Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Anwonwakwan so Ayaresa’ a Ɛwɔ hɔ Nnɛ—So Efi Onyankopɔn?

‘Anwonwakwan so Ayaresa’ a Ɛwɔ hɔ Nnɛ—So Efi Onyankopɔn?

‘Anwonwakwan so Ayaresa’ a Ɛwɔ hɔ Nnɛ—So Efi Onyankopɔn?

WƆ AMAN bi so no, wɔtaa hu nkurɔfo a wɔatu kwan rekɔsom wɔ asɔredan ahorow mu. Nnipa pii ka sɛ wɔasa wɔn nyarewa a na wɔkyerɛ sɛ “wɔko a ɛnkɔ” no wɔ mmeae a ɛtete saa. Wɔ aman afoforo so no, asumanfo ka sɛ wɔafa anwonwakwan so asa nkurɔfo yare. Wɔ mmeae afoforo nso no, wɔtaa bɔ gua yɛ asɔre teɛteɛm ma mmubuafo tumi sɔre fi wɔn nkongua mu anaa wɔtow poma a wɔde nantew gu ka sɛ wɔanya ayaresa.

Mpɛn pii no, wɔn a wɔsa nyarewa a ɛte saa no fi ɔsom ahorow ahorow mu, na wɔtaa kasa tia wɔn yɔnkonom sɛ wɔyɛ awaefo, atorofo, anaa abosonsomfo. Ɛnde yebetumi abisa sɛ, So Onyankopɔn nam ɔsom ahorow a wɔn ani ntaa nhyia so yɛ anwonwade? Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Korintofo 14:33) Ɛnde, so ‘anwonwakwan so ayaresa’ a ɛte saa no fi Onyankopɔn ankasa? Wɔn a wɔsa yare no mu binom kyerɛ sɛ wɔnam Yesu tumi so na wɔyɛ saa. Ma yensusuw sɛnea Yesu saa afoforo yare no ho nhwɛ.

Sɛnea Yesu Saa Nkurɔfo Yare

Akwan a Yesu faa so saa nkurɔfo yare no yɛ soronko koraa wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsa yare nnɛ no ho. Sɛ nhwɛso no, Yesu saa obiara a ɔbaa ne nkyɛn bɛhwehwɛɛ mmoa no yare. Wɔanyi nnipa no bi amfi nnipakuw bi mu ansa wɔn yare annyaw wɔn a wɔaka no. Afei nso, na Yesu sa nkurɔfo yare ma wɔn yare no kɔ koraa, na mpɛn pii no na wɔn ho tɔ wɔn amonom hɔ ara. Bible ka sɛ: “Nnipadɔm no nyinaa hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka no, efisɛ na tumi fi ne mu ba, na ɛsaa wɔn nyinaa yare.”Luka 6:19.

Yesu saa ebinom a na wonnya nnyee no nnii no mpo yare, nanso gyidi ayaresafo a wɔwɔ hɔ nnɛ taa ka kyerɛ ayarefo a wɔantumi ansa wɔn yare no sɛ wonni gyidi. Sɛ nhwɛso no, bere bi Yesu ankasa kɔɔ onifuraefo bi nkyɛn kɔsaa no yare. Akyiri yi Yesu bisaa no sɛ: “Wugye onipa Ba no di anaa?” Ɔbarima no buae sɛ: “Owura, ɔne hena na minnye no nni?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahu no, na hwɛ, ɔno ara na ɔne wo rekasa yi.”—Yohane 9:1-7, 35-38.

Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ Yesu anhwɛ sɛ obi wɔ gyidi ansa na wasa no yare de a, ɛnde dɛn nti na na Yesu taa ka kyerɛ wɔn a na ɔsa wɔn yare no sɛ: “Wo gyidi ama wo ho atɔ wo”?’ (Luka 8:48; 17:19; 18:42) Ná Yesu nam saa a ɔkae no so rekyerɛ sɛ wɔn a wɔn gyidi kaa wɔn ma wɔhwehwɛɛ no no nyaa ayaresa, nanso wɔn a wɔanhwehwɛ no no annya ayaresa. Ɛnyɛ wɔn a wonyaa ayaresa no gyidi na ɛmaa wɔn ho tɔɔ wɔn; mmom Onyankopɔn tumi na ɛsaa wɔn yare. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn so nyinaa yare, efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.”—Asomafo Nnwuma 10:38.

Mpɛn pii no, ɛte sɛ nea sika titiriw nti na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsa yare no yɛ saa. Gyidi ayaresafo nim ɔkwan a wɔfa so pɛ sika yiye. Wɔka wɔn mu biako ho asɛm sɛ, wɔ afe biako mu no, otumi nyaa Amerika sika dɔla ɔpepem 89 fii nkurɔfo hɔ wɔ wiase nyinaa. Asɔre ahorow nso nya mfaso fi ɔsom ho akwantufo a wɔkɔ mmeae a wɔsom kɔpɛ ayaresa no hɔ. Nanso Yesu de, wannyigye sika amfi nkurɔfo a ɔsaa wɔn yare no hɔ da. Bere bi mpo, ɔmaa wɔn aduan. (Mateo 15:30-38) Bere a Yesu somaa n’asuafo sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsa ayarefo yare, munnyan wɔn a wɔawuwu, momma akwatafo ho mfi, muntu adaemone. Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Dɛn nti na ɛsono sɛnea Yesu saa yare no koraa wɔ wɔn a wɔsa yare nnɛ no ho?

Ɛhe na Tumi a Wɔde ‘Sa Yare’ no Fi?

Nnuruyɛfo binom de mfe pii ahwehwɛ asɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔsa nkurɔfo yare no nsɛm mu. Dɛn na wɔahu? London atesɛm krataa bi kyerɛ sɛ oduruyɛfo bi a ɔwɔ England de mfe 20 hwehwɛɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsa yare no nsɛm mu, na ɔkae sɛ: “Nhwehwɛmu a nnuruyɛfo ayɛ wɔ wɔn a wɔka sɛ wɔsa yare anwonwakwan so mu no kyerɛ sɛ enni nnyinaso biara.” (Daily Telegraph) Nanso nnipa pii gye di paa sɛ tumi a ɛwɔ ɔsom mu nkaede mu, mmeae a wɔsom, anaa tumi a asɔfo a wɔsa yare no wɔ na ama wɔanya ayaresa. So ebetumi aba sɛ wɔadaadaa wɔn?

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a nkurɔfo nim yiye mu no, ɔkae sɛ ebinom a wɔayɛ wɔn ho sɛ wɔsom Onyankopɔn no bɛka akyerɛ no sɛ: “Awurade, Awurade, . . . yɛanyɛ ahoɔdenne bebree wo din mu anaa?” Nanso ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: “Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.” (Mateo 7:22, 23) Ɛdefa baabi a saafo yi kyerɛ sɛ wonya wɔn tumi fi ho no, ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: ‘Ɔkwan a nea onni mmara so no nam so ba ne Satan nnwuma a ahoɔdenne ne atoro nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nnaadaa bɔne nyinaa ka ho.’—2 Tesalonikafo 2:9, 10.

Bio nso, “ayaresa” a ɛbata ɔsom mu nkaede ne ahoni ho no mfi Onyankopɔn. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ: “Munguan abosonsom,” na “Monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.” (1 Korintofo 10:14; 1 Yohane 5:21) “Ayaresa” a ɛtete saa yɛ anifere kwan a Ɔbonsam fa so twetwe nnipa fi nokware som mu. Bible ka sɛ: “Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo.”—2 Korintofo 11:14.

Nea Enti a Yesu ne Asomafo no Saa Nkurɔfo Yare

Anwonwakwan so ayaresa ankasa a ɛho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no ma ɛda adi pefee sɛ Yesu ne asomafo no nyaa wɔn tumi fii Onyankopɔn hɔ. (Yohane 3:2; Hebrifo 2:3, 4) Anwonwakwan a Yesu faa so saa yare no nso foaa asɛm a na ɔka no so: ‘Okyinkyin Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahenni no ho asɛmpa, saa nyarewa ahorow nyinaa bi.’ (Mateo 4:23) Yesu anwonwade a ɔyɛe—a ɛnyɛ yare a ɔsae nko, na mmom nnipakuw a ɔmaa wɔn aduan, ɛpo mframa a ɔma ɛyɛɛ dinn, ne awufo mpo a onyanee wɔn—ma yehu nea ɔbɛyɛ ama adesamma asoɔmmerɛwfo wɔ n’Ahenni mu. Ɛyɛ asɛmpa ankasa!

Anwonwade a ɛte saa anaa honhom no dom akyɛde no fii hɔ bere a Yesu ne asomafo no, ne obiara a wɔmaa no adom akyɛde no bi wui no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nkɔmhyɛ dom akyɛde de, wobeyi afi hɔ; [anwonwakwan so] kasa horow nso, ebegyae; nimdeɛ [a woyi kyerɛe] nso, wobegu.” (1 Korintofo 13:8) Dɛn ntia? Esiane sɛ awie n’adwuma nti, anwonwade a ɛte saa, a ayaresa ka ho no ho nhia bio; wɔayi “afi hɔ.” Adwuma a ɛyɛe ne sɛ, ɛma wohuu Yesu sɛ ɔne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no, na ɛma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn gyee Kristofo asafo no toom.

Anwonwakwan a Yesu faa so saa yare no ho da so ara hia yɛn nnɛ. Sɛ yetie nea Yesu kyerɛkyerɛ faa Onyankopɔn Ahenni ho na yegye di a, yebetumi ahwɛ bere a nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu yi bɛbam wɔ honhom mu ne honam mu nyinaa no kwan: “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24; 35:5, 6; Adiyisɛm 21:4.—w08 12/1-E.