Ɔbarima Nhomanimfo

Ɔbarima Nhomanimfo

Ɔbarima Nhomanimfo

“NA ANUANOM, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii, ɛnyɛ atumfo pii, ɛnyɛ adehye pii.” (1 Korintofo 1:26) Sɛnea nsɛm yi kyerɛ no, asiane wɔ wiase nyansa a obi de ne ho bɛhyem kɛse anaasɛ asetram dibea kɛse bi a obenya no mu. Nneɛma a ɛtete saa betumi asiw obi kwan wɔ asɛmpa no a obegye atom ho.​—Mmebusɛm 16:5; Marko 10:25.

Nanso, wɔ Paulo bere so no, wɔn a na wɔyɛ honam fam anyansafo no binom gyee nokware no, na eyinom mu biako ne Paulo ankasa. Ná Paulo a ɔyɛ nhomanimfo kɛse ne obi a ɛte sɛ nea ofi abusua a emu ye mu no yɛ ɔsɛnkafo a ɔyɛ nnam. Ɔnam eyi so kyerɛe sɛ wɔn a wodi yiye wɔ wiase yi mu betumi asom Yehowa, sɛ wɔwɔ koma pa a. Wobetumi de wɔn wiase nimdeɛ no asom Yehowa.​—Luka 16:9.

Tarsoni

Wɔwoo Paulo wɔ Tarso, “kurow a ɛwɔ din,” sɛnea n’ankasa kae akyiri yi no. (Asomafo no Nnwuma 21:39) Ebia ɛhɔ na osuaa kasa horow​—titiriw Hela kasa a na ɔte no yiye​—a ɛho baa no mfaso kɛse wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu no. Ɛnyɛ Yudafo akwan nko na ebia asetra wɔ Tarso maa Paulo hui na mmom Amanaman mufo no amanne nso, osuahu a ɔde dii dwuma akyiri yi sɛ ɔsomafo ma amanaman no. Ná onim sɛnea ɔbɛda nokware no adi wɔ ɔkwan a wobetumi ate ase so. (1 Korintofo 9:21) Sɛ nhwɛso no, susuw ne kasa a ɔma kyerɛɛ Atenefo a wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Asomafo no Nnwuma ti 17 no ho. Ɛhɔ na ofi ahokokwaw mu de nsɛm ahorow kaa Atenefo nyamesom ho asɛm na mpo ɔfaa wɔn anwensɛm kyerɛwfo no biako asɛm kae wɔ nokware no a ɔdaa no adi no mu.

Roma Ɔman Ba

Ná Paulo wɔ wiase no mu ade foforo a ɛboaa no. Ná ɔyɛ Roma ɔman ba, na ɔde eyi nso dii dwuma de maa asɛmpa no kɔɔ so. Wɔ Filipi no, wɔhwee ɔne wɔn a wɔka ne ho no na wɔde wɔn guu afiase a wɔanni wɔn asɛm. Ná etia mmara sɛ wɔde eyi bɛyɛ Roma ɔman ba, na bere a Paulo maa atumfo no huu nokwasɛm yi no, wɔmaa no kwan ma ɔtraa hɔ som asafo no ansa na ɔrefi hɔ akɔ beae foforo.​—Asomafo no Nnwuma 16:37-40.

Akyiri yi bere a Paulo baa Amrado Festo anim no, ɔde Roma ɔmammayɛ hokwan no dii dwuma de n’asɛm no kɔdan Kaesare. Enti, ɔde anoyi mae wɔ asɛmpa no ho wɔ Roma Ahemman no otumfo a ɔsen biara no anim.​—Asomafo no Nnwuma 25:11, 12; Filipifo 1:7.

Paulo suaa adwuma bi a ɛho baa no mfaso akyiri yi. Wɔkyerɛɛ no ntamadan yɛ na ebetumi aba sɛ n’agya na ɔkyerɛɛ no. Esiane eyi nti otumi hwɛɛ ne ho wɔ ɔsom adwuma no mu bere a na onnya sika pii no. (Asomafo no nnwuma 18:1-3) Osuaa nyamesom ho nsɛm kɔɔ akyiri nso. Wɔtetee no sɛ “Farisini ne Farisifo ba.” (Asomafo no Nnwuma 23:6) Ampa, osuaa ade wɔ Gamaliel a na ɔyɛ Yudafo akyerɛkyerɛfo a na wɔagye din kɛse no mu biako no nan ase. (Asomafo no Nnwuma 22:3) Nhomasua a ɛte sɛɛ a ebia nnɛ yebetumi de atoto sukuupɔn mu nhomasua pa ho no ma yehu sɛ ebia na n’abusua no di yiye.

Adwene a Ɛteɛ

Faako a Paulo fi ne ntetee a onyae no ma ɔbɛyɛɛ obi a obetumi adi yiye daakye wɔ Yudasom mu. Ná anka obetumi adu akyiri. Nanso bere a Paulo gye toom sɛ Yesu ne Mesia no, ne botae ahorow no sesae. Bere a ɔrekyerɛw akɔma Filipifo no, ɔkaa hokwan ahorow a na kan ɔwɔ wɔ wiase no mu bi ho asɛm na ɔkae sɛ: “Nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibu no adehwere. Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu hu a ɛkyɛn so no nti.”​—Filipifo 3:7, 8.

Nhomanimfo yi anhwɛ n’akyi amma ne kɔn annɔ nea anka obetumi de ne wiase nhomasua no ayɛ; saara na wamfa ne “nhomanim bebrebe” no ampoopoo afoforo. (Asomafo no Nnwuma 26:24; 1 Korintofo 2:1-4) Mmom no, onyaa Yehowa Nyankopɔn mu gyidi kɛse na ɔkaa ne kan akwanhwɛ ahorow no ho asɛm sɛ: “Mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de. Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonim bo no.” (Filipifo 3:13, 14) Ná honhom mu nneɛma som bo ma Paulo.

Nanso, Paulo de kan ntetee no dii dwuma wɔ Yehowa som mu. Bere a ɔkaa Yudafo no ho asɛm sɛ, “midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de” no, na ofi osuahu mu na ɔrekasa. (Romafo 10:2) Sɛ́ Farisini no, na ɔbɔ Onyankopɔn ne Kyerɛwnsɛm no ho mmɔden. Paulo bɛyɛɛ Kristoni akyi no, ɔde nokware nimdeɛ kaa ne mmɔdenbɔ no ho, na ɔde ne kan nhomasua no dii atirimpɔw a ɛteɛ ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔ Hebrifo nhoma no mu no, ɔde Israelfo abakɔsɛm ne asɔrefi som ho nimdeɛ kɛse a ɔwɔ no dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ sɛnea Kristofo nhyehyɛe no korɔn no mu.

Ɛnnɛ ebinom a wɔyɛ anyansafo wɔ honam fam nso gye asɛmpa no so. Nnipa a wɔwɔ nhomasua mu adansedi nkrataa ahorow nyinaa bi ne wɔn a wonim nnwuma ne nsaanodwuma ahorow nyinaa bi agye nokware no, na wɔde wɔn kan ntetee no adi dwuma wɔ Yehowa som mu. Nanso ɛmfa ho sɛnea Kristofo wiase nhomasua te no, wɔmma wɔn werɛ mfi sɛ ahwehwɛde atitiriw no yɛ honhom mu de. Eyinom ne “nneɛma a eye koraa” no efisɛ ebetumi de yɛn akɔ daa nkwa mu.​—Filipifo 1:10.