MMABUN
10: Ma Afoforo Nnye Wo Nni
NEA ƐKYERƐ
Obi a afoforo gye no di no, n’awofo, ne nnamfo ne n’adwumamfo wɔ ne mu ahotoso. Nea ɛkyerɛ ne sɛ odi mmara so, odi ne bɔhyɛ so, na ɔka nokware bere nyinaa.
NEA ENTI A ƐHO HIA
Ɛte sɛ nea tebea biara mu no, bere tenten a wode adi nokware ama yɛanya wo mu ahotoso no na ɛbɛkyerɛ ahofadi a wubenya.
“Ade titiriw a wubetumi ayɛ ma w’awofo agye wo adi ne sɛ, sɛ w’awofo wɔ hɔ oo, wonni hɔ oo, wobɛda no adi sɛ wo ho akokwaw na wutumi di nneɛma ho dwuma yiye.”—Sarahi.
BIBLE MU ASƐM: “Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.”—2 Korintofo 13:5.
NEA WUBETUMI AYƐ
Ebia na wopɛ sɛ afoforo nya wo mu ahotoso pa ara. Ebi nso a, na afoforo ahwere wo mu ahotoso, na wopɛ sɛ wɔsan nya wo mu ahotoso. Ɛnde, nsɛm a edidi so yi betumi aboa wo.
Di nokware. Ade baako a ɛma afoforo hwere ahotoso wɔ yɛn mu ntɛm ne atorodi. Nanso, sɛ woka nokware, titiriw bere a woadi mfomso, na woamfa biribiara ansie a, ɛbɛma afoforo agye wo adi.
“Sɛ biribiara rekɔ so kama a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi nokware. Nanso, sɛ woka nokware na ɛbɛma woasɛ nipabɔnefo mpo a, ɛno bɛma nkurɔfo agye wo adi kɛse.”—Caiman.
BIBLE MU ASƐM: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.
Ma afoforo nnya wo mu ahotoso. Wobisabisaa nkurɔfo a wɔfa nnipa wɔ adwumam nsɛm wɔ U.S. Wokyɛ wɔn mu ɔha a, emu 78 kaa sɛ, “nneɛma atitiriw mmiɛnsa a wɔhwɛ ansa na wɔafa obi wɔ adwumam no, emu baako” ne sɛ wobɛyɛ obi a yɛwɔ wo mu ahotoso. Sɛ wusua sɛ wobɛma afoforo anya wo mu ahotoso seesei a, wunyin a wubenya so mfaso.
“Sɛ midi nneɛma ho dwuma yiye, na mamma m’awofo antaataa me ansa na mayɛ efie nnwuma a, m’awofo hu. Sɛ mekɔ so yɛ m’ade saa a, ɛma wonya me mu ahotoso kɛse.”—Sarah.
BIBLE MU ASƐM: “Mewɔ ahotoso sɛ wubetie, na minim nso sɛ wobɛyɛ aboro nea meka no mpo.”—Filemon 21.
Nya abotare. Sɛ abofra renyin a, yetumi hu no ntɛm sɛ ɔreyɛ tenten na ne ho reyɛ den. Nanso sɛ abofra ho rekokwaw anaa n’adwenem redɔ a, ebegye bere ansa na afoforo ahu.
“Ɛnyɛ ade papa baako pɛ na wobɛyɛ ama w’awofo anaa afoforo agye wo adi. Mmom sɛ wokɔ so yɛ nneɛma pa toatoa so a, nkakrankakra wobegye wo adi.”—Brandon.
BIBLE MU ASƐM: ‘Monhyɛ abodwokyɛre’ anaa abotare.—Kolosefo 3:12.