Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?

Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?

BERE a Roman yɛ abofra no, ne yɔnko berɛbo bi nyaa kar akwanhyia wui. Akyiri yi ɔkae sɛ: “M’adamfo no wu no bubuu me pasaa. Akwanhyia no sii mfe pii akyi no, mibisaa me ho sɛ, sɛ yewu a ɛhe koraa na yɛkɔ?”

Adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ yebebisa saa asɛm no?

Owu nyɛ ade a nnipa gye tom. Enti mmofra oo, mpanyin oo, obiara mpɛ sɛ obewu. Nnipa pii suro baabi a wowu a wɔbɛkɔ.

Mmuae bɛn na ebinom ma?

Nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu a, biribi wɔ ne mu a ɛkɔ so tena ase. Wogye di sɛ nnipa pa benya wɔn akatua wɔ soro, na nipabɔnefo nso, wɔn bɔne nti wɔbɛtwe wɔn aso daa. Ebinom nso wɔ adwene bi sɛ sɛ obi wu a na asa.

Nea wɔreka no, dɛn na ɛkyerɛ?

Nnipa a wokura adwene sɛ obi wu a, biribi wɔ ne mu a ɛkɔ so tena ase no, nea ɛkyerɛ ne sɛ nnipa wu a na wonwui. Wɔn a wɔwɔ adwene sɛ obi wu a na asa no nso, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ nnipa nni botae biara a wɔde te asase yi so. Wɔn a wokura saa adwene no fa no sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara ato hɔ dedaw; enti wɔka sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.

Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ?

Bible nka sɛ, sɛ obi wu a ne ho biribi kɔ so tena ase. Onyankopɔn de honhom kaa Ɔhene Solomon ma ɔkyerɛw sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛnea ɔkae sɛ “wonnim biribiara” no kyerɛ sɛ wonnim nea ɛrekɔ so biara. Wonni atenka na wontumi nyɛ hwee. Enti awufo rentumi mmoa ateasefo anaa wompira wɔn.

Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ nnipa nwu, nanso ɛnte saa koraa. Ɔbɔɔ onipa a odi kan, Adam sɛ ɔntena asase so daa. Bere a Onyankopɔn reka Adam bɔne ho asotwe akyerɛ no no, saa bere no nkutoo na Onyankopɔn kaa owu ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ mma onnni aduaba bi, na afei ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ, sɛ odi bi a, ‘owu na obewu.’  (Genesis 2:17) Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn a, anka wɔne wɔn mma a wobetie Onyankopɔn nyinaa bɛtena asase so daa.

Adam antie Onyankopɔn kɔkɔbɔ no. Bere a wantie Onyankopɔn asɛm no, ɔyɛɛ bɔne, enti owui. (Romafo 6:23) Adam wui no, ne ho biribiara ankɔ so atena hɔ. Mmom bere a owui no, na onni baabiara. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii. Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Esiane sɛ adesamma nyinaa fi Adam mu nti, yenyaa bɔne ne owu fii ne hɔ.—Romafo 5:12.

Ɛwom, Adam anyɛ adepa, nanso Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma Adam asefo ahyɛ asase so ma no, ɔbɛma aba mu. (Genesis 1:28; Yesaia 55:11) Ɛrenkyɛ Yehowa benyan awufo dodow no ara asan aba nkwa mu. Ɔsomafo Paulo kaa saa bere no ho asɛm sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”—Asomafo Nnwuma 24:15.

Roman a yɛafa n’asɛm aka dedaw no suaa Bible, na ohuu nea Bible ka fa owu ho ne nea ɛka fa Yehowa Nyankopɔn nso ho. Nea osuae no ma ɔyɛɛ nsakrae kɛse paa. Kenkan ne ho asɛm wɔ nhoma yi kratafa 11.