Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Ahonisom—Dɛn Na Bible Ka?

Ahonisom—Dɛn Na Bible Ka?

 Katolek Nsɛnkyerɛw Adwumakuw (Catholic News Service) no bɔ amanneɛ sɛ, March 25, 2022, bere a wɔreyɛ dwumadi bi wɔ St. Peter’s Basilica no, Pope Francis kogyinaa Maria honi bi anim. Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ, “ɔkataa n’ani, na osii ne ti ase bɔɔ mpae dinn.” Afei “ɔsrɛɛ Maria” sɛ ɔmma asomdwoe mmra. Amanneɛbɔ foforo a efi Vatican News hɔ nso ka kaa ho sɛ, “Pope no bɔɔ mpae sɛ Maria Koma Kronkron no mmɔ adasamma nyinaa ho ban, ɛnkanka Russiafo ne Ukrainefo.”

 Wudwen ho sɛn? Ɛyɛ papa sɛ yegyina ahoni anim bɔ mpae anaa yɛfa ahoni so som Onyankopɔn anaa? Hwɛ nea kyerɛwnsɛm a edidi so yi ka:

  •   “Nyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asaase ase sɛso biara mfa. Nkotow wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn, efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.”—Exodus 20:4, 5. a

  •   “Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, onipa nsa ano adwuma. Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa; wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade; wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua; wɔwɔ nsa, nanso wontumi nso ade mu. Wɔwɔ nan, nanso wontumi nnantew; nnyigyei biara mfi wɔn menewa mu mma. Obiara a ɔyɛ saa ahoni no, ɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara, na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.”—Dwom 115:4-8.

  •   “Mene Yehowa. Me din ne no; me ne obi biara nkyɛ m’anuonyam, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”—Yesaia 42:8, ase hɔ asɛm.

  •   “Munguan mfi abosonsom ho.”—1 Korintofo 10:14.

  •   “Monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.”—1 Yohane 5:21.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa ahoni a nkurɔfo de som Onyankopɔn no ho a, kenkan asɛm a yɛato din, “Bible No Adwene—Ahoni” anaa hwɛ video a yɛato din Ahoni a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu—Onyankopɔn Pene So Anaa?

 Nea Bible ka fa nsɛm a edidi so yi ho no, ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkan:

Photo credit: Vincenzo Pinto/AFP via Getty Images

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?