Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”

“Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”

“Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?”—MAT. 24:3.

1. Dɛn na na asomafo no pɛ sɛ wohu a yɛn nso yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu?

BERE a Yesu som adwuma reba awiei wɔ asase so no, na n’asuafo no pɛ sɛ wohu nea ebesi daakye. Aka nna kakra ma Yesu awu no, n’asomafo baanan bisaa no sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3; Mar. 13:3) Yesu kaa nkɔmhyɛ bi ho asɛm. Wɔayɛ eyi ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 24 ne ti 25. Ɔkaa nsɛm akɛse akɛse bi a ebesisi wɔ saa nkɔmhyɛ no mu. Yesu asɛm no ho hia yɛn efisɛ yɛn nso yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu nea ebesi daakye.

2. (a) Dɛn na yefi bere tenten atweetwee mu sɛ yɛbɛte ase yiye? (b) Nsɛmmisa abiɛsa bɛn na yebesusuw ho?

2 Yehowa asomfo de mfe pii atweetwee Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri ho no mu, na wɔabɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn ma wɔnte ase. Wɔpɛ sɛ wohu bere pɔtee a Yesu nkɔmhyɛ no bɛba mu. Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa abiɛsa a ɛbɛboa yɛn ma yɛate nkɔmhyɛ yi ase yiye. Nsɛmmisa yi ni: Bere bɛn na “ahohiahia kɛse” no befi ase? Bere bɛn na Yesu bebu nnipa atɛn sɛ “nguan ne mmirekyi”? Bere bɛn na Yesu ‘bɛba’?—Mat. 24:21; 25:31-33.

BERE BƐN NA AHOHIAHIA KƐSE NO BEFI ASE?

3. Kan no na yesusuw sɛ bere bɛn na ahohiahia kɛse no fii ase?

3 Kan no na yesusuw sɛ ahohiahia kɛse no fii ase 1914 bere a Wiase Ko I pae gui no, na Yehowa ‘twaa nna no so’ 1918 bere a ɔko no baa awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a nkaefo no betumi aka asɛmpa no akyerɛ aman nyinaa. (Mat. 24:21, 22) Afei sɛ wɔka asɛmpa no wie a, wɔbɛsɛe Satan ahemman no. Ná ntease no ne sɛ ahohiahia kɛse no wɔ afã abiɛsa: Ebefi  ase 1914, afei wobetwa so 1918, na ɛbɛba awiei wɔ Harmagedon.

4. Dɛn na yɛabehu wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho?

4 Nanso yɛasan ahwɛ Yesu nkɔmhyɛ no bio, na yɛahu sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri ho no fã bi wɔ mmamu abien. (Mat. 24:4-22) Enyaa mmamu a edi kan wɔ Yudea afeha a edi kan Y.B. mu, na ebenya mmamu foforo wɔ yɛn bere yi so. Eyi bɛka wiase nyinaa. Saa nhwehwɛmu yi ama yɛabɛte nneɛma pii ase. *

5. (a) Dɛn na efii ase afe 1914? (b) “Awoko yaw” a efii ase 1914 ne bere bɛn na edi nsɛ wɔ afeha a edi kan no mu?

5 Bio nso yehui sɛ ahohiahia kɛse no amfi ase 1914. Adɛn ntia? Efisɛ Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ ahohiahia kɛse no befi ase bere a wɔatow ahyɛ atoro som so, na ɛnyɛ bere a amanaman no reko. Enti nsɛm a esisii 1914 no nyɛ ahohiahia kɛse no mfiase, na mmom ɛyɛ “awoko yaw mfiase.” (Mat. 24:8) “Awoko yaw” yi te sɛ nea esii wɔ Yerusalem ne Yudea fi afe 33 Y.B. kosi 66 Y.B. mu.

6. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase?

6 Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase? Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a wɔnam odiyifo Daniel so kaa ho asɛm no sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (ma ɔkenkanfo no mfa nhumu nyɛ adwuma,) afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.” (Mat. 24:15, 16) Nkɔmhyɛ yi mmamu a edi kan no, Roma asraafo (“akyide”) ‘begyinaa kronkronbea hɔ’ afe 66 Y.B. mu. Eyi yɛ bere a wɔtow hyɛɛ Yerusalem ne n’asɔrefie (a na Yudafo bu no sɛ ɛyɛ kronkronbea no) so no. Nkɔmhyɛ yi benya mmamu kɛse bere a Amanaman Nkabom (“akyide” a ɛwɔ hɔ nnɛ) no bɛtow ahyɛ Kristoman (a asɔrekɔfo bu no sɛ ɛyɛ kronkron) ne  Babilon Kɛse no fã aka so no. Eyi bɛyɛ te sɛ nea ‘egyina’ kronkronbea hɔ. Adiyisɛm 17:16-18 ka asɛnkoro yi ara ho asɛm. Eyi na ebefi ahohiahia kɛse no ase.

7. (a) Ɛyɛɛ dɛn na ‘wogyee Kristofo nkwa’ wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ ebesi daakye?

7 Yesu san kae sɛ: “Wobetwa nna no so.” Nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu a edi kan afe 66 Y.B. mu bere a Roma asraafo baa Yerusalem na akyiri yi ‘wotwaa so’ kɔe no. Afei Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no nyaa kwan guanee sɛnea ‘wobenya nkwa.’ (Monkenkan Mateo 24:22; Mal. 3:17) Enti dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ ebesi wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu? Sɛ Amanaman Nkabom no tow hyɛ atoro som so a, Yehowa ‘betwa so’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe nokware som nka atoro som ho. Eyi bɛma Onyankopɔn nkurɔfo anya wɔn ti adidi mu.

8. (a) Ahohiahia kɛse no fã a edi kan ba awiei a, nsɛm bɛn na ebesisi? (b) Ɛbɛyɛ sɛ bere bɛn na 144,000 no muni a otwa to benya ne soro akatua? (Hwɛ awiei asɛm no.)

 8 Ahohiahia kɛse no fã a edi kan ba awiei a, dɛn na ebesi? Yesu asɛm no kyerɛ sɛ bere kakra betwam ansa na Harmagedon afi ase. Ɛnde, nsɛm bɛn na ebesisi saa bere no? Mmuae no wɔ Hesekiel 38:14-16 ne Mateo 24:29-31. (Monkenkan.) * Eyi akyi no, Harmagedon bɛpae agu. Eyi ne ahohiahia kɛse no fã a etwa to, na ɛte sɛ Yerusalem sɛe a ɛbaa afe 70 Y.B. mu no. (Mal. 4:1) Ahohiahia kɛse no bedu ne mpɔmpɔnso wɔ Harmagedon, na ɛbɛyɛ biribi a “efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii” da. (Mat. 24:21) Ɛno akyi no, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no befi ase.

9. Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ahohiahia kɛse no ho no ka Yehowa nkurɔfo sɛn?

9 Nkɔmhyɛ a ɛfa ahohiahia kɛse no ho no hyɛ yɛn den. Adɛn ntia? Ɛma  yenya awerɛhyem sɛ amanehunu biara a yebehyia saa bere no, Yehowa begye ne nkurɔfo afi ahohiahia kɛse no mu. (Adi. 7:9, 14) Nea ɛyɛ yɛn dɛ koraa ne sɛ Harmagedon pae gu a, Yehowa bɛma obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata na watew ne din kronkron no ho.—Dw. 83:18; Hes. 38:23.

BERE BƐN NA YESU BEBU NNIPA ATƐN SƐ NGUAN NE MMIREKYI?

10. Bere bi a atwam no, na yesusuw sɛ bere bɛn na wofii ase buu nnipa atɛn sɛ nguan ne mmirekyi?

10 Ma yɛnhwɛ Yesu nkɔmhyɛ foforo ne bere a ebefi ase. Eyi fa nguan ne mmirekyi a wobebu wɔn atɛn ho. (Mat. 25:31-46) Bere bi a atwam no na yesusuw sɛ wofii ase paapae nnipa mu sɛ nguan ne mmirekyi wɔ 1914, na ɛbɛkɔ so wɔ awiei bere no nyinaa mu. Ná ntease a yɛwɔ ne sɛ, sɛ obi po Ahenni asɛm no na owu ansa na ahohiahia kɛse no afi ase a, wobebu no sɛ abirekyi, kyerɛ sɛ ɔrennya owusɔre.

11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu amfi ase ampaapae nnipa mu sɛ nguan ne mmirekyi wɔ afe 1914 mu?

11 Akyiri yi yɛsan hwɛɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 25:31 no bio. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.” Enti Ɔwɛn-Aban a ɛbaa afe 1995 mu no de ntease foforo too gua. Ɛkae sɛ Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene wɔ afe 1914 mu, nanso saa bere no wantena “n’anuonyam ahengua so” ammu “amanaman nyinaa” atɛn. (Mat. 25:32; fa toto Daniel 7:13 ho.) Bere a Yesu reka mfatoho a ɛfa nguan ne mmirekyi ho no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ ɔyɛ Ɔtemmufo. (Monkenkan Mateo 25:31-34, 41, 46.) Esiane sɛ Yesu amfi ase ammu amanaman no atɛn 1914 nti, yɛrentumi nka sɛ saa afe no na ofii ase paapae nnipa mu sɛ nguan ne mmirekyi. * Ɛnde, bere bɛn na Yesu befi ase abu atɛn?

12. (a) Bere bɛn na Yesu befi ase abu amanaman no atɛn? (b) Asɛm bɛn na ɛwɔ Mateo 24:30, 31 ne Mateo 25:31-33, 46?

 12 Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri ho no ma yehu sɛ atoro som sɛe akyi na obefi ase abu amanaman nyinaa atɛn. Sɛnea yehui wɔ  nkyekyɛm 8 no, Mateo 24:30, 31 ma yehu nneɛma a ebesisi saa bere no bi. Sɛ wohwɛ saa kyerɛwsɛm no a, wubehu sɛ nsɛm a Yesu kae ne nea ɔkae wɔ nguan ne mmirekyi ho no di nsɛ. Ɛho nhwɛso ni: Onipa ba no ba n’anuonyam mu a abɔfo ka ne ho; wɔbɛboaboa mmusua ne amanaman nyinaa ano; wɔn a obebu wɔn atɛn sɛ nguan no ‘bɛma wɔn ti so’ efisɛ “daa nkwa” da hɔ retwɛn wɔn. * Wɔn a obebu wɔn atɛn sɛ mmirekyi no ‘bɛbɔ abubuw’ efisɛ “daa ɔsɛe” da hɔ retwɛn wɔn.—Mat. 25:31-33, 46.

13. (a) Bere bɛn na Yesu bebu nnipa atɛn sɛ nguan anaa mmirekyi? (b) Ɛsɛ sɛ saa ntease yi ka yɛn asɛnka adwuma no sɛn?

13 Sɛ yɛhwɛ eyi nyinaa a, yebetumi aka sɛ ahohiahia kɛse no mu na Yesu bɛba abebu amanaman no atɛn sɛ nguan anaa mmirekyi. Afei ahohiahia kɛse no fa a etwa to a ɛne Harmagedon no, ‘wɔbɛsɛe’ mmirekyi no koraa. Ɛsɛ sɛ saa ntease yi ka yɛn asɛnka adwuma no sɛn? Ɛboa ma yehu sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa. Seesei a ahohiahia kɛse no nnya mfii ase no, bere da so wɔ hɔ a nnipa betumi asesa wɔn adwene na wɔafa kwan hihiaa a “ɛkɔ nkwa mu” no so. (Mat. 7:13, 14) Ɛwom, ɛnnɛ ebinom bɛyɛ wɔn ade sɛ nguan anaa mmirekyi, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ahohiahia kɛse no mu na Yesu bebu nnipa atɛn sɛ  nguan anaa mmirekyi. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya hokwan ayɛ ho biribi.

Seesei a ahohiahia kɛse no nnya mfii ase no, bere da so wɔ hɔ a nnipa betumi asesa wɔn adwene (Hwɛ nkyekyɛm 13)

BERE BƐN NA YESU BƐBA?

14, 15. Nsɛm anan bɛn na ɛfa bere a Kristo bɛba abebu atɛn daakye ho?

 14 Sɛ yɛhwɛ Yesu nkɔmhyɛ no bio a, ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ wɔ nsɛm foforo a ebesisi ho. Bere bɛn na saa nsɛm no besisi? Nkɔmhyɛ no ara ma yehu mmuae no. Momma yɛnhwɛ.

15 Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:29–25:46 no ma yehu sɛ na ɔreka nsɛm a ebesisi wɔ nna a edi akyiri yi ne ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. Yesu kaa ne ‘ba’ no ho asɛm mpɛn awotwe wɔ saa kyerɛw nsɛm no mu. * Ɔkaa ahohiahia kɛse no ho asɛm sɛ: ‘Wobehu sɛ onipa Ba no nam mununkum mu reba.’ Afei ɔkae sɛ: “Munnim da ko a mo Wura bɛba.” Ɔsan kae sɛ: “Dɔn a mo ani nna so mu na onipa Ba no bɛba.” Bere a Yesu kaa nguan ne mmirekyi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Onipa Ba no ba n’anuonyam mu.” (Mat. 24:30, 42, 44; 25:31) Nsɛm anan yi nyinaa fa bere a Kristo bɛba abebu atɛn daakye ho. Nsɛm anan a aka no nso ɛ? Yesu nkɔmhyɛ no fã he na yehu no?

16. Kyerɛw nsɛm bɛn bio na ɛka Yesu ba ho asɛm?

16 Yesu kaa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ho asɛm sɛ: “Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu sɛ ɔreyɛ saa.” Bere a Yesu reka mfatoho a ɛfa mmabun ho no, ɔkae sɛ: “Bere a wɔrekɔ akɔtɔ [ngo] no, ayeforokunu no bae.” Bio nso bere a Yesu reka owura bi a ɔmaa ne nkoa dwetikɛse ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Bere tenteenten akyi no, nkoa no wura bae.” Owura no ka kyerɛɛ akoa bɔne no sɛ: “Ɛsɛ sɛ anka wode me dwetɛ sika no kɔma sikakorafo, na meba a manya m’ade.” (Mat. 24:46; 25:10, 19, 27) Ɛha nso yehu mpɛn anan a Kyerɛwnsɛm no ka Yesu ba ho asɛm. Bere bɛn na ɛreka ho asɛm?

17. Mateo 24:46 ka sɛ ‘owura no bɛba.’ Kan no na yɛte eyi ase sɛn?

17 Bere bi a atwam no, yɛkae wɔ yɛn  nhoma ahorow mu sɛ kyerɛw nsɛm anan a yɛkaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm 16 a ɛfa Yesu ba ho no nyaa mmamu afe 1918. Wo de, ma yɛmfa asɛm a Yesu ka faa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho nyɛ nhwɛso. (Monkenkan Mateo 24:45-47.) Kan no na yɛte ase sɛ bere a Mateo 24:46 kae sɛ owura no “bɛba” no, na ɛkyerɛ bere a Yesu bɛhwɛɛ wɔn a wɔasra wɔn no honhom fam tebea wɔ afe 1918 mu. Bio nso na yɛte ase sɛ afe 1919 na Owura no de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ akoa no nsa. (Mal. 3:1) Nanso bere a yɛsan hwɛɛ Yesu nkɔmhyɛ no mu bio no, yehui sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ mu. Adɛn ntia?

18. Sɛ yɛhwɛ Yesu nkɔmhyɛ no nyinaa a, dɛn na yebetumi aka afa Yesu ‘ba’ ho?

18 Ansa na Yesu reka asɛm a ɛwɔ Mateo 24:46 no, na wadi kan aka biribi a ɛkyerɛ sɛ ne ‘ba’ no yɛ bere a ɔbɛba abebu atɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu. (Mat. 24:30, 42, 44) Bio nso sɛnea yehui wɔ  nkyekyɛm 12 no, Yesu “ba” a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 25:31 no nso kyerɛ bere a obebu atɛn daakye wɔ ahohiahia kɛse no mu. Enti sɛ Yesu ka wɔ Mateo 24:46, 47 sɛ ɔbɛba de nea ɔwɔ nyinaa abɛhyɛ akoa nokwafo no nsa a, yebetumi aka sɛ saa asɛm no nso bɛbam daakye wɔ ahohiahia kɛse no mu. * Sɛ yɛhwɛ Yesu nkɔmhyɛ no nyinaa a, yehu sɛ bere a ɔkaa no mpɛn awotwe sɛ ɔbɛba no, na ne nyinaa kyerɛ nea ebesi daakye, kyerɛ sɛ, bere a ɔbɛba abebu atɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu.

19. Ntease foforo bɛn na yɛanya? Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edidi so no mu?

19 Nea yɛasusuw ho abedu yi, dɛn na yɛasua? Bere a yɛrefi adesua yi ase no, yebisaa nsɛm abiɛsa bi, na yɛanya ho mmuae. Nea edi kan, yɛabehu sɛ ahohiahia kɛse no amfi ase 1914, na mmom ebefi ase bere a Amanaman Nkabom no atow ahyɛ Babilon Kɛse no so no. Afei yɛahu sɛ ɛnyɛ 1914 na Yesu fii ase paapae nguan ne mmirekyi no mu, na mmom ɔbɛyɛ saa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Bio nso yɛahu sɛ ɛnyɛ 1919 na Yesu bae de nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛɛ akoa nokwafo no nsa, na mmom ɔbɛyɛ saa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Enti nsɛmmisa abiɛsa no nyinaa mmuae yɛ koro. Ne nyinaa besi daakye, ahohiahia kɛse no mu. Sɛ saa na yɛabɛte ase a, ɛnde akoa nokwafo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho mu no nso ɛ? Yɛbɛte ase sɛn? Bio nso, ɔkwan bɛn so na ntease a yɛanya yi ka Yesu mfatoho foforo a ɛreba mu wɔ awiei bere yi mu? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edidi so no mu.

 

^ nky. 4 Nkyekyɛm 4: Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban February 15, 1994, kratafa 8-21 ne Ɔwɛn-Aban May 1, 1999, kratafa 8-20.

^ nky. 8 Nkyekyɛm 8: Ade biako a wɔaka ho asɛm wɔ kyerɛw nsɛm no mu ne sɛ “wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano.” (Mat. 24:31) Enti ɛbɛyɛ sɛ ahohiahia kɛse no fã a edi kan no twam a, wɔn a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so nyinaa bɛkɔ soro ansa na Harmagedon ko no apae agu. Eyi yɛ ntease foforo a yɛde resi “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ August 15, 1990, Ɔwɛn-Aban no kratafa 30 ananmu.

^ nky. 11 Nkyekyɛm 11: Hwɛ Ɔwɛn-Aban October 15, 1995, kratafa 18-28.

^ nky. 12 Nkyekyɛm 12: Hwɛ asɛm a ɛwɔ Luka 21:28.

^ nky. 15 Nkyekyɛm 15: Asɛmfua a yɛkyerɛ ase “ba,” “bae,” ne “bɛba” nyinaa fi Hela asɛmfua er′kho·mai mu.

^ nky. 18 Nkyekyɛm 18: Sɛnea yɛahu no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ Mateo 24:46 “bɛba” no, ɛno ara na wɔkyerɛɛ ase “reba” ne “bɛba” wɔ Mateo 24:30, 42, 44.