Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Twetiatwa Ɛno Na Ɛma Obi Yɛ Ɔbarima?

Twetiatwa Ɛno Na Ɛma Obi Yɛ Ɔbarima?

 Twetiatwa Ɛno Na Ɛma Obi Yɛ Ɔbarima?

WƆ AMAN pii so no, apɔwmuden ho nsɛm nti na sɛ wɔwo mmabarima a wotwa wɔn twetia. Wɔ aman foforo so nso, amammerɛ nti wontwa mmarima twetia wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. Nnipa bi te sɛ Yudafo ne Nkramofo de, ɛnyɛ apɔwmuden nti na wotwa twetia, na mmom wɔn som na ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa.

Nanso, wɔ aman bi so no, sɛ abarimaa bi nyin bɛyɛ ɔbarima a, wɔyɛ amammerɛ de twa no twetia. Mpɛn pii no, wɔde no kɔ sukuu a wɔkyerɛ amammerɛ wom ma wotwa no twetia wɔ hɔ, na wɔma ɔtra hɔ adapɛn bi kosi sɛ ne kuru no bewu. Bere a abarimaa no wɔ sukuu hɔ nyinaa no, wɔma ɔyɛ amanne pɔtee bi, na wɔkyerɛkyerɛ no ma ɔyɛ n’ade te sɛ ɔbarima. So twetiatwa a ɛte saa ho hia na ama wɔahu sɛ abarimaa bi anyin ayɛ ɔbarima? Ma yensusuw nea Bible ka wɔ sɛnea Onyankopɔn bu adeyɛ a ɛte saa no ho nhwɛ.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Sɛnea Onyankopɔn Bu Twetiatwa

Nnipa bi te sɛ Misrifo a wɔtraa ase tete mmere mu no twaa twetia. Nanso, na ɔman a Abraham fi mu no mufo ntwa twetia. Nokwarem no, wɔ Abraham nkwa nna dodow no ara mu no, na ontwaa twetia. Nanso, saa bere a na Abraham ntwaa twetia no nyinaa no, na ɔyɛ ɔkokodurufo. Ɔde mmarima kakraa bi tiw ahemfo baanan bi ne wɔn asraafo a na wɔafa ne wɔfase Lot dommum no kɔko gyee no. (Genesis 14:8-16) Mfe 14 akyi no, Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ ɔno ne ne fiefo nyinaa ntwa twetia. Dɛn nti na Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ saa?

Ɛda adi pefee sɛ na ɛnyɛ sɛ afei na Abraham anyin ayɛ ɔbarima nti na Onyankopɔn ma otwaa twetia no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Abraham adi mfe 99! (Genesis 17:1, 26, 27) Onyankopɔn kyerɛɛ nea enti a ɔma otwaa twetia no. Ɔkae sɛ: “Muntwitwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho sɛnkyerɛnne.” (Genesis 17:11) Ná Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔnam Abraham so behyira “asase so mmusua nyinaa” no ka apam a ɔne Abraham yɛe no ho. (Genesis 12:2, 3) Enti, wɔ Onyankopɔn ani so no, ɛnyɛ twetiatwa na ɛma obi yɛ ɔbarima. Ná wotwa obi twetia de kyerɛ sɛ ɔyɛ Israelni a ofi Abraham abusua a ‘wɔde Onyankopɔn nsɛm kronkron no ahyɛ wɔn nsa’ no mu.—Romafo 3:1, 2.

Bere bi akyi no, Israelfo no nam Abraham Aseni titiriw a ɔne Yesu Kristo a wɔpoo no no so sɛee saa apam no. Enti, Onyankopɔn poo wɔn, na wɔn twetiatwa no ankyerɛ hwee wɔ Onyankopɔn ani so bio. Nanso, wɔ afeha a edi kan no mu no, Kristofo bi kaa no denneennen sɛ Onyankopɔn da so ara hwehwɛ sɛ wotwa twetia. (Asomafo no Nnwuma 11:2, 3; 15:5) Eyi nti, ɔsomafo Paulo somaa Tito sɛ ‘onkosiesie nea atɔ kyima’ wɔ asafo ahorow no mu no. Paulo Kyerɛw Tito kaa ade biako a na atɔ kyima no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ: “Nnipa pii yɛ asobrakyefo, wɔn a wɔkeka nsɛnhunu na wɔdaadaa nkurɔfo, ne titiriw no wɔn a wɔagye twetiatwa agyina mu no. Ehia sɛ wɔma saa nnipa yi mua wɔn ano, efisɛ wɔkɔ so dan mmusua mũ butuw bere a mfaso bɔne nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ.”—Tito 1:5, 10, 11.

 Paul afotu no da so ara yɛ adwuma nnɛ. Ɛbɛyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia koraa sɛ nokware Kristoni bi bɛka akyerɛ obi sɛ ontwa ne ba twetia. Sɛ́ anka Kristoni bi de ne ho ‘begyigye afoforo nsɛm mu’ no, ɛsɛ sɛ ɔma awofo no ankasa si wɔn gyinae. (1 Petro 4:15) Afei nso, Onyankopɔn maa Paulo kyerɛw twetia a na wotwa wɔ Mose Mmara no ase no ho asɛm sɛ: “Wɔfrɛɛ obi wɔ twetiatwa mu anaa? Ɛnsɛ sɛ ɔdan momonotoni. Wɔfrɛɛ obi wɔ momonoto mu anaa? Ɛnsɛ sɛ wotwa no twetia. Twetiatwa nka hwee, na momonoto nso nka hwee, na nea ehia ne Onyankopɔn ahyɛde sodi. Tebea biara a wɔfrɛɛ obiara wɔ mu no, ɔntra mu.”—1 Korintofo 7:18-20.

Na “Twetiatwa Sukuu Ahorow” no Nso Ɛ?

Na sɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ awofo si gyinae sɛ wobetwa wɔn mmabarima twetia nso ɛ? So wɔn mma a wɔde wɔn bɛkɔ twetiatwa sukuu ahorow a yɛaka ho asɛm no bɛyɛ nea Bible pene so? Ɛnyɛ twetia nkutoo na wotwa wɔn a wɔkɔ sukuu a ɛtete saa no. Sɛ obi kɔ sukuu a ɛtete saa no bi a, ɔne mmarimaa ne akyerɛkyerɛfo a wɔnyɛ Yehowa asomfo bɛbɔ fekuw adapɛn bi. Nneɛma pii a wɔkyerɛkyerɛ wɔ sukuu a ɛtete saa mu no ne nea Bible ka wɔ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn ho no nhyia. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Korintofo 15:33.

Asiane a wɔn a wɔkɔ sukuu ahorow a ɛtete saa hyia no redɔɔso. Wɔ afe 2003 mu no, South African Medical Journal nsɛmma nhoma no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Afe yi mu nso, wɔahu nneɛma a ɛyɛ hu a efi twetiatwa mu ba no bi, na nsɛm ho amanneɛbɔ adwumakuw a agye din aka nnipa a wɔawuwu wom ne wɔn a wɔatwitwa wɔn twetia apirapira wɔn ho nsɛm wɔ wiase nyinaa. . . . Sɛ yɛbɛbɔ no mua a, sukuu ahorow a wɔn na wose sɛ wɔyɛ ‘twetiatwa sukuu’ a ɛwɔ hɔ nnɛ no nka nokware, na wodi awu.”

Wɔ twetia a wotwa pira abarimaa bi akyi no, nea ɛhaw adwene koraa ne abarimaa no ne Onyankopɔn ntam a ebetumi asɛe no. Nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ wɔ twetiatwa sukuu mu ne nneɛma a wɔyɛ wɔ hɔ no bi yɛ ahonhonsɛmdi ne nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛ wotwa nkurɔfo twetia pirapira wɔn a, sɛ́ anka wobegye atom sɛ ɛyɛ mfomso a wodii wɔ twetiatwa no mu anaa nneɛma a ɛho ntew a wɔde yɛɛ ho adwuma no na ɛma ɛbaa saa no, wɔma nnipa pii gye di sɛ ɛyɛ bayi anaa nananom a wɔawuwu a wɔn bo afuw wɔn no na wɔyɛɛ wɔn saa. Bible de ahyɛde ma yɛn wɔ atoro som a yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ mu no ho sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro. Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? . . . ‘Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew’; ‘na megye mo.’” (2 Korintofo 6:14-17) Esiane saa afotu yi nti, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim koraa sɛ awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo de wɔn mmabarima bɛkɔ twetiatwa sukuu.

Dɛn na Ɛma Kristoni Bi Yɛ Ɔbarima?

Sɛ́ Kristoni barima bi atwa twetia anaasɛ ontwaa twetia no, ɛnyɛ ɛno na ɛma ɔyɛ ɔbarima. Nea ehia nokware Kristoni titiriw ne sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛma ‘n’anim aba nyam wɔ honam mu.’—Galatifo 6:12.

Nanso, sɛ Kristoni bi bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ ‘otwa ne koma twetia.’ (Deuteronomium 10:16; 30:6; Mateo 5:8) Ɛnyɛ sekan na wɔde twa koma twetia, mmom no nea ɛkyerɛ ne sɛ obeyi akɔnnɔ bɔne ne ahomaso su te sɛ adwene a nkurɔfo wɔ sɛ sɛ wotwa obi twetia a na ɔsen afoforo no afi hɔ. Sɛ́ Kristoni bi atwa twetia anaasɛ ontwaa twetia no, sɛ ogyina sɔhwɛ ahorow ano, na ogyina “pintinn wɔ gyidi mu” a, obetumi ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔbarima.—1 Korintofo 16:13; Yakobo 1:12.