Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ wusua sɛ wobɛyɛ adwumaden a, ɛte sɛ nea woreteɛteɛ w’apɔw mu; wubenya so mfaso ɛnnɛ ne daakye

MMABUN

11: Yɛ Obi a Wopɛ Adwuma

11: Yɛ Obi a Wopɛ Adwuma

NEA ƐKYERƐ

Obi a ɔpɛ adwuma no, onguanguan adwuma. Mmom no, n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ adwumaden de ahwɛ ne ho na ɔde bi aboa afoforo. Sɛ anuonyam nni adwuma no mu mpo a, ɔde anigye yɛ.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Yɛpɛ oo, yɛmpɛ oo, abrabɔ mu de, yebenya asɛyɛde bebree. Ɛnnɛ, nnipa bebree mpɛ sɛ wɔbɛte adwumaden ho asɛm, enti sɛ woyɛ obi a wopɛ adwuma a, wunya so mfaso.—Ɔsɛnkafo 3:13.

“Mabehu sɛ, sɛ woyɛ adwumaden a, ɛma w’ani gye na wo koma tɔ wo yam. Saa akomatɔyam yi ama masua sɛ mɛma m’ani agye adwuma ho. Sɛ wode adwempa yɛ adwuma a, ɛbɛma afoforo abɔ wo din pa.”—Reyon.

BIBLE MU ASƐM: “Ɔbrɛ biara mu wɔ mfaso.”—Mmebusɛm 14:23.

NEA WUBETUMI AYƐ

Yɛ nea edidi so yi, na ɛbɛma woanya adwuma ho adwempa.

Sua sɛ wobɛyɛ w’adwuma yiye na ama wo koma atɔ wo yam. Sɛ woreyɛ efie nnwuma oo, woreyɛ sukuu dwumadi bi wɔ fie oo, anaa woreyɛ adwuma de ahwɛ wo ho oo, fa wo ho nyinaa hyɛ nea woreyɛ no mu. Sɛ wuhu adwuma bi yɛ a, hwehwɛ akwan a wubetumi afa so atu mpɔn wom. Hwɛ sɛ wobɛyɛ no ntɛm anaa wobɛyɛ no yiye. Sɛ wutumi yɛ adwuma bi yiye a, w’ani begye pa ara.

BIBLE MU ASƐM: “Woahu onipa a ne ho akokwaw n’adwuma mu? Ahene anim na obegyina; ɛnyɛ onipahunu biara anim na obegyina.”—Mmebusɛm 22:29.

Hu mfaso a ɛwɔ so. Ɛte sɛ nea adwuma biara no, sɛ woyɛ w’asɛde yiye a, afoforo nso nya so mfaso. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ woyɛ efie nnwuma yiye a, woremma w’abusuafo mmrɛ.

BIBLE MU ASƐM: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Yɛ pii sen nea yɛde ahyɛ wo nsa. Sɛ́ anka wobɛyɛ nea yɛde ahyɛ wo nsa nko ara no, yɛ pii sen nea yɛhwehwɛ fi wo hɔ. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ obi nhyɛ wo ansa na woayɛ ade, na mmom wo ara wutumi si gyinae yɛ ade.—Mateo 5:41.

BIBLE MU ASƐM: “Na anyɛ sɛ wo papayɛ no fi ɔhyɛ mu, na mmom w’ankasa wo pɛ mu.”—Filemon 14.

Nyɛ adwuma ntra so. Sɛ obi pɛ adwuma a, ɔnyɛ akwadworɔ, ɛnna ɔnyɛ adwuma nso ntra so. Mmom no, ɔde si n’ani so sɛ ɔbɛyɛ adwumaden sɛnea n’ahoɔden bɛma no kwan, na wanya bere nso ahome.

BIBLE MU ASƐM: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”—Ɔsɛnkafo 4:6.