Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So eye sɛ yɛbɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu a yɛrenka asɛm bi te sɛ, “wɔ Yesu din mu”?

Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no yɛ saa wɔ Yesu din mu. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” Ɔde kaa ho sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na agya no anya anuonyam ɔba no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.”—Yohane 14:6, 13, 14.

Bere a Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature reka Yesu gyinabea soronko no ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nea mpaebɔ no kɔ ne nkyɛn ne Onyankopɔn nkutoo, denam Yesu so sɛ Ntamgyinafo. Enti, mfaso nni biribiara a wɔsrɛ fi ahotefo anaa abɔfo hɔ so, na ɛyɛ abususɛm nso. Enti ɔsom biara a wɔde ma abɔde, ɛmfa ho sɛnea abɔde no di mũ fa no, yɛ abosonsom a wɔabra no katee wɔ Onyankopɔn mmara kronkron mu.”

Nanso sɛ biribi kɔ yiye ma obi na ɔka sɛ, “Yehowa meda wo ase” na wamfa “wɔ Yesu din mu” anka ho nso ɛ? So eyi bɛyɛ nea ɛfata? Ɛnte saa ankasa. Fa no sɛ Kristoni bi ahyia asiane mpofirim na ɔteɛm sɛ: “Yehowa boa me a”! Ɛremma da sɛ Onyankopɔn bebu n’ani agu ne so esiane sɛ n’akoa anka “wɔ Yesu din mu” nti.

Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, sɛ yɛkasa den kyerɛ Onyankopɔn kɛkɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ mpaebɔ. Sɛ nhwɛso no, bere a wobuu Kain atɛn sɛ wakum ne nua Habel no, ɔkae sɛ: “Me bɔne so ade so kyɛn sɛ metumi masoa. Hwɛ, woapam me nnɛ afi asase so, na mehintaw mafi w’anim, na mayɛ ɔsɛnkyeni ne kobɔfo wɔ asase so, na obiara a obehu me no, obekum me.” (Genesis 4:13, 14) Ɛwom sɛ na Kain ne Yehowa na ɛrekasa de, nanso na ne bɔne a wayɛ no so aba bɔne ho asɛm na ɔreka.

Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan na ɔdom ahobrɛasefo.” Nsɛm bi kɛkɛ a yɛbɛka akyerɛ Ɔsorosoroni no te sɛ nea yɛne onipa bi ara kwa na ɛrekasa no nkyerɛ obu. (Yakobo 4:6; Dwom 47:2; Adiyisɛm 14:7) Sɛ wunim nea Onyankopɔn Asɛm ka fa dwuma a Yesu di ho na sɛ wobɔ mpae na woboapa bu w’ani gu Yesu Kristo so a, ɛno nso renkyerɛ obu.—Luka 1:32, 33.

Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa hwehwɛ sɛ yɛfa ɔkwan pɔtee bi so bɔ mpae. Ade a ɛho hia ankasa ne nea ɛwɔ onipa no koma mu. (1 Samuel 16:7) Wɔ afeha a edi kan Y.B. no, Roma asraafo so panyin Kornelio “de abisade bi too Onyankopɔn anim daa.” Na Kornelio a ɔyɛ momonotoni no nhyiraa ne ho so mmaa Yehowa. Ebetumi aba sɛ wamfa ne mpaebɔ no amfa Yesu din so de, nanso ‘ɛforoo soro kɔyɛɛ nkae wɔ Onyankopɔn anim.’ Dɛn nti? Efisɛ ‘nea ɔhwehwɛ koma mu’ no huu sɛ Kornelio ‘suro Onyankopɔn.’ (Asomafo no Nnwuma 10:2, 4; Mmebusɛm 17:3) Bere a Kornelio nyaa “Yesu a ofi Nasaret” ho nimdeɛ no, onyaa honhom kronkron, na ɔbɛyɛɛ Yesu suani a wɔabɔ no asu.—Asomafo no Nnwuma 10:30-48.

Awiei koraa no, enni nnipa nsam sɛ ɔbɛkyerɛ mpae ko a Onyankopɔn betie. Sɛ ɛtɔ da na sɛ Kristoni bi ka asɛm bi kyerɛ Onyankopɔn na n’ani pa so sɛ ɔde ‘Yesu din mu’ bedi dwuma a, ɛho renhia sɛ ɛhaw no. Yehowa nim yɛn mmerɛwyɛ yiye na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. (Dwom 103:12-14) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ ‘yegye Onyankopɔn Ba no di na sɛ yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.’ (1 Yohane 5:13, 14) Nanso ne titiriw no, sɛ nokware Kristofo gyina afoforo ananmu bɔ mpae wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ wɔkae Honhom fam gyinabea a Yesu wɔ wɔ Yehowa atirimpɔw mu no. Na wofi osetie mu bɔ mmɔden sɛ wobedi Yesu ni denam wɔn mpaebɔ a wɔde fa ne so kɔ Onyankopɔn nkyɛn no so.