu nti, m’aba mu bui. Ahuhubra a na merebɔ no nso yɛɛ me ahometew. Metee nka sɛ meyɛ nipabɔnefo, na na misuro sɛ wɔbɛhyew me wɔ Ɔbonsam gya mu. Mehwehwɛɛ nyamesom nhoma nyinaa mu sɛ ɛbɛboa me anaa. Afei nso, na ɛyɛ me sɛ mintumi nyɛ biribiara mma Onyankopɔn ani nnye me ho, nanso meyeree me ho bɔɔ mpae srɛɛ no sɛ ɔmmoa me.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Meyɛɛ adwuma wɔ posɔfese de hwɛɛ me ho. Da bi, mihui sɛ m’adwumamfo no biako yɛ Yehowa Dansefo, na mibisabisaa no nsɛm pii. Sɛnea ɔde Bible yii ano no maa m’ani gyei, enti mepenee  so sɛ ɔne me nsua Bible. Adesua no kɔɔ so kakra no, nkurɔfo bi ne yɛn yɛɛ nhyehyɛe sɛ wobeso yɛn asen de sika puduo bi aboa yɛn kuw no ama yɛatwa apaawa wɔ United States. Ɛyɛɛ me sɛ yɛanya yɛn ho awie.

Meka kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔne me sua ade no sɛ mepɛ sɛ mitwa apaawa biako, na mitwa wie a, afei mɛma m’ani abere de Bible mu asɛm ayɛ adwuma. Wanka n’adwene wɔ asɛm no ho; nea ɔkae ara ne sɛ menkenkan Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:24 no. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu.” Metee Yesu asɛm no ase no, ɛpem me. Nna kakraa bi akyi no, me nso meyɛɛ biribi maa nea ɔne me sua Bible no ho dwiriw no! Meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ midi Yesu akyi, enti magyae nnwonto no!

Bible a misuae no yɛɛ sɛ ahwehwɛ a ɛma mihuu me mfomso. (Yakobo 1:22-25) Mihui sɛ me suban nyɛ fɛ koraa: Ná meyɛ dwae na nea ehia me ara ne sɛ mɛyɛ onipa kɛse. Ná meka kasa fĩ, mepɛ ntɔkwaw, menom sigaret, na minim nsã nom paa. Mihui sɛ m’abrabɔ ne Bible nhyia koraa, na ɛhaw me araa ma na minhu nea menyɛ. Ne nyinaa mu no, na mayɛ krado sɛ mɛyɛ nsakrae biara a ɛsɛ sɛ meyɛ.—Efesofo 4:22-24.

“Yɛn soro Agya no yɛ mmɔborɔhunufo, na wɔn a wɔayɛ bɔne na wɔanu wɔn ho no, ɔpɛ sɛ ɔde kyɛ wɔn”

Ahyɛase no de, na bɔne a mayɛ atwam no ho awerɛhow hyɛ me so. Nanso Ɔdansefo a ɔne me suaa ade no boaa me paa. Ɔkenkanee asɛm a Bible aka wɔ Yesaia 1:18 no kyerɛɛ me. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma.” Asɛm yi ne Bible mu nsɛm foforo ma mihui sɛ ampa, yɛn soro Agya no yɛ mmɔborɔhunufo, na wɔn a wɔayɛ bɔne na wɔanu wɔn ho no, ɔpɛ sɛ ɔde kyɛ wɔn.

Bere a mebɛn Yehowa no, mepɛe sɛ mihyira me nkwa so ma no. (Dwom 40:8) Afe 1992 mu no, Yehowa Adansefo a wofi aman bebree so bɛyɛɛ nhyiam wɔ St. Petersburg, Russia, na saa nhyiam no ase na mebɔɔ asu.

SƐNEA ABOA ME:

Manya nnamfo pa bebree wɔ Yehowa asomfo mu. Nnwom yɛ Onyankopɔn akyɛde, enti ɛwom ara a, me ne me nnamfonom hyiam tie dwom a emu nsɛm yɛ papa gyigye yɛn ani. (Yakobo 1:17) Nhyira kɛse a manya paa ne me yere Kristina. Me ne no na ɛfa adwene; nsu mu oo, awia mu oo, me ne no ara.

Sɛ mammɛyɛ Yehowa Dansefo a, anka ebia mawu. Kan no, na minya asɛm da biara, nanso seesei de, manya akomatɔyam, na mihu sɛ biribiara da dinn.