Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 2 2020 | Nsɛmmisa 5 a Ɛfa Amanehunu Ho Ne Ɛho Mmuae

Asiane tumi to obiara. Etumi yɛ yare, akwanhyia, atoyerɛnkyɛm,anaa abɔnefosɛm a nnipa de di wɔn yɔnko nnipa.

Ɛyɛ a nkurɔfo pɛ sɛ wohu nea enti a nsɛm a ɛte saa sisi.

  • Ebinom kyerɛ sɛ amane a yehu no, ɛyɛ yɛn nkrabea, anaa nea ɛto yɛn no, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de asiw kwan.

  • Ebinom wɔ gyidi bi a wɔfrɛ no karma. Wɔkyerɛ sɛ, bɔne bi a yɛyɛe bere bi a atwam na ɛma yehu amane. Afei nso wɔka sɛ, sɛ onipa wu a, wɔsan wo no bio, enti ɛtɔ da a, bɔne bi a yɛyɛe ansa na yɛrewu ama wɔasan awo yɛn na ɛma yehu amane.

Sɛ asiane bi si a, ɛma yɛtaa bisa yɛn ho nsɛm pii.

Nea Ebinom Gye Di

Nea enti a yehu amane no, ɛsono nea ɔsom ahorow ka fa ho. Hwɛ nea wɔn mu binom ka.

1 Onyankopɔn Na Ɔma Yehu Amane Anaa?

Atosɛm a ɔsom ahorow kyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no, wɔde adaadaa nkurɔfo. Dɛn ne nokware no?

2 Amane a Yehu No, Yɛn Ankasa Na Yɛakɔfa Abɛto Yɛn Ho So Anaa?

Sɛ yɛn ankasa na yɛakɔfa amanehunu abɛto yɛn ho so a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ, amane a yehu no, yɛn ankasa betumi atew so.

3 Adɛn Nti Na Nnipa Pa Hu Amane?

Bible boa yɛn ma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae.

4 Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn No, Na Ɔpɛ Sɛ Yehu Amane Anaa?

Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma fɛfɛɛfɛ wɔ wiase no, wohwɛ a, ɔno ara bɛma yɛahu amane anaa? Sɛ ɔrenyɛ saa a, ɛnde amane a yehu no fi he?

5 Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?

Bible ma yehu ɔkwan pɔtee a Onyankopɔn bɛfa so ayi amanehunu afi hɔ.

Wubetumi Anya Mmoa

Ɔhaw ahorow a worefa mu no, sɛ ɛte sɛ nea worentumi nyɛ ho hwee mpo a, baabi wɔ hɔ a wubetumi anya akwankyerɛ pa a ɛbɛboa wo.