Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monhwɛ Yiye Wɔ Farisifo Mmɔkaw Ho’

‘Monhwɛ Yiye Wɔ Farisifo Mmɔkaw Ho’

‘Monhwɛ Yiye Wɔ Farisifo Mmɔkaw Ho’

Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ Farisifo mmɔkaw a ɛyɛ nyaatwom no ho.” (Luka 12:1) Bere a Mateo rekyerɛw asɛm a Yesu kae yi, ɔmaa mu daa hɔ sɛ na ɔrekasa tia Farisifo no “nkyerɛkyerɛ.”—Mat. 16:12.

Ɛtɔ mmere bi a Bible de “mmɔkaw” gyina hɔ ma biribi a ɛsɛe ade. Yebetumi aka sɛ Farisifo no nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe sɛee wɔn atiefo adwene. Adɛn nti na na Farisifo no nkyerɛkyerɛ yɛ hu saa?

1 Farisifo no hoahoaa wɔn ho sɛ wɔyɛ treneefo, na na wotiatia afoforo anim.

Yesu kaa sɛnea Farisifo yi hoahoa wɔn ho wɔ ne mfatoho biako mu. Ɔkae sɛ: “Farisini no sɔre gyinae na ofii ase bɔɔ mpae yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfo, wɔn a wɔnteɛ, awaresɛefo, anaasɛ towgyeni yi mpo. Midi mmuada mprenu nnawɔtwe, miyi nea minya nyinaa so ntotoso du du.’ Na towgyeni no a ogyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko ara kae sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo yi mmɔbɔ.’”—Luka 18:11-13.

Yesu kamfoo towgyeni no sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase. Ɔkae sɛ: “Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔtreneeni sen [Farisini] no; efisɛ obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.” (Luka 18:14) Ná nnipa nim towgyefo sɛ wɔyɛ asisifo, nanso Yesu bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa towgyefo a wotiee no no. Anyɛ yiye koraa no, towgyefo baanu—Mateo ne Sakeo—bɛyɛɛ n’akyidifo.

Ebia ɔdom akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn anaa ɔsom hokwan a yɛwɔ nti yebesusuw sɛ yɛkyɛn afoforo, anaa ebia yebesusuw sɛ yɛkyɛn wɔn esiane wɔn sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ nti. Sɛ yɛwɔ saa adwene no a, ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn tirim ntɛm ara, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi.”—1 Kor. 13:4-6.

Ɛsɛ sɛ yenya adwene a na ɔsomafo Paulo kura no bi. Paul kae sɛ “Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa,” na ɔde kaa ho sɛ: “Me na midi kan wɔ wɔn a wɔte saa no mu.”—1 Tim. 1:15.

Nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

So migye tom sɛ meyɛ ɔbɔnefo ma enti sɛ menya nkwa a, ɛyɛ Yehowa adom ara kwa? Anaasɛ misusuw sɛ esiane mfe dodow a mede asom Yehowa anaa hokwan a mewɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu anaa ɔdom akyɛde a mewɔ nti, mekyɛn afoforo?

2 Farisifo no yɛɛ wɔn ho treneefo wɔ nnipa anim. Na wɔpɛ dibea ne abodin akɛse.

Yesu kae sɛ: “Nnwuma a wɔyɛ nyinaa, wɔyɛ sɛnea nnipa behu; wɔyɛ kyerɛwsɛm kotoku a wɔde bɔ wɔn ho ban no atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano akɛse. Wɔpɛ mpanyin tenabea wɔ anwummeduan ase ne hyiadan mu nkongua a ɛwɔ anim no, ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn Rabi.” (Mat. 23:5-7) Fa wɔn suban toto Yesu de ho hwɛ. Ná Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ, nanso na ɔbrɛ ne ho ase. Bere a ɔbarima bi frɛɛ no “papa” no, Yesu kae sɛ: “Dɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.” (Mar. 10:18) Bere foforo nso, Yesu hohoroo n’asuafo nan ho de yɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo sɛ wɔn nso mmrɛ wɔn ho ase.—Yoh. 13:1-15.

Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni som ne nuanom. (Gal. 5:13) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma” a, ɛyɛ asɛmpa, nanso adwene a ɛsɛ sɛ onya ne sɛ ɔbɛyɛ saa de aboa afoforo. Wɔmfa saa “adwuma” yi mpɛ din anaa tumi. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo suasua Yesu na ‘wɔbrɛ wɔn ho ase koma mu.’—1 Tim. 3:1, 6; Mat. 11:29.

Nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

Esiane anuonyam anaa hokwan bi a mepɛ nti, mepɛ wɔn a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu anim dom anaa? Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ adwuma a anuanom behu me na wɔakamfo me? Mepɛ sɛ afoforo hu sɛ me ne “asomasi”?

3 Farisifo no mmara ne wɔn atetesɛm dodow maa Mose Mmara no so di yɛɛ den maa ɔmanfo.

Mose Mmara no maa Israelfo no huu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔsom Yehowa. Nanso nneɛma nketenkete bi wɔ hɔ a, Mmara no anka ho asɛm. Nhwɛso bi ni: Mmara no barae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma Homeda, nanso ankyerɛ nneɛma pɔtee a ɛyɛ adwuma ne nea ɛnyɛ adwuma. (Ex. 20:10) Enti Farisifo no ankasa hyehyɛɛ wɔn mmara ne atetesɛm de kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Yesu dii Mose Mmara no so nanso ɔpoo mmara a na Farisifo no ankasa ahyehyɛ no. (Mat. 5:17, 18; 23:23) Yesu amfa n’adwene ansi nea Mmara no ka kɛkɛ so, na mmom aba a ɛwom so. Ohui nso sɛ mmɔborɔhunu ne tema ho hia. Bere a n’akyidifo no dii no huammɔ mpo no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte wɔn tebea no ase. Sɛ nhwɛso no, anadwo a wɔrebɛkyere Yesu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo baasa sɛ wɔnwɛn, nanso bere biara a ɔbɛba abɛto wɔn no na wɔada. Ne nyinaa akyi no, Yesu kae sɛ: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”—Mar. 14:34-42.

Nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

So misi me bo hyehyɛ mmara biara a mepɛ? Mete afoforo ase anaa?

Susuw nsonsonoe a ɛwɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ne Farisifo no de mu ho. Wuhu nsakrae a wubetumi ayɛ? Sɛ saa a, dɛn nti na wommɔ wo tirim pɔw sɛ wobɛyɛ saa?

[Kratafa 28 mfonini]

Ná Farisifo no hyɛ kyerɛwsɛm kotoku.—Mat. 23:2, 5

[Kratafa 29 mfonini]

Asafo mu mpanyimfo nte sɛ Farisifo ahantanfo no; mmom wɔbrɛ wɔn ho ase som afoforo

[Kratafa 30 mfonini]

Wo nso wote afoforo ase te sɛ Yesu?