Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

3. Ma Afoforo Mmoa Wo

3. Ma Afoforo Mmoa Wo

Nea Ɛbɛboa Wo ma Woate Bible no Ase

3. Ma Afoforo Mmoa Wo

Bere a Edward John Eyre a okyin hwehwɛ nsase so no twaa kwan faa Nullarbor Asasetaw no so no, Aboriginefo a wɔwɔ hɔ no kyerɛɛ no sɛnea wonya nsu fi anhwea a wɔaboaboa ano ne eucalyptus nnua mu. Esiane sɛ Eyre gyee mmoa a wɔn a wonim sɛnea ɛhɔ tebea te no de maa no no nti, awiei koraa no, onyaa ne ti didii mu.

SƐNEA nhwɛso yi ama yɛahu no, mpɛn pii no, sɛ yebetumi ayɛ adwuma bi a ɛyɛ den ma ayɛ yiye a, gye sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi obi a ɔwɔ adwuma no ho osuahu pii nkyɛn. Saa ara na sɛ wufi ase sɛ wobɛkenkan Bible no a, ɛsɛ sɛ woma wɔboa wo.

Yesu anhwɛ kwan sɛ n’akyidifo no betumi ate Bible no ase a obiara mmoa wɔn. Bere bi, “obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” (Luka 24:45) Ná Yesu nim sɛ nnipa a wɔbɛkenkan Bible no behia mmoa na ama wɔate Kyerɛwnsɛm no ase.

Hena Hɔ na Wubetumi Anya Mmoa?

Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo anokwafo no sɛ wɔmmoa afoforo. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔde ahyɛde mae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Kristofo adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ, a nea ɛka ho ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo sɛnea wobetumi de Bible mu asɛm abɔ wɔn bra da biara. Nokware Kristofo boa afoforo ma wɔte Bible no ase.

Bere a Yesu de saa ahyɛde no maa n’akyidifo no, ankyɛ koraa na asɛm bi a ɛyɛ nwonwa sii. Bible no ka Etiopiani piani bi a na ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no fã bi no ho asɛm. Bere a ɔrekenkan no, ohuu asɛm bi a na ɔnte ase. Sɛnea Bible no kyerɛ no, asɛm a na ɔnte ase no kenkan sɛ: “Wɔde no bae sɛ oguan a wɔrebekum no, na sɛnea oguammaa tɔ mum wɔ nea otwitwa ne ho nhwi anim no, wammue n’ano. Bere a wɔbrɛɛ no ase no, wɔammu atɛn amma no. Hena na ɔbɛkyerɛ n’ase? Efisɛ wɔafa ne nkwa afi asase so kɔ.”—Asomafo Nnwuma 8:32, 33; Yesaia 53:7, 8.

Opiani no bisaa Filipo, a ɔyɛ Kristoni a ɔwɔ osuahu na ɔte Kyerɛwnsɛm no ase yiye no sɛ: “Hena na odiyifo no ka ne ho asɛm yi? N’ankasa anaa onipa foforo?” (Asomafo Nnwuma 8:34) Ná Etiopiani komapafo yi adi kan akɔ Yerusalem akɔsom, na na akyinnye biara nni ho sɛ wabɔ mpae ahwehwɛ akwankyerɛ. Ɛda adi sɛ na ofi ahobrɛase mu de anigye rekenkan Kyerɛwnsɛm no. Nanso, na ɔda so ara nte asɛm no ase. Afei, ofi ahobrɛase mu bisaa Filipo hɔ mmoa. Ɔbarima no ani gyee nkyerɛkyerɛmu a Filipo de maa no no ho araa ma ɔbɛyɛɛ Kristoni.—Asomafo Nnwuma 8:35-39.

Yehowa Adansefo akɔ so ayɛ adwuma a Filipo ne tete Kristofo afoforo yɛe no bi. Adansefo no fi wɔn pɛ mu boa afoforo wɔ nsase bɛboro 235 so ma wɔte nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no ase. Wɔnam Kyerɛwnsɛm mu nsɛmti ahorow a wɔne afoforo susuw ho no so na wɔyɛ eyi. Bible adesua a wɔyɛ no nkakrankakra wɔ saa kwan yi so no hwehwɛ sɛ wɔhwehwɛ nea Bible no ka wɔ asɛm pɔtẽẽ bi ho no mu. *​—Hwɛ adaka  “Bible mu Nsɛmmisa Ho Mmuae a Ɛma Akomatɔyam.”

“Minyaa me Nsɛmmisa Nyinaa Ho Mmuae”

Steven, Valvanera, ne Jo-Anne, a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Steven ka sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa sɛ, bere biara a mesusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow anaa nsɛm ahorow bi a esisii ho no, metaa hu ɛho nokwasɛm tẽẽ wɔ Bible no mu. Ansa na merefi ase asua Bible no, na obiara nkyerɛɛ me sɛnea metumi ayɛ saa. Eye paa sɛ mibehui sɛ Bible no nyɛ nhoma a ɛbɔ ne ho abira a ɛsɛ sɛ nkurɔfo gye ho akyinnye.”

Valvanera gye saa asɛm no tom. Ɔka sɛ: “Ntease wɔ biribiara a misuae wɔ Adansefo no hɔ no mu. Ná nea wɔka no nyinaa yɛ nokware. Ná ɛnyɛ sɛ ‘Asɔre no’ aka nti na migye di, na mmom, na wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma.” Jo-Anne ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛne sɛ wofii Bible no mu buaa me nsɛmmisa nyinaa no ma minyaa obu kɛse maa Bible no Kyerɛwfo no, efisɛ na onim sɛ adesamma bebisa nsɛm pii na ɛno nti na ɔde ho mmuae a ɛtɔ asom mae no.”

So wunim Yehowa Dansefo bi? Dɛn nti na wummisa no ma ɔnkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ Bible adesua yi? Sɛ wunnim Yehowa Dansefo biara a, yɛsrɛ wo, kyerɛw kɔ address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 no mu biako. Sɛ wosrɛ Onyankopɔn honhom kronkron, wode adwempa kenkan Bible no, na woma obi a onim Bible no mu yiye boa wo a, ɛrennyɛ den koraa sɛ wobɛte Onyankopɔn Asɛm no ase. Wubetumi ate Bible no ase!—w09 7/1-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Nhoma a aboa nnipa pii ma wɔahwehwɛ nsɛmti ahorow mu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?, a Yehowa Adansefo tintimii no.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 8]

 Bible mu Nsɛmmisa Ho Mmuae a Ɛma Akomatɔyam

Bible mu nsɛmti a Yehowa Adansefo ne afoforo susuw ho bere a wɔne wɔn reyɛ Bible adesua no bi ne:

• Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?

• Ɛhe na awufo wɔ?

• So yɛte “nna a edi akyiri” no mu?

• Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?

• Mɛyɛ dɛn ama m’abusua asetena ayɛ anigye?