Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnkɔ So Nyɛ Yɛn Ho “Ahɔho ne Amamfrafo”

Momma Yɛnkɔ So Nyɛ Yɛn Ho “Ahɔho ne Amamfrafo”

“Mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ ho.”​—1 PET. 2:11.

1, 2. Henanom na Petro kae sɛ “wɔapaw wɔn” no? Dɛn nti na ɔfrɛɛ wɔn “ahɔho ne amamfrafo”?

BERE a Yesu san kɔɔ soro bɛyɛ mfe 30 akyi no, ɔsomafo Petro kyerɛw krataa kɔmaa “amamfrafo a wɔabɔ apete Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia, ne Bitinia, wɔn a wɔapaw wɔn” no. (1 Pet. 1:1) Petro kae sɛ “wɔapaw wɔn” efisɛ na wɔde honhom kronkron asra wɔn ‘awo wɔn foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu’ sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro. (Monkenkan 1 Petro 1:3, 4.) Ɛnde, dɛn nti na akyiri yi ɔfrɛɛ wɔn a wɔapaw wɔn no “ahɔho ne amamfrafo”? (1 Pet. 2:11) Esiane sɛ Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa kakraa bi pɛ na wɔte nka sɛ wɔasra wɔn anaa wɔapaw wɔn nti, Petro asɛm yi fa yɛn ho dɛn?

2 Ná ɛfata sɛ wɔfrɛ tete Kristofo a wɔasra wɔn no “ahɔho ne amamfrafo,” efisɛ ɛnyɛ asase yi so na wɔbɛtena daa. Saa ara na wɔn a wɔasra wɔn nkaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso rentena asase so daa. Ná ɔsomafo Paulo ka “nguankuw ketewa” a wɔasra wɔn no ho, na ɔkae sɛ: “Yɛn de, yɛyɛ ɔman mma wɔ soro, na ɛhɔ nso na yɛretwɛn denneennen sɛ ogyefo, Awurade Yesu Kristo, befi aba.” (Luka 12:32; Filip. 3:20) Eyi kyerɛ sɛ, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no wu a, wofi asase so konya nkwa a owu nnim wɔ soro. (Monkenkan Filipifo 1:21-23.) Esiane sɛ wonni gyina wɔ asase a Satan akɛntɛn so yi so nti, yebetumi afrɛ wɔn “ahɔho ne amamfrafo.”

3. Asɛm bɛn na yebetumi abisa afa “nguan foforo” no ho?

3 “Nguan foforo” no nso ɛ? (Yoh. 10:16) Bible kyerɛ sɛ wɔbɛtena asase yi so daa. Nokwasɛm ni, asase yi bɛyɛ wɔn fie afebɔɔ! Nanso ɔkwan bi so  no, yebetumi afrɛ wɔn nso ahɔho ne amamfrafo. Dɛn ntia?

“ABƆDE NYINAA KƆ SO PENEPENE”

4. Dɛn na wiase atumfoɔ ntumi nsiw ano?

4 Esiane sɛ Satan tew Yehowa so atua nti, mpɛn dodow a wiase bɔne yi wɔ hɔ de, Kristofo ne asase sofo a aka nyinaa bɛkɔ so ahu amane. Romafo 8:22 ka sɛ: “Yenim sɛ abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane besi nnɛ.” Wiase atumfoɔ ne abɔde ho nyansahufo ne wɔn a wɔde wɔn sika yɛ adɔe rentumi nsesa adesamma tebea.

5. Efi afe 1914 reba no dɛn na nnipa mpempem pii ayɛ? Dɛn ntia?

5 Efi afe 1914 reba no, nnipa mpempem pii de wɔn ho abɛhyɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no, Kristo Yesu ase. Wɔn kɔn nnɔ koraa sɛ wɔbɛyɛ Satan wiase yi fã anaa wɔbɛyɛ biribiara de aboa Satan wiase no. Mmom wɔde wɔn nkwa ne wɔn ahode taa Onyankopɔn Ahenni no akyi.—Rom. 14:7, 8.

6. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa Adansefo nyinaa yɛ ahɔho anaa amamfrafo?

6 Yehowa Adansefo yɛ ɔman mma a wodi mmara so wɔ aman bɛboro 200 so. Nanso baabi a wɔwɔ biara wɔte sɛ ahɔho. Wɔmfa wɔn ho nnyigye amanyɔsɛm ne amansɛm biara mu. Ɛnnɛ mpo wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mufo, na ɛyɛ wɔn dɛ sɛ ɛrenkyɛ biara wiase bɔne yi befi hɔ, na wɔrenkɔ so nyɛ ahɔho ne amamfrafo bio.

Ɛnyɛ yɛn de ne sɛ yebegye Satan wiase yi asi yiye. Yɛtaa Onyankopɔn wiase foforo no akyi

7. Ɛhe na Onyankopɔn asomfo bɛtena daa, na ɛbɛyɛ dɛn aba saa?

7 Ɛrenkyɛ Kristo bɛsɛe Satan wiase bɔne yi. Kristo nniso a ɛyɛ pɛ no bɛpra bɔne ne amanehunu nyinaa afi asase so. Bio, Kristo nniso no beyi obiara a ɔsɔre tia Yehowa tumidi afi hɔ korakora. Afei Onyankopɔn asomfo anokwafo bɛtena Paradise asase so daa. (Monkenkan Adiyisɛm 21:1-5.) Saa bere no, abɔde no “benya  ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu” korakora “akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”—Rom. 8:21.

ƐSƐ SƐ NOKWARE KRISTOFO BƆ WƆN BRA DƐN?

8, 9. Bere a Petro kae sɛ Kristofo ‘ntwe wɔn ho mfi ɔhonam akɔnnɔ’ ho no, dɛn na na ɔrekyerɛ?

8 Petro maa Kristofo huu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra. Ɔkae sɛ: “Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra no di asi no ho.” (1 Pet. 2:11) Ɔde saa afotu no maa Kristofo a wɔasra wɔn, nanso ɛfa Yesu nguan foforo no nso ho.

9 Ɛnyɛ akɔnnɔ biara na ɛyɛ bɔne. Sɛ akɔnnɔ no ne Ɔbɔadeɛ no apɛde hyia a, ɛyɛ papa. Akɔnnɔ a ɛte saa ma nnipa ani gye wɔ asetenam. Ɛho nhwɛso bi ni: Mfomso nni ho sɛ yɛn kɔn bɛdɔ aduan ne nsa pa anaa yɛbɛyɛ nneɛma bi de agyigye yɛn ani anaa yɛbɛbɔ fekupa. Bio nso ɛyɛ ne kwan so sɛ obi benya ne kunu anaa ne yere ho akɔnnɔ. (1 Kor. 7:3-5) Nanso nea na Petro reka ho asɛm no fa “ɔhonam akɔnnɔ” a ‘ɛne ɔkra di asi’ ho. Eyi nyɛ akɔnnɔ papa. Enti Bible nkyerɛase bi kyerɛ “ɔhonam akɔnnɔ” ase “akɔnnɔ a ɛmfata” (King James Version) anaa “akɔnnɔ bɔne” (New International Version). Emu da hɔ pefee sɛ nnipa akɔnnɔ biara a ɛne Yehowa atirimpɔw nhyia anaa ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam no yɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛkwati koraa. Sɛ Kristoni di akɔnnɔ a ɛte saa akyi a, ebetumi ama wɔahwere ne kra.

10. Akwan bɛn na Satan fa so sɛ obenya Kristofo ma wɔayɛ wiase no fã?

10 Satan mpɛ sɛ nokware Kristofo bu wɔn ho sɛ wɔyɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ wiase bɔne yi mu. Ɔde adedodowpɛ, ɔbrasɛe, akɛsesɛm, pɛsɛmenkominya, ne ɔman ho dɔ twetwe yɛn, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ eyi nyinaa yɛ afiri a Satan asum. Sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkwati akɔnnɔ bɔne yi a, ɛbɛkyerɛ pefee sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ Satan wiase bɔne yi fã. Bio nso ɛbɛkyerɛ sɛ yebu yɛn ho sɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ wiase yi mu. Nea ɛda yɛn koma so ne sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu.

ABRABƆ PA

11, 12. Adwene bɛn na ebinom wɔ wɔ ahɔho ho? Ebinom bu Yehowa Adansefo dɛn?

11 Petro san kaa biribi a ɛma yehu nea wɔhwehwɛ fi “ahɔho ne amamfrafo” hɔ wɔ 1 Petro 2:12. Ɔkae sɛ: “Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu, na ade a enti wɔkasa tia mo sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔnam mo nnwuma pa a wɔn ankasa yɛ ho adansefo no so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea nneɛma te no.” Sɛ obi kɔtena ɔman bi mu a, na wabɛyɛ ɔhɔho wɔ hɔ, na ɛtɔ da bi a ɔmanfo bɛkeka ne ho nsɛmmɔne. Esiane sɛ ahɔho nneyɛe yɛ soronko nti, nkurɔfo bebu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa bɔne. Ebia wɔn kasa, wɔn ahosiesie, ne wɔn anim hwɛbea mpo bɛyɛ soronko. Nanso sɛ nkurɔfo hu wɔn nnwuma pa anaa wɔn abrabɔ pa a, ɛbɛyɛ den sɛ wobenya biribi agyina so abɔ wɔn dimmɔne.

12 Saa ara na nokware Kristofo nso yɛ soronko wɔ akwan pii so. Wode wɔn toto ɔmanfo ho a, wɔda nsow koraa. Ɛsono nneɛma a wɔbɔ ho nkɔmmɔ ne nneɛma a wɔde gyigye wɔn ani. Sɛ nnipa hwɛ wɔn ntadehyɛ  ne wɔn ahosiesie a, wohu sɛ wɔda nsow. Eyi nti ɛtɔ da bi a ebinom kasa tia Adansefo no. Nanso wɔn abrabɔ pa nti ebinom ka wɔn ho asɛmpa.

13, 14. Sɛ yɛka sɛ “nyansa nam ne nnwuma so di bem” a, ɛkyerɛ dɛn? Ma nhwɛso.

13 Yɛbɔ bra pa a, nkurɔfo rennya nea wobegyina so abɔ yɛn dimmɔne. Yesu nkutoo ne onipa a odii Onyankopɔn nokware pɛpɛɛpɛ. Nanso ɔno mpo nkurɔfo bɔɔ no dimmɔne. Ebinom kae sɛ ɔyɛ “ɔbarima didifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.” Nanso ɔnam n’abrabɔ pa so kyerɛe sɛ nea nkurɔfo reka no nyɛ nokware. Yesu kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mat. 11:19) Saa ara na ɛte nnɛ. Ɛho nhwɛso ni: Nnipa a wɔte bɛn Selters Betel wɔ Germany ka sɛ anuanom a wɔwɔ Betel no de, wɔn nkutoo ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade. Nanso aban panyin a ɔhwɛ kurow no so gyee Betel abusua no ti. Ɔkae sɛ: “Sɛ Adansefo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nneyɛe yɛ soronko mpo a, wɔnyɛ biribiara mfa nhaw afoforo.”

Bible mu nokware aka abusua a wɔwɔ Russia yi abom

14 Nhwɛso foforo ni: Nnipa a wɔwɔ Moscow, Russia, no pii nso nka Yehowa Adansefo ho asɛmpa. Ebinom ka sɛ wɔtetew mmusua ntam, wɔhyɛ afoforo nkuran ma wokum wɔn ho, na wɔyare a wɔmpɛ ayaresa. Nanso June 2010 no, Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So a ɛwɔ Strasbourg, France no kae sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ Moscow mpanyimfo no de wɔn ho begyigye Yehowa Adansefo som mu, na wonni hokwan nso sɛ wɔbara wɔn nhyiam. Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So kae sɛ asɛnnibea a ɛwɔ Russia no antumi ankyerɛ bɔne pɔtee a Adansefo no ayɛ. Europa Asɛnnibea no san kae sɛ ɔkwan a Moscow asɛnnibea no faa so de Moscow mmara katee no dii Yehowa Adansefo asɛm no mfata.

YƐBRƐ YƐN HO ASE MA ATUMFOƆ NO

15. Bible mu asɛm bɛn na nokware Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa di so?

15 Petro kaa asɛm foforo a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Moscow ne wiase nyinaa di so. Otuu Kristofo fo sɛ: “Awurade nti mommrɛ mo ho ase mma nnipa nhyehyɛe nyinaa: sɛ́ ɛyɛ ɔhene a ɔyɛ otitiriw, anaa amradofo.” (1 Pet. 2:13, 14) Nokware Kristofo nyɛ wiase bɔne yi fã, nanso wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ atumfoɔ a ‘Onyankopɔn de wɔn asisi wɔn sibea’ no ase, sɛnea Paulo kae no.—Monkenkan Romafo 13:1, 5-7.

16, 17. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛnsɔre ntia aban? (b) Dɛn na aban mpanyimfo bi ka?

16 Yehowa Adansefo bɔ wɔn bra sɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ wiase  bɔne yi mu. Nanso saa a wɔyɛ no nkyerɛ sɛ wɔsɔre tia aban. Bio nso wɔmfa wɔn ho nnyigye amanyɔsɛm mu na wɔnkasa ntia nea afoforo ka wɔ amammu anaa asetenam nsɛm ho. Asɔre ahorow bi de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu nanso Yehowa Adansefo nyɛ saa. Ɛnyɛ wɔn asɛde sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ aban bi bu ne man. Ɛmpare Yehowa Adansefo sɛ wɔne aban bi bedi asi anaa wɔbɛhyɛ nkurɔfo kutupa ma wɔayɛ saa!

17 Petro kae sɛ ‘yenni ɔhene ni,’ enti Kristofo bu aban mpanyimfo na wodi wɔn ni. (1 Pet. 2:17) Aban mpanyimfo bi mpo ka sɛ Yehowa Adansefo ho nyɛ hu, enti ɛnsɛ sɛ afoforo suro wɔn. Nhwɛso bi ne nea German ɔmanyɔfo bi a wɔfrɛ no Steffen Reiche kae no. Na ɔyɛ ɔsoafo wɔ Brandenburg, Germany, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani. Ɔkae sɛ bere a Nasi aban di Germany so no, wɔde Yehowa Adansefo guu afiase nanso wɔdaa suban pa adi. Bere a wɔretaa wɔn no nyinaa wogyinaa pintinn na wɔansesa wɔn gyidi na wɔyɛɛ wɔn mfɛfo nneduafo mpo adɔe. Ɔpanyin no kae sɛ su a ɛte saa na ɛsɛ sɛ Germanni biara nya, efisɛ ɛnnɛ nnipa pii nni ahɔho ho adwempa, na sɛ obi ne ne yɔnko gyidi nhyia anaa wonni amanyɔkuw biako mu a, na wɔadan atamfo.

ƐSƐ SƐ YƐDƆ YƐN NUANOM

18. (a) Dɛn nti na yɛdɔ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa? (b) Dɛn na ebinom aka afa Yehowa Adansefo ho?

18 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Monnɔ anuanom nyinaa, munsuro Onyankopɔn.” (1 Pet. 2:17) Yehowa Adansefo suro Nyankopɔn na wɔfɛre sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw no. Obu a wɔwɔ ma Onyankopɔn nti, wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde. Ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔne wɔn nuanom mmea ne mmarima a wɔwɔ wiase afanan nyinaa abom resom Yehowa. Enti ‘wɔdɔ anuanom nyinaa.’ Ɔdɔ ho ayɛ na wɔ wiase nnɛ, enti sɛ nkurɔfo a wɔnyɛ Adansefo hu sɛ yɛdodɔ yɛn ho saa a, ɛyɛ wɔn nwonwa. Nhwɛso bi ni: Na ɔbea bi ne Amerika adwumakuw bi a ɛde nkurɔfo tutu akwan yɛ adwuma. Bere a Adansefo no yɛɛ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Germany 2009 no, Adansefo a wɔwɔ Germany yii wɔn yam boaa wɔn nuanom a wofi aman foforo so bae no, na wɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn. Eyi maa ɔbea no ho dwiriw no paa, na ɔkae sɛ efi bere a ofii adwuma no ase no, onhuu biribi a ɛte saa da. Akyiri yi Ɔdansefo biako kae sɛ: “Sɛ wohwɛ anigye a na ɔbea no de reka yɛn ho asɛm a, wuhu sɛ na asɛm no yɛ no nwonwa.” Wonkɔɔ nhyiam ntee sɛ ebinom reka nsɛm a ɛte saa fa Yehowa Adansefo ho pɛn?

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na dɛn ntia?

19 Sɛnea yɛahu no, Yehowa Adansefo ada no adi wɔ akwan pii so sɛ wɔyɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ Satan wiase yi mu ampa. Wɔn ani gye ho sɛ wɔyɛ “ahɔho ne amamfrafo,” na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ara ayɛ saa. Wogye di paa sɛ ɛrenkyɛ koraa wɔbɛtena Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu daa. Saa bere no de, yɛrenyɛ “ahɔho ne amamfrafo” bio. Ɛnyɛ biribi a ɛte saa na worehwɛ kwan anaa?