Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Kyerɛwnsɛm no ma kwan sɛ Kristoni de ne nsa bɛto Bible so aka ntam sɛ ɔbɛka nokware turodoo wɔ asɛnnibea?

Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara si n’ankasa gyinae wɔ asɛm yi ho. (Galatifo 6:5) Nanso, mmara biara nni Bible mu a ɛkasa tia ntam a obi ka sɛ ɔbɛka nokware wɔ asɛnnibea no.

Ntanka yɛ adeyɛ a akɔ so wɔ mmaa nyinaa bere tenten ni. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete mmere mu no, na Helafo no ma wɔn nsa so kyerɛ soro anaasɛ woso afɔremuka mu bere a wɔreka ntam no. Bere a na Romani bi reka ntam no, ɔfaa ɔbo bi too ne nsam kae sɛ: “Sɛ meboapa di atoro, na sɛ [onyame] Jupiter twitwa gye kurow yi ne n’akoban no a, ɛnde ɔmma adepa biara mmɔ me, sɛnea mɛtow ɔbo yi akyene no.”—Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature, a John McClintock ne James Strong yɛe, Po VII, kratafa 260.

Ná adeyɛ a ɛte saa no kyerɛ sɛnea adesamma gye tom sɛ tumi bi a ɛkorɔn wɔ hɔ a otumi hu nea nnipa yɛ ne mfomso a wodi a wobebu akontaa akyerɛ no. Efi tete mmere mu no, Yehowa nokware asomfo ahu sɛ onim nea wɔka na wɔyɛ biara. (Mmebusɛm 5:21; 15:3) Wɔkaa ntam wɔ Onyankopɔn anim, sɛnea yɛbɛka no no, anaasɛ na wɔma odi ebi ho adanse. Sɛ nhwɛso no, Boas, Dawid, Salomo, ne Sedekia yɛɛ saa. (Rut 3:13; 2 Samuel 3:35; 1 Ahene 2:23, 24; Yeremia 38:16) Nokware Nyankopɔn asomfo nso maa afoforo hyɛɛ wɔn ma wɔkaa ntam. Eyi baa saa wɔ Abraham ne Yesu Kristo fam.—Genesis 21:22-24; Mateo 26:63, 64.

Ɛtɔ mmere bi a, na onipa a ɔreka ntam wɔ Yehowa anim no de ne honamdua yɛ biribi si ntam no so dua. Abram (Abraham) ka kyerɛɛ Sodom hene sɛ: “Mema me nsa so mekyerɛ [Yehowa, NW], ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no.” (Genesis 14:22) Ɔbɔfo bi a na ɔrekasa akyerɛ Daniel no ‘maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na ɔkaa Nea ɔte ase daa no ho ntam.’ (Daniel 12:7) Wɔka Onyankopɔn ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so mpo sɛ ɔma ne nsa so wɔ ntanka mu.—Deuteronomium 32:40; Yesaia 62:8.

Mmara biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkasa tia ntanka. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristoni ka ntam de foa asɛm biara a ɔka so. Yesu kae sɛ: ‘Momma mo Yiw nyɛ Yiw, na mo Dabi, nyɛ Dabi.’ (Mateo 5:33-37) Osuani Yakobo kaa asɛm a ɛte saa ara. Bere a ɔkae sɛ “monnka ntam” no, na ɔrekasa atia ntanhunu ka. (Yakobo 5:12) Yesu ne Yakobo mu biara anka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka ntam de akyerɛ sɛ yɛbɛka nokware wɔ asɛnnibea.

Ɛnde, sɛ wɔka kyerɛ Kristoni bi wɔ asɛnnibea sɛ ɔnka ntam mfa nkyerɛ sɛ adanse bi a ɔrebedi yɛ nokware nso ɛ? Ebia ɔbɛte nka sɛ obetumi aka ntam a ɛte saa. Anaasɛ, wobetumi ama no kwan ma wayɛ biribi pɔtee de akyerɛ sɛ ɔrenni atoro.—Galatifo 1:20.

Sɛ asɛnnibea akwankyerɛ hwehwɛ sɛ wobɛma wo nsa so anaasɛ wode bɛto Bible so bere a woreka ntam no a, Kristoni betumi apaw sɛ ɔbɛyɛ saa. Obetumi ama Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛfa honamdua a na wɔde si ntanka so dua ho no atra n’adwenem. Wɔ Kristoni fam no, ade a ehia paa sen honamdua a obi de besi ntanka so dua ne sɛ ɔbɛkae sɛ Onyankopɔn anim na ɔreka ntam sɛ ɔbɛka nokware no. Ntanka a ɛte saa yɛ aniberesɛm. Sɛ Kristoni te nka sɛ obetumi na ɛsɛ sɛ obua asɛmmisa bi a wɔde to n’anim wɔ saa tebea no mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔma ɛtra n’adwenem sɛ waka ntam sɛ ɔbɛka nokware, ade a nokwarem no, Kristoni pɛ sɛ ɔka bere nyinaa no.