Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛkɔ So Afe Biara wɔ “Asase Pa No” So

Nea Ɛkɔ So Afe Biara wɔ “Asase Pa No” So

Nea Ɛkɔ So Afe Biara wɔ “Asase Pa No” So

WƆ AFE 1908 mu no, wohuu biribi a ɛyɛ nwonwa wɔ Geser, kurow a Bible ka ho asɛm a ɛda baabi a ɛbɛn Yerusalem mpoano wɔ atɔe fam no. Ná ɛyɛ abopon ketewaa bi a wogye di sɛ wɔyɛɛ no afeha a ɛto so du A.Y.B. mu. Ná wɔde tete Hebri kasa na akyerɛw nsɛm a ɛwɔ so no, na wosusuw sɛ na ɛyɛ mmere a wɔde yɛ kua wɔ afe no mu ne kuayɛ ho nnwuma afoforo. Akyiri yi, wɔfrɛɛ abopon yi Geser Kalenda.

Edin a na ɛhyɛ nsɛm no ase ni: Abijah. Ɛwom sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no pii susuw sɛ sukuuni abofra bi na ɔkyerɛwee de, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wogye tom saa. * So wobɛpɛ sɛ wutwa asase pa no ho mfonini sɛnea abofra bi a ɔtraa ase saa bere no huu no no? Saa a wobɛyɛ no betumi aboa wo ma woakae nsɛm bi a esisii wɔ Bible mu.

Asram Abien a Wɔde Boaboa Nnɔbae Ano

Onii a ɔkyerɛw tete kalenda yi de bere a wɔboaboa nnɔbae ano na efii ase. Ɛwom sɛ ɛno na na edi kan wɔ kalenda no so de, nanso wubetumi ahu nea enti a Israelfo no buu anoboaboa yi sɛ adwuma a etwa to wɔ mmere a na wɔde yɛ kua no fã kɛse no ara wɔ afe no mu no. Etanim ɔsram (akyiri yi wɔfrɛɛ no Tishri) no ne September/October a ɛwɔ yɛn kalenda so nnɛ no na ehyia. Ebedu saa bere yi na wɔatwa wɔn nnɔbae no dodow no ara awie, enti na ɛyɛ anigye bere ma afoforo ne ebia abofra, Abijah nso. Twa sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a ɔreboa ne papa ma wɔabɔ asese a na wɔbɛtra mu nnawɔtwe, bere a wɔde anigye daa Yehowa ase wɔ nnɔbae a wonyae ho no ho mfonini hwɛ!—Deuteronomium 16:13-15.

Saa bere yi na aka kakra ma Abijah abusua no aporow ngodua. Eyi yɛ adwuma a na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ den dodo sɛ Abijah a ɔyɛ abofra no bɛyɛ, nanso na ɔde anigye hwɛ ngodua a wɔporow no. (Deuteronomium 24:20) Ɛno akyi no na wɔsesaw aba no de kɔ owiyammo a ɛbɛn hɔ paa so koyi mu ngo. Anaasɛ abusua bi nso betumi afa ɔkwan a ɛnyɛ den koraa so ayi ngo no bi—wɔde ngodua aba a wɔasiw no gu nsu mu na wɔpa ani ngo no. Ɛmfa ho ɔkwan a na wɔfa so nya ngo no biara no, ɛnyɛ aduan nko na na wɔde ngo a ɛsom bo yi yɛ. Ná wɔde gu kanea mu, na na wɔde gu kuro so, te sɛ apirakuru a Abijah a ɔyɛ abofra no betumi anya bere a ɔredi agoru no.

Asram Abien a Wɔde Gu Aba

Sɛ osu a edi kan no fi ase tɔ na ebi pete Abijah so a, ɛbɛyɛ sɛ na n’ani gye. Ebetumi aba sɛ na ne papa aka sɛnea osu a ɛtɔ ho hia wɔ asase no so ho asɛm akyerɛ no. (Deuteronomium 11:14) Ebedu saa bere yi, na osu a atɔ no ama asase a owia abɔ so ma akyen no ayɛ mmerɛw a wobetumi afuntum. Tete no, na nea ofuntum asase no de ne nsa so fɛtɛw ade a ebia dade hyɛ ano no mu di aboa a ɔrefuntum asase no akyi. Nea enti a na wɔyɛ saa ne sɛ wobetwitwa akã a ɛyɛ tẽẽ wɔ asase no so. Esiane sɛ na asase ho hia paa nti, na Israelfo tumi yɛ kua wɔ asase nketewa so anaa wɔ bepɔw nkyɛnmu mpo. Nanso wɔ bepɔw nkyɛnmu de, na gye sɛ wɔde asɔw funtum asase no.

Sɛ wonya funtum asase no wie a, na wobetumi agu awi ne atoko. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, asram abien a wɔde gu aba a ɛte saa no na na edi hɔ wɔ Geser Kalenda no so. Ná ogufo no betumi de aba no agu n’atade mu na wasaw ato apete asase no so.

Asram Abien a Wɔde Gu Aba a Edi Akyiri

Aduan ampa “asase pa” no so da. (Deuteronomium 3:25) Edu December a, na osu tɔ paa ma asase no so afifide yɛ frɔmfrɔm. Ná ɛyɛ bere a wɔde dua nneɛma a edi akyiri te sɛ nkate, asɛdua, ne nneɛma afoforo. (Amos 7:1, 2) Wɔ abopon no so no, Abijah frɛɛ eyi “asram a osu tɔ ma sare yɛ frɔmm” anaa “nneɛma a wodua no akyiri yi” sɛnea nkyerɛase foforo bi kyerɛ no. Ná eyi yɛ bere a wɔde atosode pii yɛ nnuan a ɛyɛ dɛ.

Sɛ awɔw bere no rekɔ n’awiei na ɔsonkoran dua fefɛw na egu nhwiren fitaa ne kɔkɔɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔ bere abɛn. Sɛ wim yɛ hyew kakraa bi pɛ a, na ɔsonkoran dua no tumi fefɛw gu nhwiren wɔ January mu mpo.—Yeremia 1:11, 12.

Ɔsram Biako a Wɔde Twa Asaawa

Nea edi hɔ no, Abijah kaa asaawa ho asɛm. Ebia eyi bɛma woakae asɛm bi a esii mfe pii wɔ Yudea mmepɔw no apuei fam ansa na wɔrewo Abijah no. Rahab de akwansrafo abien siei wɔ Yeriko kurow mu wɔ “siwabiri [asaawa] a ɔde aboa ɔdan no atifi” a na ɔrehata no mu. (Yosua 2:6) Ná Israelfo de asaawa yɛ nneɛma pii. Sɛ wobenya asaawa a, na gye sɛ wɔma dua no hono no porɔw ansa. Ná wotumi de gu hɔ ma obosu fɔw no ma ɛporɔw nkakrankakra, anaasɛ sɛ wɔpɛ sɛ ɛyɛ ntɛm a, wɔde gu nsu mu. Sɛ wonya yi ɛho hono no a, na wɔde asaawa no yɛ nwera. Afei wɔde nwera no yɛ mframatama, ntamadan ne ntade. Ná wɔde asaawa yɛ kanea ntamaban nso.

Ebinom nnye nni sɛ na wodua asaawa wɔ Geser mpɔtam, baabi a na nsu ho yɛ den kakra no. Afoforo nso kyerɛ sɛ na afe no rekɔ n’awiei a na wodua asaawa. Ɛno nti, ebinom gye di sɛ asɛmfua “asaawa” a ɛwɔ Geser Kalenda no so no kyerɛ “sare” a na wɔde ma mmoa.

Ɔsram Biako a Wɔde Twa Atoko

Afe biara sɛ wotwa asaawa wie a, na Abijah hwɛ atoko a anyin, afifide a edi so a ɔka ho asɛm wɔ ne kalenda no so no. Wɔfrɛ ɔsram a ɛne saa bere yi hyia wɔ Hebri mu sɛ Abib, a ebetumi akyerɛ atoko a anyin nanso ɛda so ara yɛ mmerɛw no. Yehowa hyɛe sɛ: “Hwɛ ɔsram Abib [a ɛte sɛ Oforisuo] na di Twam ma [Yehowa, NW].” (Deuteronomium 16:1) Abib (akyiri yi wɔfrɛɛ no Nisan) yɛ ɔsram a ɛne March ne April a ɛwɔ nnɛyi kalenda so no hyia. Ebia bere a atoko de nyin no ka ho bi na ɛma wohuu bere a na ɔsram yi de fi ase. Ɛnnɛ mpo Yudafo a wɔyɛ Karaitefo hwɛ bere a atoko nyin no na wɔde ahu bere a wɔde befi wɔn afe foforo ase. Ná ɛsɛ sɛ wohim atoko a edi kan a wotwa no wɔ Yehowa anim wɔ Abib da a ɛto so 16.—Leviticus 23:10, 11.

Ná atoko yɛ aduan titiriw a na Israelfo dodow no ara di. Esiane sɛ na atoko bo nyɛ den sɛ awi nti, na ahiafo titiriw taa tɔ de yɛ paanoo.—Hesekiel 4:12.

Ɔsram Biako a Wɔde Twa Nnɔbae na Wosusuw

Sɛ wususuw Abijah bere so ho a, wubetumi de w’adwene abu anɔpa bi a ebia ohui sɛ omununkum a ɛwɔ wim no retwe kɔ—kyerɛ sɛ na ɛbɛkyɛ ansa na osu atɔ. Afei na obosu na ebegugu asase pa no afifide so. (Genesis 27:28; Sakaria 8:12) Ná Israel akuafo nim sɛ nnɔbae pii a wotwa wɔ asram a owia bɔ paa wɔ afe no mu no behia mframa a ɛsɛ kosi sɛ Pentekoste bedu. Ebia na mframa a emu yɛ nwini a efi atifi fam ba no boa ma awi ne atoko ne afifide a ɛtete saa no nyin, nanso na ɛsɛe nnua te sɛ ngodua, bobe ne nea ɛtete saa a agu nhwiren no. Ná ɔpɛ mframa a emu yɛ hyew a efi anafo no boa ma nnua gu nhwiren na ɛsow.—Mmebusɛm 25:23; Nnwom mu Dwom 4:16.

Yehowa a ɔhyehyɛɛ wim tebea no na ɔhyehyɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asase pa no so. Wɔ Abijah bere so no, na Israel yɛ “asase a awi ne atoko ne bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so, asase a ɛso ngodua ne ɛwo.” (Deuteronomium 8:8) Ɛbɛyɛ sɛ na Abijah nana aka aduan a ebuu so pii wɔ Ɔhene Salomo nyansafo no nniso ase no ho asɛm akyerɛ no—adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyiraa wɔn.—1 Ahene 4:20.

Bere a wɔkaa otwa bere ho asɛm wɔ kalenda no so wiei no, na asɛmfua foforo wɔ so a ebinom adwene yɛ wɔn sɛ ɛkyerɛ “nneɛma a wosusuw.” Ebia na ɛno bɛkyerɛ nnɔbae a wosusuw de ma asase wuranom no ne adwumayɛfo anaa mpo nea na wɔde tua tow. Nanso nhomanimfo afoforo te Hebri asɛmfua no ase sɛ “apontow,” na wosusuw sɛ ɛfa Adapɛn Nnapɔnna a na esi wɔ ɔsram Siwan (May/June) mu no ho.—Exodus 34:22.

Asram Abien a Wɔde Twitwa Bobe Ahaban

Nea edi hɔ no, Abijah kyerɛw asram abien a na wɔde twitwa bobe ahaban ho asɛm. So ebetumi aba sɛ ɔboae ma wotwitwaa bobe ahaban a na ayɛ pii no bi gui sɛnea ɛbɛyɛ a owia betumi abɔ bobe aba no so? (Yesaia 18:5) Ɛno akyi no, na bere aso sɛ wɔboaboa bobe aba no ano; adwuma a na mmofra ani gye ho saa bere no. Hwɛ sɛnea na bobe aba a edi kan a abere no bɛyɛ dɛ afa! Ɛbɛyɛ sɛ na Abijah ate akwansrafo 12 a Mose somaa wɔn kɔɔ Bɔhyɛ Asase so no ho asɛm. Wɔkɔhwɛɛ sɛnea na asase no ye fa bere a na bobe aba a edi kan abere no. Saa bere no, na bobe siaw biako sõ araa ma mmarima baanu na wɔsoae!—Numeri 13:20, 23.

Ɔsram Biako a Wɔde Tew Ahohuru Bere Mu Nnuaba

Ahohuru bere mu nnuaba ne ade a etwa to a Abijah kaa ho asɛm wɔ ne kalenda no so. Wɔ aman a na ɛwɔ tete Mediterranea Apuei fam mu no, na wɔtaa twa nnuaba wɔ ahohuru bere mu. Abijah mmere no akyi no, Yehowa de asɛm “nnuaba a abere kyerɛnkyɛ” anaasɛ ahohuru bere mu nnuaba dii dwuma de kyerɛe sɛ ‘awiei no adu ama ne man Israel.’ (Amos 8:2) Ná anka ɛsɛ sɛ eyi kae Israelfo a wɔanni nokware no sɛ wɔn awiei adu, na na bere aso sɛ Yehowa bu wɔn atɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ na borɔdɔma ka ahohuru bere mu nnuaba a na Abijah reka ho asɛm no ho. Ebia na wɔyam ahohuru bere mu borɔdɔma bɔ no atɔw na wodi anaasɛ wɔde tare kuru anaa pɔmpɔ so.—2 Ahene 20:7.

Sɛnea Geser Kalenda no Fa Wo Ho

Ɛbɛyɛ sɛ na Abijah a ɔyɛ abofra no nim ɔman no kuadwuma ho nsɛm. Saa bere no na Israelfo dodow no ara yɛ kuadwuma. Sɛ mpo wunnim kuadwuma ho nsɛm pii a, nsɛm a ɛwɔ abopon yi a efi Geser no so no betumi aboa wo ma woate Bible akenkan ase yiye na woanya so mfaso.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Nsonsonoe kakra wɔ asram a ɛwɔ Geser Kalenda no so ne nea yɛtaa hu wɔ Bible mu no mu. Bio nso, na ɛsono mmere a na wɔde yɛ kuadwuma no bi kakra wɔ Bɔhyɛ Asase no mmeae ahorow ho.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 11]

NEA NSƐM A ƐWƆ GESER KALENDA NO SO BETUMI AKYERƐ:

“Asram a wɔde twa bobe ne ngodua;

asram a wɔde gu aba;

asram a osu tɔ ma sare yɛ frɔmm;

ɔsram a wotwa asaawa;

ɔsram a wotwa atoko;

ɔsram a wotwa awi na wosusuw;

asram a wotwitwa bobe ahaban;

ɔsram a wɔde tew ahohuru bere mu nnuaba.”

[edin:] Abijah *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 41 Egyina Textbook of Syrian Semitic Inscriptions, Volume 1, a John C. L. Gibson, kyerɛw no 1971 no so.

[Asɛm Fibea]

Archaeological Museum of Istanbul

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Mfonini wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

NISAN (ABIB)

March​—April

IYYAR (SIW)

April​—May

SIWAN

May​—June

TAMUS

June​—July

AB

July​—August

ELUL

August​—September

TISHRI (ETHANIM)

September​—October

HESHVAN (BUL)

October​—November

KISLEW

November​—December

TEBET

December​—January

SEBAT

January​—February

ADAR

February​—March

VEADAR

March

[Asɛm Fibea]

Okuafo: Garo Nalbandian

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Fam a wɔatutu wɔ Geser

[Asɛm Fibea]

© 2003 BiblePlaces.com

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Ɔsonkoran dua

[Asɛm Fibea]

Dr. David Darom

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Asaawa dua

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Atoko

[Asɛm Fibea]

U.S. Department of Agriculture