Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2 Amane a Yehu No, Yɛn Ankasa Na Yɛakɔfa Abɛto Yɛn Ho So Anaa?

2 Amane a Yehu No, Yɛn Ankasa Na Yɛakɔfa Abɛto Yɛn Ho So Anaa?

Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia

Sɛ yɛn ankasa na yɛakɔfa amanehunu abɛto yɛn ho so a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ, amane a yehu no, yɛn ankasa betumi atew so.

Susuw Wei Ho Hwɛ

Nea edidi so yi ma nnipa hu amane. Yemmisa sɛ, yebetumi de ho sobo nyinaa abɔ nnipa anaa?

  • Ayayade.

    Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) bu akontaa sɛ, wuyi mpanyimfo 4 biara a, wɔn mu 1 de, wɔyɛɛ no ayayade wɔ ne mmofraase. Wuyi mmea 3 biara nso a, wɔn mu 1 de, wɔayɛ no ayayade anaa wɔato no mmonnaa (anaa wɔayɛ no ayayade asan ato no mmonnaa) pɛn.

  • Ɛyaw a Owu De Ba.

    WHO de amanneɛbɔ bi a wɔato din World Health Statistics 2018 too gua. Wɔkaa wom sɛ: “Afe 2016 mu no, wobuu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ 477,000 na wokunkum wɔn wɔ wiase nyinaa.” Wei da nkyɛn a, wobuu akontaa sɛ, nnipa bɛyɛ 180,000 na wokunkum wɔn wɔ akodi mu saa afe no ara.

  • Yare.

    Ɔkyerɛwfo Fran Smith kaa asɛm bi wɔ nsɛmma nhoma bi a wɔato din National Geographic mu. Nea ɔkae ne sɛ: “Nnipa bɛboro ɔpepepem baako na wɔnom sigaret, na sɛ yɛreka nyarewa nnum a ekunkum nnipa paa a, tawa ka nneɛma a ɛde saa nyarewa no ba ho. Nyarewa nnum a ekunkum nnipa paa no ne komayare, yare a ɛma obi fã dwudwo, nyarewa a ɛka nipadua akwaa a ɛboa ma yɛhome, yare bi a ɛka nnipa aharawa (chronic obstructive pulmonary disease), ne kokoram a ɛtɔ aharawa mu.”

  • Nsisi.

    Jay Watts yɛ onimdefo a wasua sɛnea nnipa adwene yɛ adwuma ne sɛnea nnipa yɛ wɔn ade ho ade. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma pii na etumi ma nkurɔfo teetee. Ebinom di hia, wosisi ebinom, na afoforo nso, baabi a wofi nti nkurɔfo bu wɔn animtiaa. Ebinom wɔ hɔ a, wɔyɛ mmea nti, wommu wɔn. Ebinom nso, wɔyɛ mmarima nti wommu wɔn. Ebinom nso akodi nkurɔfo aman so. Akansi a ɛkɔ so wɔ nnwuma mu ne mmeae foforo nso ma nkurɔfo teetee.”

    SUA PII KA HO

    Hwɛ video a wɔato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase? Ɛwɔ jw.org/tw.

Nea Bible Aka

Nnipa ka ho bi paa na amanehunu rekɔ so.

Amane a yehu no, pii fi aban ahorow a wɔhyɛ ɔmanfo so. Nanso aban ahorow a ɛtete saa no ka sɛ, ɔmanfo no nti na wɔwɔ hɔ.

“Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”ƆSƐNKAFO 8:9.

Amane a yehu no, yebetumi atew so.

Bible mu afotusɛm betumi aboa yɛn ama yɛanya apɔwmuden, na ebetumi aboa ama yɛne afoforo ntam ayɛ kama.

“Koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa, na ahoɔyaw yɛ nnompe mu porɔw.”MMEBUSƐM 14:30.

“Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara.”EFESOFO 4:31.