Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asa, Yehosafat, Hesekia, Yosia

Fa Koma a Edi Mũ Som Yehowa!

Fa Koma a Edi Mũ Som Yehowa!

“O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛnea mede nokwaredi ne koma mũ anantew w’anim.”​—2 AHE. 20:3.

NNWOM: 52, 65

1-3. “Koma a edi mũ” a yɛde bɛsom Yehowa no kyerɛ sɛn? Ma ɛho nhwɛso.

ESIANE sɛ yɛtɔ sin nti, yɛtaa di mfomso. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, sɛ yenu yɛn ho na yɛnam Yesu agyede afɔre no so de gyidi kɔ Yehowa anim ahobrɛase mu a, “ɔnhwɛ yɛn bɔne so” ne yɛn nni. (Dw. 103:10) Ne nyinaa mu no, sɛnea Dawid ka kyerɛɛ Solomon no, sɛ Yehowa ani begye ɔsom a yɛde ma no da biara da no ho a, ɛsɛ sɛ yɛde “koma a edi mũ” som no. (1 Be. 28:9) Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a yɛtɔ sin atumi ayɛ saa?

2 Momma yɛmfa Ɔhene Asa asetena ntoto Ɔhene Amasia de ho nhwɛ. Wɔn baanu nyinaa dii Yuda so hene, na wɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so. Nanso Asa de, ɔde koma a edi mũ na ɛsom Yehowa. (2 Be. 15:16, 17; 25:1, 2; Mmeb. 17:3) Ná saa ahene baanu no nyinaa tɔ sin na wodii mfomso. Nanso Asa de, wamman amfi Onyankopɔn akwan so, efisɛ ɔde “koma a edi mũ” som Onyankopɔn. (1 Be. 28:9) Amasia anyɛ n’ade te sɛ Asa. Ɔno de, wanyi ne yam ansom Yehowa. Bere a Amasia kodii Onyankopɔn atamfo so nkonim no, ɔfaa wɔn anyame kɔɔ ne kurom kɔkotow wɔn.—2 Be. 25:11-16.

3 “Koma a edi mũ” a yɛde bɛsom Onyankopɔn no kyerɛ sɛ yebeyi yɛn yam asom no a yɛrennyae da. Sɛ Bible ka “koma” ho asɛm a, ɛtaa kyerɛ sɛnea obi te ankasa wɔ ne mu. Kyerɛ sɛ, nea n’ani gye ho, ne nsusuwii, ne nneyɛe, ne suban, nea otumi yɛ, nea ɛka no ma ɔyɛ biribi, ne botae a ɔde sisi n’ani so. Enti obi a ɔde ne koma nyinaa som Yehowa no nyɛ nyaatwom wɔ ne som mu. Onipa a ɔte saa nsom Yehowa biarabiara. Yɛn nso ɛ? Ɛwom sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin de, nanso sɛ yɛkɔ so yi yɛn yam som Onyankopɔn na yɛanyɛ nyaatwom a, na ɛkyerɛ sɛ yɛde koma a edi mũ resom Onyankopɔn.—2 Be. 19:9.

4. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

4 Sɛ yesusuw Asa ne Yuda ahene binom te sɛ Yehosafat, Hesekia, ne Yosia a woyii wɔn yam som Onyankopɔn no asetena ho a, yebehu nea koma a edi mũ a yɛde bɛsom Onyankopɔn no kyerɛ ankasa. Ahene baanan no nyinaa dii mfomso, nanso wɔkɔɔ so nyaa Yehowa anim dom. Adɛn nti na Onyankopɔn buu wɔn sɛ nnipa a wɔde koma a edi mũ som no, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn?

ASA KOMA “DII MŨ WƆ YEHOWA HO”

5. Gyinae ahorow bɛn na Asa de akokoduru sisii?

5 Asa ne ɔhene a ɔto so mmiɛnsa a odii Yuda so bere a Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam no tew wɔn ho fii Yuda ho no. Otuu asɔrefie mmarima nguaman no fii asase no so, na oguu abosonsom wɔ ne man no mu. Otuu ne nanabea Maaka mpo fii ade so. Na wamma wanyɛ “ɔbaapanyin bio, efisɛ ɔyɛɛ ohoni huhuuhu bi.” (1 Ahe. 15:11-13) Afei nso, Asa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ “wɔnhwehwɛ Yehowa, . . . na wonni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so.” Nokwasɛm ne sɛ, Asa boa maa nokware som nyaa nkɔso.—2 Be. 14:4.

6. Bere a Etiopiafo baa Yuda so no, dɛn na Asa yɛe?

6 Mfe du a edi kan wɔ Asa ahenni no mu no, Yehowa hyiraa Yuda ma wonyaa asomdwoe. Akyiri yi, Etiopiani Sera de asraafodɔm 1,000,000 ne nteaseɛnam 300 baa Yuda so. (2 Be. 14:1, 6, 9, 10) Dɛn na Asa yɛe wɔ asɛnkɛse a ɛte saa no ho? Ɔbɔɔ mpae de ne ho too Yehowa so koraa. (Kenkan 2 Beresosɛm 14:11.) Onyankopɔn tiee mpae a Asa bɔe no, na ɔmaa Asa dii Etiopia asraafo no so nkonim koraa, na ɔtɔree wɔn ase. (2 Be. 14:12, 13) Yehowa din nti, sɛ ahene bi anni no nokware mpo a, na otumi ma wodi wɔn atamfo so nkonim. (1 Ahe. 20:13, 26-30) Nanso Asa de, ɔde ne ho too Onyankopɔn so, na Yehowa tiee ne mpaebɔ. Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na Asa yɛɛ n’ade nyansam. Sɛ nhwɛso no, akyiri yi, sɛ́ anka ɔbɛhwehwɛ mmoa afi Yehowa hɔ no, ɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii Siria hene hɔ mmom. (1 Ahe. 15:16-22) Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn kae sɛ Asa koma “dii mũ wɔ Yehowa ho ne nna nyinaa.” Yɛbɛyɛ dɛn asuasua nneɛma pa a Asa yɛe no?—1 Ahe. 15:14.

7, 8. Wobɛyɛ dɛn asuasua Asa wɔ ɔsom a wode ma Yehowa no mu?

7 Yɛn mu biara betumi ahwehwɛ ne komam ahwɛ sɛ wayi ne yam resom Onyankopɔn anaa. Bisa wo ho sɛ, ‘Masi me bo sɛ mɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, megyina nokware som akyi, na mabɔ Yehowa nkurɔfo ho ban afi biribiara a ebetumi ama wɔn bra asɛe ho anaa?’ Ná Maaka yɛ “ɔbaapanyin,” anaa ɔbaahemmaa wɔ ɔman no mu. Enti wo de, hwɛ akokoduru paa a na Asa behia ansa na watumi atu Maaka ade so! Ebia wunnim obiara a ne suban te sɛ Maaka. Nanso, ebia tebea bi betumi asɔre a ɛho behia sɛ wusuasua nsi ne ahokeka a Asa de yɛɛ ade no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo busuani anaa w’adamfo paa bi yɛ bɔne na wannu ne ho, na wotu no fi asafo no mu a, dɛn na wobɛyɛ? Wubenya akokoduru atwe wo ho afi saa nipa no ho a worenkɔ so ne no mmɔ bio anaa? Dɛn na wo koma bɛka wo ama woayɛ?

8 Sɛ wuhyia ɔsɔretia ahorow bi a emu bi mpo te sɛ nea ɛboro wo so, na wode wo ho to Onyankopɔn so koraa a, na woreda no adi sɛ wo koma di mũ te sɛ Asa. Esiane sɛ woyɛ Yehowa Dansefo nti, ebia nkurɔfo bedi wo ho fɛw anaa wɔbɛserew wo wɔ sukuu mu. Ebia wobɛsrɛ kwan wɔ adwumam nna bi, na wode saa bere no akɔ nhyiam anaa wode ayɛ nneɛma foforo a ɛfa Onyankopɔn som ho. Anaasɛ bere a wode pɔn adwuma no so a, wontaa nka adwumam nyɛ adwuma (anaa overtime). Wei betumi ama wo mfɛfo adwumayɛfo adidi wo atɛm. Ɛba saa a, bɔ Onyankopɔn mpae sɛnea Asa yɛe no. Nya akokoduru na fa wo ho to Yehowa so. Kɔ so ara yɛ nneɛma a wunim sɛ ɛteɛ na nyansa wom no. Kae sɛ, Onyankopɔn hyɛɛ Asa den, na ɔboaa no. Enti wo nso, ɔbɛhyɛ wo den.

9. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn koma di mũ?

9 Onyankopɔn asomfo nnwen wɔn nkutoo ho. Asa hyɛɛ nokware som ho nkuran. Saa ara na yɛn nso yɛboa nkurɔfo ma ‘wɔhwehwɛ Yehowa.’ Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreka ne ho asɛm akyerɛ yɛn afipamfo ne afoforo a, n’ani gye paa! Ɔdɔ kann a yɛwɔ ma Yehowa ne dwen a yedwen afoforo daakye ho nti na yɛka asɛmpa no.

YEHOSAFAT HWEHWƐƐ YEHOWA

10, 11. Wobɛyɛ dɛn asuasua Yehosafat?

10 Asa ba Yehosafat “nantew ne papa Asa akwan so.” (2 Be. 20:31, 32) Dɛn na ɔyɛe? Yehosafat hyɛɛ nkurɔfo no nkuran ma wɔhwehwɛɛ Yehowa sɛnea ne papa yɛe no. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔde “Yehowa mmara nhoma no” kɔkyerɛkyerɛɛ ne manfo no. (2 Be. 17:7-10) Yehosafat kɔɔ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no mpo mu. Ɔkɔe araa koduu Efraim mmepɔw so ‘sɛ ɔbɛdan nkurɔfo no aba Yehowa nkyɛn.’ (2 Be. 19:4) Yehosafat yɛ ɔhene a “ɔde koma mũ hwehwɛɛ Yehowa.”—2 Be. 22:9.

11 Yɛn nyinaa betumi ayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a Yehowa ama wɔreyɛ no nnɛ no bi. Wode asi w’ani so sɛ bosome biara wode Onyankopɔn Asɛm no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo de akanyan wɔn koma ama wɔabɛsom Onyankopɔn anaa? Sɛ woyere wo ho a, Onyankopɔn bɛboa wo ama woatumi anya obi a wo ne no befi ase asua Bible. Wobɔ biribi a ɛte saa ho mpae anaa? Woayɛ krado sɛ wobɛhwehwɛ obi ne no asua Bible? Sɛ mpo ɛsɛ sɛ wode bere a wode dwudwo wo ho no bi bɔ afɔre a, wobɛyɛ saa anaa? Sɛnea Yehosafat kɔɔ Efraim sɛ ɔrekɔboa nnipa a wɔwɔ hɔ ama wɔasan aba nokware som mu no, saa ara na yɛn nso yebetumi akɔboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no. Afei nso, sɛ wɔn a wɔatu wɔn te asafo bi asasesin mu, na sɛ ebia wɔnte bɔne a na wɔyɛ no mu bio a, asafo mu mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe kɔsra wɔn na wɔboa wɔn.

12, 13. (a) Bere a Yehosafat hyiaa tebea bi a ɛyɛ hu no, dɛn na ɔyɛe? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua Yehosafat na yegye tom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ?

12 Bere a atamfo pii baa Yehosafat so no, osuasuaa ne papa Asa, na ɔkɔɔ so de ne ho too Onyankopɔn so. (Kenkan 2 Beresosɛm 20:2-4.) Ehu kaa Yehosafat! Nanso, “ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa.” Wɔ mpae a ɔbɔe mu no, ofi ahobrɛase mu gye toom sɛ ne nkurɔfo no ‘nni ahoɔden biara a wɔde begyina dɔm kɛse a wɔaba wɔn so no anim.’ Ɔkae sɛ, ɔne ne nkurɔfo no nhu nea wɔnyɛ mpo. Ɔde ne ho too Yehowa so koraa kae sɛ: “Wo na yɛn ani da wo so.”—2 Be. 20:12.

13 Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛtoo Yehosafat no bi betumi ato yɛn ama ebia yɛrenhu nea yɛnyɛ mpo. Ebetumi mpo ama ehu aka yɛn. (2 Kor. 4:8, 9) Nanso kae sɛ, bere a Yehosafat gyinaa ne man anim bɔɔ mpae no, ogye toom sɛ ɔne ne nkurɔfo no nni ahoɔden. (2 Be. 20:5) Sɛ wɔn a wodi wɔn abusua anim ma wɔsom Yehowa no hyia ɔhaw bi a, wobetumi asuasua Yehosafat. Wobetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn akwankyerɛ, na ɔnhyɛ wɔn den mma wontumi nnyina ɔhaw a wɔrehyia no ano. Ɛnsɛ sɛ wofɛre sɛ wobɛka nsɛm a ɛte saa wɔ wo mpaebɔ mu ama w’abusuafo ate. Sɛ wobɔ mpae a ɛte saa a, ɛbɛma w’abusuafo ahu sɛ wode wo ho to Yehowa so. Onyankopɔn boaa Yehosafat, na wo nso, ɔbɛboa wo.

HESEKIA KƆƆ SO YƐƐ NEA ƐTEƐ

14, 15. Dɛn na Hesekia yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho too Onyankopɔn so koraa?

14 Hesekia nso yɛ ɔhene a “ɔbataa Yehowa ho” te sɛ Yehosafat. Ɛwom sɛ na Hesekia papa som abosom de, nanso wansuasua ne papa nneyɛe bɔne no. Hesekia ‘yiyii sorɔnsorɔmmea no, na obubuu abosom adum no pasaa. Otwaa ɔbosom dua no, na obubuu kɔbere ɔwɔ a Mose yɛe no nso pasaa.’ Nea enti a obubuu ɔwɔ a Mose de kɔbere yɛe no ne sɛ, saa bere no na Israelfo no som saa ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ no. Hesekia yii ne yam som Yehowa, efisɛ ‘ɔkɔɔ so dii Yehowa mmara nsɛm a ɔde maa Mose no so.’—2 Ahe. 18:1-6.

15 Bere mpo a Asiria, ɔman a na ɛwɔ tumi sen ɔman biara saa bere no baa Yuda so, na wɔyɛe sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem pasaa no, Hesekia fi ne koma nyinaa mu de ne ho too Yehowa so. Asiria hene Senaherib twaa Yehowa mpoa, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obehunahuna Hesekia sɛnea ɛbɛyɛ a Hesekia de ne ho bɛhyɛ Asiria ase. Nanso Hesekia bɔɔ mpae, na ɔdaa no adi wɔ mpaebɔ no mu sɛ ɔwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde begye wɔn. (Kenkan Yesaia 37:15-20.) Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ no, na ɔsomaa ɔbɔfo bi ma okokunkum Asiriafo 185,000.—Yes. 37:36, 37.

16, 17. Wobɛyɛ dɛn asuasua Hesekia wɔ ɔsom a wode ma Onyankopɔn no mu?

16 Akyiri yi, yare bi bɔɔ Hesekia ma anka ɔreyɛ awu. Hesekia srɛɛ Yehowa sɛ ɔnkae sɛnea wanantew n’anim no. (Kenkan 2 Ahene 20:1-3.) Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ, bere a yɛwom yi nyɛ bere a yebetumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛsa yɛn yare anwonwakwan so, anaasɛ ɔbɛto yɛn nkwa nna mu. Nanso, sɛnea Hesekia yɛe no, yɛn mu biara betumi abɔ Yehowa mpae na yɛaka akyerɛ no sɛ: “Mede nokwaredi ne koma mũ anantew w’anim.” Wugye di sɛ Yehowa betumi awowaw wo ɔyarepa so, na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ saa anaa?—Dw. 41:3.

17 Sɛ yedwinnwen Hesekia asɛm no ho a, ebia yebehu biribi a ɛresɛe yɛne Onyankopɔn ntam anaa ɛmma yentumi mfa yɛn adwene nsi nokware som so a ehia sɛ yeyi fi hɔ. Ɛda adi pefee sɛ, yɛmpɛ sɛ yesuasua nnipa a wɔwɔ wiase no mu no. Wɔn de, wɔnam Intanɛt so nkitahodi (anaa social media) so de nidi a ɛtra so ma nnipa bi ma wɔbɛyɛ te sɛ anyame. Ɛwom, ebia Kristofo binom ani begye ho sɛ wɔbɛfa Intanɛt so dwumadi a ɛte saa so ne wɔn mmusua anaa wɔn nnamfo paa adi nkitaho. Nanso wiase no mu de, nnipa pii de Intanɛt so nkitahodi a ɛte saa no yɛ adwuma tra so. Wobɛhwɛ no, na wɔde wɔn adwene nyinaa di mmarima ne mmea a wonnim wɔn mpo akyi. Anaa wɔsɛe bere pii hwɛ nnipa a wɔte saa no mfonini, anaasɛ wɔkenkan wɔn ho nsɛm. Wei betumi ama nneɛma a ɛho nhia agye wɔn adwene. Sɛ Kristoni bi de nneɛma gu social media so na nnipa pii hwɛ kenkan a, ebetumi mpo ama wayɛ ahomaso. Saa ara nso na sɛ ohu sɛ nnipa pii agyae akyi di a, ebetumi ama ne bo afuw. Wohwɛ a, na ɔsomafo Paulo anaa Akwila ne Priskila benya adagyew da biara da de wɔn mfonini agu Intanɛt so anaa wɔadi nkurɔfo a wɔnsom Yehowa akyi akenkan wɔn ho nsɛm anaa? Bible ma yehu sɛ Paulo “de ne bere nyinaa kaa asɛm no.” Ɛsan ka sɛ, Priskila ne Akwila nso de wɔn bere “kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pefee kyerɛɛ” afoforo. (Aso. 18:4, 5, 26) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mehwɛ yiye sɛ meremfa nidi ntraso mma nnipa na amma wɔammɛyɛ sɛ anyame bi? Bere a anka metumi de ayɛ adepa no, mehwɛ yiye sɛ merensɛe no wɔ nneɛma a ɛho nhia ho anaa?’—Kenkan Efesofo 5:15, 16.

YOSIA KƆƆ SO DII YEHOWA MMARA NSƐM SO

18, 19. Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ de suasua Yosia?

18 Hesekia nanankansowa Ɔhene Yosia nso sii ne bo pintinn ‘de ne koma nyinaa’ dii Yehowa mmara nsɛm so. (2 Be. 34:31) Bere a Yosia da so ara yɛ abarimaa no, ‘ofii ase hwehwɛɛ Dawid Nyankopɔn,’ na bere a odii mfe 20 no, ɔhyɛɛ ase sɛ obetu abosonsom ase afi Yuda. (Kenkan 2 Beresosɛm 34:1-3.) Yosia de nsi ne ahokeka yɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani sen Yuda ahene pii. Nanso, bere a wɔkenkan Mose Mmara a ɛbɛyɛ sɛ Mose ankasa de ne nsa kyerɛwee no kyerɛɛ Yosia no, ohui sɛ ehia sɛ ɔyere ne ho yɛ Onyankopɔn apɛde kosi ase. Ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnsom Yehowa. Enti, Yosia nkwa nna nyinaa, ne manfo no ‘amman amfi Yehowa akyi.’—2 Be. 34:27, 33.

19 Sɛnea Yosia yɛe no, ɛsɛ sɛ mmofra fi ase hwehwɛ Yehowa fi wɔn mmofraase pɛɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Ɔhene Manase a na wanu ne ho wɔ ne bɔne ho no na ɔkaa Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho asɛm kyerɛɛ Yosia. Mmerante ne mmabea, mommɛn anokwafo a wɔn ani afi a wɔwɔ mo abusua mu ne asafo no mu no. Wɔbɛma moahu nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wɔn. Afei nso, monkae sɛ, Kyerɛwnsɛm no a wɔkenkan kyerɛɛ Yosia no na ɛkaa ne koma ma otuu anammɔn. Sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm no a, ebetumi akanyan wo ama woatu anammɔn a ɛbɛma woanya anigye pii na ahyɛ wo ne Onyankopɔn adamfofa mu den. Ɛbɛsan akanyan wo ama woaboa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛhwehwɛ Onyankopɔn. (Kenkan 2 Beresosɛm 34:18, 19.) Sɛ wusua Bible a, ɛno nso betumi aboa wo ama woahu akwan a wobɛfa so anya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ wuhu saa akwan no a, tu ho anammɔn sɛnea Yosia yɛe no.

FA KOMA A EDI MŨ SOM YEHOWA!

20, 21. (a) Ahene baanan a yɛasusuw wɔn ho no, nneɛma bɛn na wɔyɛe a edi nsɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Yɛasusuw Yuda ahene baanan a wɔde koma a edi mũ som Yehowa ho. Woahu mfaso a ɛwɔ so? Wɔde nsi ne ahokeka yɛɛ Onyankopɔn apɛde, na woyii wɔn yam yɛɛ nea Onyankopɔn pɛ. Wɔkɔɔ so yɛɛ Onyankopɔn apɛde. Bere a wohyiaa atamfo a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ hu mpo no, wɔkɔɔ so yɛɛ nea Onyankopɔn pɛ. Nea ɛsen ne nyinaa no, adwempa na wɔde som Yehowa.

21 Sɛnea yebehu wɔ adesua a edi hɔ mu no, ahene baanan a yɛasusuw wɔn ho no nyinaa dii mfomso. Nanso, bere a Onii a ɔhwehwɛ komam no pɛɛpɛɛ wɔn mu no, ohui sɛ wɔn koma di mũ wɔ ne ho. Yɛn nso yɛtɔ sin. Sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn mu a, obehu sɛ koma a edi mũ na yɛde resom no anaa? Yebesusuw saa asɛm no ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.