Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn na ebetumi aboa wo bere a wo dɔfo bi agyae Yehowa som no?

Hyɛ wo ho ne w’abusuafo afoforo a wɔda so resom Yehowa no den. Fa wo ho hyɛ Yehowa som mu yiye. Boa afoforo. Nya awerɛhyem sɛ wo dɔfo no betumi asan aba. Mmu wo ho fɔ. Gye nteɛso a Onyankopɔn de ma no tom, na ka nea ɛhaw wo no ho asɛm kyerɛ wo nnamfo.—9/1, kratafa 18-21.

• Akwan abien bɛn so na Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yehu “nna a edi akyiri” no?

Bible kaa nsɛm a ebesisi wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho asɛm siei. (Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:11) Ɛsan nso kaa sɛnea nnipa a wɔte “nna a edi akyiri mu no” su ne wɔn nneyɛe bɛsesa no ho asɛm. (2 Timoteo 3:1-5) Ne titiriw no, wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa wɔ saa bere yi mu.—9/15, kratafa 4-6.

• Sɛ Kristoni bi reka kar na okonya akwanhyia ma nkurɔfo wuwu a, dɛn na ɛsɛ sɛ asafo no yɛ?

Ebia mpanyimfo a wɔrehwehwɛ asɛm no mu no behu sɛ ofirikafo no nni mogya ho fɔ efisɛ na ɔrentumi nyɛ tebea a ɛmaa akwanhyia no sii no ho hwee. Nanso sɛ ofirikafo no di mogya ho fɔ na sɛ onu ne ho a, wobegyina Kyerɛwnsɛm so aka n’anim na wɔagye ɔsom hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu afi ne nsam.—9/15, kratafa 30.

• Dɛn nti na daa nkwa nnyina nyansahu nkɔanim so?

Nyansahufo reyɛ nhwehwɛmu ahwɛ sɛ wobetumi ato nnipa nkwa mu anaa. Ɔkwan a wɔnam so reyɛ saa ne sɛ wɔbɛma mpɛn dodow a nkwammoaa tumi yɛ wɔn ho foforo no anya nkɔanim anaasɛ wobeyi nipadua mu nkwammoaa bi de ayɛ nipadua akwaa de asi ayarefo a wɔn de asɛe ananmu. Nanso Bible ma yehu sɛ Yesu ogye afɔre no nkutoo na nnipa nam so betumi anya daa nkwa.—10/1, kratafa 3-5.

• So Yudafo amanne kwan so aguare mu na Kristofo asubɔ fi bae?

Dabida. Ná Yudafo no ankasa yɛ amanne de tew wɔn ho, nanso na asu a Yohane bɔ no nte saa. Ahotew ho mmara a na ɛwɔ Mose Mmara no mu no hwehwɛe sɛ obi yɛ no mpɛn pii, nanso Kristofo bɔ asu pɛnkoro.—10/15, kratafa 12-13.

• Dɛn ne Asomfo Ntetee Sukuu no?

Ɛyɛ sukuu a wɔde nnawɔtwe awotwe yɛ ma asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree na wobetumi akɔsom wɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse no. Wobetumi de wɔn akɔ asafo a wofi mu bae mu, ɔman no mu baabi foforo, anaa ɔman foforo so.—11/15, kratafa 10-11.

• Dɛn anaa hena ne nea otia Kristo no a wɔka ho asɛm wɔ 1 Yohane 2:18; 4:3 no?

Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nea “otia Kristo” no mu akɔ akyiri a, ɛfa wɔn a wɔsɔre tia Kristo anaa wɔn a wodi atoro ka sɛ wɔyɛ n’ananmusifo no nyinaa ho. Nsɛm a Yesu ne Yohane nyinaa kae no kyerɛ sɛ nea otia Kristo no nyɛ onipa baako, na mmom nnipa pii na wɔbom yɛ nea otia Kristo no, na wɔnam nyamesom so daadaa nnipa, na wɔpo Onyankopɔn Ahenni no.—12/1, kratafa 4-6.