Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asafo mu Mpanyimfo, Montete Afoforo

Asafo mu Mpanyimfo, Montete Afoforo

“Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ.”—ƆSƐNKAFOƆ 3:1.

1, 2. Dɛn na amansin so ahwɛfo ahu wɔ asafo pii mu?

ƆMANSIN sohwɛfo ne asafo bi a ɔkɔsomee mu mpanyimfo yɛɛ nhyiam. Bere a nhyiam no reba awiei no, ɔhwɛɛ mpanyimfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden yi anim dinn, na ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn no yɛɛ kɛse. Ná mpanyimfo no bi mfe akɔ anim yiye a wɔne ne papa mpo bɛbɔ tipɛn. Nanso na biribi haw n’adwene paa. Enti ɔbisaa wɔn sɛ, “Anuanom, dɛn na moreyɛ de atete afoforo ma wɔabɛsom sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo?” Ɛmaa mpanyimfo no kaee sɛ bere a atwam a ɔmansin sohwɛfo no bɛsraa wɔn no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnye bere mfa ntete afoforo. Afei ɔpanyin baako kaa sɛ, “Yɛnnii ho dwuma papa biara.” Mpanyimfo a wɔaka no nyinaa gye toom saa.

2 Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, ebia saa na anka wobɛka. Amansin so ahwɛfo ahu sɛ ɛhia sɛ asafo mu mpanyimfo pii gye bere tete anuanom mmerante ne wɔn a wɔn ani afi ma wɔhwɛ asafo no so. Nanso ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ saa. Adɛn nti na ɛte saa?

3. (a) Dɛn na Bible ka a ɛma yɛhu sɛ ɛhia sɛ yɛtete afoforo? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma saa ntetee yi ho hia yɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Dɛn nti na ɛbɛtumi ayɛ den ama mpanyimfo binom sɛ wɔbɛtete afoforo?

3 Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, wonim sɛ ɛho hia sɛ wogye bere tete anuanom. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Wonim sɛ yɛhia anuanom mmarima pii ma waboa asafo no seesei, na saa ara nso na wɔbɛtumi aboa asafo afoforo daakye. (Kenkan Yesaia 60:22.) Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ ‘mokyerɛkyerɛ afoforɔ.’ (Kenkan 2 Timoteo 2:2.) Nanso ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛnya bere ayɛ saa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wowɔ abusua a ɛsɛ sɛ wohwɛ wɔn, na ɛsɛ sɛ woyɛ wo honam fam adwuma nso. Ɛsɛ sɛ wodi asafo no ahiade ahorow bi ho dwuma na wosan yɛ nneɛma foforo a ɛno nso ho hia paa. Esiane sɛ nnwuma pii gu mpanyimfo so nti, ma yɛnhwɛ nea enti a ɛho hia sɛ wɔgye bere tete afoforo.

ƐHO HIA PAA SƐ YƐTETE AFOFORO

4. Ɛtɔ mmere bi a, adɛn nti na mpanyimfo ntete anuanom ntɛm?

4 Dɛn nti na ɛbɛtumi ayɛ den ama mpanyimfo sɛ wɔbɛnya bere atete anuanom? Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ: ‘Nneɛma foforo wɔ asafo no mu a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ mpanyimfo di ho dwuma ntɛm. Enti sɛ mantete afoforo seesei a, ɛrenhaw asafo no.’ Ɛyɛ ampa anaa? Ɛwom, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm. Nanso, sɛ woantete anuanom ntɛm a, wobɛhaw asafo no paa.

5, 6. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi sɛnea ɛsɛ sɛ drɔbani hwɛ ne kar so no mu? Yɛbɛtumi de saa asɛm yi atoto ntetee a ɛsɛ sɛ mpanyimfo de ma asafo no mufo ho sɛn?

5 Momma yɛnsusu asɛm a ɛdi hɔ yi ho nhwɛ. Sɛ drɔbani mpɛ sɛ ne kar sɛe a, ɛsɛ sɛ ɔsesa engine oil bere nyinaa. Nanso ebia ɛbɛyɛ no sɛ ade a ɛho hia paa sɛ ɔde gu kar no mu ne petro, anyɛ saa a kar no ntumi nkɔ. Ebia ɔbɛnya adwene sɛ engine oil no deɛ, ɔnni adagyew nti, ɔbɛsesa no akyiri yi. Na ebia ɔbɛka sɛ, sɛ engine oil nnim koraa a, kar no bɛtumi ayɛ adwuma akɔsi bere bi. Nanso ɔhaw bɛn na ɛbɛtumi de aba? Sɛ bere so sɛ drɔbani no sesa engine oil na wansesa a, ɛrenkyɛ kar no bɛsɛe. Ɛbɛwie ase no, ɔbɛsɛe bere ne sika pii de asiesie kar no. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi asɛm yi mu?

6 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo di nneɛma a ɛho hia ho dwuma ntɛm. Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛbɛhaw asafo no. Sɛnea ɛsɛ sɛ drɔbani de pɛtro gu kar mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso ‘pɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ɛhia koraa no.’ (Filipifoɔ 1:10) Nanso ebia mpanyimfo binom de wɔn ani bɛsi nneɛma a ɛho hia bi so araa ma wɔrennya bere ntete afoforo. Wei bɛyɛ te sɛ nea drɔbani amfa engine oil angu ne kar mu. Sɛ mpanyimfo antete anuanom ntɛm a, ɛrenkyɛ ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛnya anuanom mmarima pii a wɔatete wɔn ma wɔahwɛ asafo no so.

7. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbu mpanyimfo a wɔgye bere tete afoforo no?

7 Ɛnsɛ sɛ woyɛ w’adwene sɛ ntetee ho nhia pii saa. Mpanyimfo a asafo no daakye ho hia wɔn na wɔgye bere tete afoforo no yɛ afiehwɛfo pa, na wɔsom bo ma wɔn nuanom mmarima ne mmaa. (Kenkan 1 Petro 4:10.) Ɛboa asafo no sɛn?

MOMFA MO BERE NNI DWUMA YIYE

8. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo tete afoforo? (b) Adwuma a ɛho hia bɛn na ɛda mpanyimfo a wɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia no so? (Hwɛ adaka a wɔato din,  “Adwuma Bi a Ɛho Hia.”)

8 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw mpo brɛ wɔn ho ase na wɔhu sɛ bere a wɔn mfe rekɔ anim no, wɔrentumi nyɛ pii sɛnea wɔreyɛ seesei no. (Mika 6:8) Afei nso, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu sɛ ‘asiane bɛtumi ato wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan,’ na ɛba saa a ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛdi wɔn asɛyɛde ho dwuma. (Ɔsɛnkafoɔ 9:11, 12; Yakobo 4:13, 14) Esiane sɛ mpanyimfo dɔ Yehowa nkurɔfo na wɔdwene wɔn ho nti, wɔbɔ mmɔden de nneɛma a wɔasua mfe pii no kyerɛkyerɛ mmerante.—Kenkan Dwom 71:17, 18.

9. Asɛm bɛn na ɛbɛsi daakye a enti ɛho hia sɛ yɛtete afoforo?

9 Mpanyimfo a wɔtete afoforo no som bo efisɛ adwuma a wɔyɛ no bɛhyɛ asafo no den. Ntetee a wɔde ma no siesie anuanom mmarima pii ma wɔboa ma baakoyɛ tena asafo no mu, na ɛma wɔkɔ so di nokware ma Onyankopɔn. Wei ho hia wɔ saa bere yi a yɛwɔ nna a ɛdi akyiri mu no, na ɛho bɛhia paa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu nso. (Hesekiel 38:10-12; Mika 5:5, 6) Enti anuanom mpanyimfo, yɛsrɛ mo, monnye bere mfa ntete afoforo. Momfi ase nnɛ.

10. Dɛn na ɔpanyin bi bɛtumi ayɛ na ama wanya bere atete afoforo?

10 Yɛnim sɛ nnwuma pii gu mo so efisɛ moredi asafo no mu nsɛm foforo a ɛho hia ho dwuma. Nanso ɛho bɛhia sɛ mode bere a mode di asafo mu nsɛm ho dwuma no bi tete afoforo. (Ɔsɛnkafoɔ 3:1) Sɛ moyɛ saa a, na mode mo bere redi dwuma yiye, na asafo no bɛnya so mfaso daakye.

SIESIE OSUANI NO KOMA

11. (a) Sɛ yɛhwɛ nsɛm a mpanyimfo a wɔwɔ aman ahorow so ka faa ntetee a wɔde ma afoforo no ho a, dɛn na yɛhu? (b) Sɛnea Mmebusɛm 15:22 ka no, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛsusu nsɛm a mpanyimfo foforo ka ho?

11 Nnansa yi, wɔbisaa mpanyimfo bi a wɔatumi atete anuanom ma wɔreyɛ pii wɔ asafo no mu nea ɛyɛe a wɔtumi yɛɛ saa. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ɛwom sɛ ɛsono mpanyimfo no mu biara asetena mu nsɛm deɛ, nanso wɔn nyinaa maa mmuaeɛ baako. Wei kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn Asɛm a wɔde tete afoforo so wɔ mfaso wɔ “baabiara wɔ asafo biara mu.” (1 Korintofoɔ 4:17) Enti, adesua yi ne nea ɛdi hɔ mu no, yɛbɛsusu nsɛm a saa mpanyimfo no kae no bi ho.—Mmebusɛm 15:22.

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔpanyin bi yɛ ansa na watumi atete obi, na adɛn ntia?

12 Nea ɛdi kan no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no siesie osuani no koma. Adɛn nti na ɛho hia? Sɛnea okuafo siesie n’asase ansa na wagu aba no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin siesie nea ɔpɛ sɛ ɔtete no no koma ansa na watumi akyerɛ no nneɛma foforo. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na ɔpanyin atumi asiesie afoforo koma na watete wɔn? Ɔbɛtumi asuasua odiyifo Samuel a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa no.

13-15. (a) Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnyɛ? (b) Dɛn na Samuel yɛ de siesiee Saul koma maa adwuma foforo a na ɔrebɛyɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (d) Dɛn nti na Bible mu asɛm a ɛfa Samuel ho yi bɛboa mpanyimfo paa nnɛ?

13 Bɛboro mfe 3,000 a atwam no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Samuel a na wabɔ akwakoraa no sɛ: “Ɔkyena saa berɛ yi mɛsoma ɔbarima bi a ɔfiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo na fa no si me man Israel so panin.” (1 Samuel 9:15, 16) Samuel hui sɛ ɔrenkɔ so nni Israel man no anim, na na Yehowa pɛ sɛ ɔsra obi foforo ma ɔdi wɔn anim. Enti nea ɛbɛyɛ na Samuel asiesie saa ɔbarima no adwene ama adwuma foforo no, ɔhuu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na ɔfaa ho adwene.

14 Ade kyee no, Samuel hyiaa Saul, na Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ, ‘Ɔbarima no nie.’ Ntɛm ara, Samuel yɛɛ nea na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no. Ɔsiesiee Saul koma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ne no abɔ nkɔmmɔ. Samuel frɛɛ Saul ne ne somfo ne wɔn kɔdidii. Ɔmaa wɔn baabi pa tenae na ɔyiyii nankum sii wɔn anim. Samuel kaa sɛ: “Di, ɛfiri sɛ wɔde asie ama wo abɛpem berɛ a wɔahyɛ yi.” Bere a wɔdidi wiei no, Samuel too nsa frɛɛ Saul kɔɔ ne fie. Wɔnam kwan so rekɔ no, wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Wɔduu Samuel fie no, wɔforo kɔɔ dan no atifi, na Samuel ne “Saul kasaa wɔ dan atifi” hɔ araa kɔsii sɛ ade sae ma wɔkɔdae. Ade kyee no, Samuel sraa Saul, ɔfee n’ano, na ɔkaa nsɛm pii kyerɛɛ no. Ɛno akyi no, Saul kɔɔ ne kurom kɔtwɛn nea ɛbɛsi.—1 Samuel 9:17-27; 10:1.

15 Samuel sraa Saul maa ɔbɛdii ɔman no anim. Ɛwom, ɛsono sɛ woretete obi ma wabɛdi ɔman bi anim, ɛnna ɛsono sɛ woretete onua bi ma wabɛyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo. Nanso mpanyimfo bɛtumi asua nneɛma pa pii afi sɛnea Samuel siesiee Saul koma no mu. Momma yɛnsusu emu mmienu ho nhwɛ.

AKYERƐKYERƐFO A WƆWƆ KOMA PA NA WƆSAN YƐ NNAMFO PA

16. (a) Bere a Israelfo kaa sɛ wɔpɛ ɔhene no, Samuel tee nka sɛn? (b) Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnsra Saul no, dɛn na ɔyɛe?

16 Monnya koma pa, ɛnsɛ sɛ motwentwɛn mo nan ase. Bere a ɛdi kan a Samuel tee sɛ Israelfo repɛ onipa adi wɔn so hene no, n’abam bui, na ne werɛ howee sɛ wɔapo no. (1 Samuel 8:4-8) Ná Samuel mpɛ sɛ ɔsi wɔn so hene, nanso Yehowa ka kyerɛɛ no mprɛnsa sɛ ɔntie nea wɔreka no. (1 Samuel 8:7, 9, 22) Ɛwom sɛ na Samuel ani nnye nea nkurɔfo no reka no ho deɛ, nanso ne bo amfuw ɔbarima a na ɔrebɛsi n’ananmu adi ɔman no anim no, na anyɛ no yaw nso. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnsra Saul no, Samuel antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔde koma pa tiei, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti na ɔyɛe, mmom na ɔdɔ Yehowa.

Mpanyimfo, ɛmfa ho nnwuma pii a ɛgu mo so no, monnya bere ne wɔn a moretete wɔn no mmɔ

17. Dɛn na mpanyimfo yɛ de suasua Samuel nnɛ, na anigye bɛn na ɛma wɔnya?

17 Ɛnnɛ yɛwɔ mpanyimfo pii a wɔn ho akokwaw, na wɔasuasua Samuel ayi wɔn yam atete afoforo. (1 Petro 5:2) Mpanyimfo a wɔte saa no kyerɛkyerɛ afoforo, na wɔnsuro sɛ wɔde ɔsom hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu bi bɛma afoforo. Mmom no, wɔte nka sɛ anuanom mmarima a ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn no yɛ “mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ” a wɔsom bo. Wɔhu sɛ saa anuanom no bɛboa wɔn ma wɔahwɛ asafo no so. (2 Korintofoɔ 1:24; Hebrifoɔ 13:16) Sɛ mpanyimfo a wɔn yam ye yi hu sɛ wɔn a wɔatete wɔn no de nea wɔasua no reboa Yehowa nkurɔfo a, ɛma wɔn ani gye.—Asomafoɔ Nnwuma 20:35.

18, 19. Ɔpanyin bɛyɛ dɛn asiesie obi a ɔretete no no koma, na dɛn nti na ɛho hia?

18 Yɛ w’ade sɛ adamfo, ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛkɛ. Bere a odiyifo Samuel hyiaa Saul no, na anka ɔbɛtumi ahwie ngo no agu ne tirim amonom hɔ ara asra no. Sɛ ɔyɛɛ no saa a, anka Saul bɛyɛ ɔhene deɛ, nanso na ɔnsiesiee ne ho sɛ ɔbɛdi Onyankopɔn nkurɔfo anim. Mmom, Samuel tɔɔ ne bo ase siesiee Saul koma maa adwuma foforo a na ɔrebɛyɛ no. Ansa na Samuel resra Saul no, wɔboom didii, wɔtuu mpase, wɔbɔɔ nkɔmmɔ pii, na wɔgyee wɔn ahome mpo. Samuel ampere ne ho; ɔtwɛn kɔsii bere a ɛfata ansa na ɔresra ɔhene no.

Sɛ wobɛtete obi a, di kan fa no adamfo (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

19 Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ. Ansa na ɔpanyin bi bɛfi ase atete onuabarima bi no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden fa no adamfo. Nea ɔpanyin bi bɛyɛ ama nea ɔretete no no koma atɔ ne yam no bɛgyina tebea ne ɔman ko a wɔwom so. Nanso ɛmfa ho baabi a wote ne nnwuma pii a ɛgu wo so no, sɛ wonya bere ne nea woretete no no bɔ a, ɛbɛma wahu sɛ ne ho hia wo paa. (Kenkan Romafoɔ 12:10.) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woyi wo yam boa anuanom saa a, wɔn ani bɛsɔ nea woyɛ ma wɔn no paa.

20, 21. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

20 Ɛyɛ ampa sɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa biara ani gye ho sɛ ɔbɛtete afoforo. Nanso ɛsɛ sɛ ɔdɔ onipa a ɔrekyerɛ no ade no nso. (Fa toto Yohane 5:20 ho.) Adɛn nti na wei ho hia? Efisɛ sɛ nea woretete no no hu sɛ wodwene ne ho ampa a, ɔbɛyi ne yam asua ade a worekyerɛ no no. Enti mpanyimfo, mommɔ mmɔden nyɛ mo ade sɛ nnamfo pa na ɛnyɛ sɛ akyerɛkyerɛfo kɛkɛ.—Mmebusɛm 17:17; Yohane 15:15.

21 Sɛ asafo mu panyin siesie obi koma wie a, ɔbɛtumi afi ase atete no. Akwan bɛn na ɔbɛtumi afa so ayɛ saa? Yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.

^ nky. 3 Yɛahyɛ da akyerɛw asɛm yi ne nea ɛdi hɔ no ama asafo mu mpanyimfo. Nanso ɛsɛ sɛ obiara ma ɛyɛ no ahiasɛm. Adɛn ntia? Ɛbɛboa anuanom mmarima nyinaa ma wɔahu sɛ ɛhia sɛ wɔma wɔtete wɔn na ama wɔatumi ayɛ pii wɔ asafo no mu. Sɛ wɔtete anuanom pii wɔ asafo no mu a, obiara bɛnya so mfaso.

^ nky. 11 Saa mpanyimfo no wɔ Australia, Bangladesh, Belgium, Brazil, France, French Guiana, Japan, Korea, Mexico, Namibia, Nigeria, Réunion, Russia, South Africa, ne United States.