Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Buronya Bere mu Asomdwoe Bɛtra Hɔ Daa?

Buronya Bere mu Asomdwoe Bɛtra Hɔ Daa?

Buronya Bere mu Asomdwoe Bɛtra Hɔ Daa?

“Anuonyam nka Nyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.”—Luka 2:14.

NNIPA ɔpepem pii nim Yesu awo ho amanneɛbɔ yi a Onyankopɔn abɔfo de kɔmaa nguanhwɛfo a na wɔrehwɛ wɔn nguan anadwo no. Sɛ edu bere a asɔre ahorow no kyerɛ sɛ wɔwoo Yesu no a, nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda suban pa adi. Sɛnea wɔde wɔn adwene si su ahorow a abɔfo no kaa ho asɛm a ɛne anigye, asomdwoe ne adɔeyɛ so no ma wɔtaa ka Buronya ho asɛm sɛ asomdwoe bere.

Anigye a ɛte saa no tumi nya nnipa a wonni Buronya sɛ nyamesom afahyɛ no so nkɛntɛnso. Wɔn nso, wɔkyerɛ ɔdɔ a afahyɛ no ma nkurɔfo da no adi no ho anisɔ. Sɛ sukuufo ne adwumayɛfo tra fie Buronya bere a, ɛma wotumi gye wɔn ahome, wɔne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo nya fekubɔ, na wogye wɔn ani. Nokwarem no, nnipa pii bu Buronya sɛ bere titiriw a wɔde hyɛ Yesu Kristo anuonyam.

Ɛmfa ho sɛnea Buronya ho hia nnipa dodow no ara no, wogye tom sɛ, anigye a afahyɛ no de ba no ntra hɔ nkyɛ. Sɛ etwam a, ɛnkyɛ koraa na wɔasan kɔ wɔn dedaw mu. Asɛm bi a Royal Bank of Canada ma wontintimii no ka sɛ: “Adapɛn kakra wɔ afe biara mu no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no dodow no ara bɔ mmɔden da suban pa adi, na wɔyɛ wɔn mfɛfo nnipa adɔe pii kosi sɛ wobewura Afe Foforo mu. Ɛno akyi no, wɔsan da pɛsɛmenkominya su ahorow no adi na wobu wɔn ani gu afoforo yiyedi so.” Royal Bank krataa koro no ara toa so sɛ, nea “enye wɔ anigye a wɔda no adi” wɔ Buronya bere mu ho ne sɛ, “sɛ etwam a, na anigye no nso asa.”—The Spirit of Christmas.

Sɛ́ ebia wugye eyi tom anaa wunnye ntom no, ɛma nsɛmmisa a ɛho hia yi sɔre. So bere bi bɛba a nnipa betumi ada ayamye adi na wɔate wɔn ho wɔn ho ase? So biribi wɔ hɔ a ebetumi ama yɛanya anidaso sɛ abɔfo no nsɛm a wɔkae anadwo a wɔwoo Yesu no bɛba mu? Anaasɛ asomdwoe ankasa a yɛn ani da so no yɛ nsusuwii hunu bi ara kwa?